Genesis
15 Yeinom akyi no, Yehowa ka kyerɛɛ Abram anisoadehunu+ mu sɛ: “Nsuro,+ Abram. Meyɛ wo kyɛm.+ W’akatua bɛyɛ kɛseɛ paa.”+ 2 Ɛnna Abram kaa sɛ: “Awurade Tumfoɔ Yehowa, ɛdeɛn na wode bɛma me? Seesei menni ba na deɛ ɔbɛfa me fie ne Elieser+ a ɔyɛ Damaskoni.” 3 Abram de kaa ho sɛ: “Hwɛ, wommaa me aseni+ biara, na me fie akoa+ na ɔbɛdi m’adeɛ.” 4 Afei Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛnyɛ saa ɔbarima no na ɔbɛdi w’adeɛ, na mmom deɛ ɔbɛfiri w’asene mu aba na ɔbɛdi w’adeɛ.”+
5 Na ɔde no firii adi na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Mesrɛ wo ma w’ani so hwɛ soro, na sɛ wobɛtumi akan nsoromma+ yi a, kan.” Na ɔkaa sɛ: “Saa ara na w’asefoɔ bɛyɛ.”+ 6 Afei ɔgyee Yehowa diiɛ,+ na ɔbuu no tenenee maa no.+ 7 Afei ɔka kaa ho sɛ: “Mene Yehowa a ɔde wo firi Kaldeafoɔ kuro Ur mu baa sɛ bɛfa asase yi.”+ 8 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Awurade Tumfoɔ Yehowa, ɛdeɛn na mede bɛhunu sɛ ɛbɛyɛ me dea?”+ 9 Afei ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Fa nantwie ba a wadi mfeɛ mmiɛnsa ne abirekyie a wadi mfeɛ mmiɛnsa ne odwennini a wadi mfeɛ mmiɛnsa ne aburuburo ne aborɔnoma ba+ brɛ me.” 10 Ɔde ne nyinaa baeɛ na ɔpaepaee wɔn mu mmienu mmienu na ɔde ɛfã biara too hɔ maa ɛne fã foforɔ dii nhwɛanimu, nanso nnomaa no deɛ, wampaepae wɔn mu.+ 11 Na nnomaa akɛseɛ bɛsisii nam+ no so, na Abram pamoo wɔn.
12 Akyire yi, ɛrekɔ anwummerɛ no, Abram daa hatee+ na esum kabii a ɛyɛ hu duruu no. 13 Afei ɔka kyerɛɛ Abram sɛ: “Hunu sɛ w’asefoɔ bɛkɔ akɔyɛ ahɔhoɔ obi man so+ na wɔasom wɔn, na nkurɔfoɔ no bɛdi wɔn ani mfeɛ ahanan.+ 14 Nanso mɛbu ɔman a wɔbɛsom wɔn no atɛn,+ na wɔde agyapadeɛ bebree bɛfiri hɔ akɔ.+ 15 Wo deɛ, asomdwoeɛ mu na wobɛkɔ w’agyanom nkyɛn, na wobɛdi nna+ ansa na wɔasie wo. 16 Na awoɔ ntoatoasoɔ a ɛtɔ so nnan mu no, wɔbɛsan aba ha,+ ɛfiri sɛ Amorifoɔ bɔne nnya nnuruu ne mpɔmpɔn soɔ.”+
17 Na awia tɔeɛ na esum duruiɛ, na hwɛ, fononoo bi a wisie firi mu ne gyatɛnee a ɛredɛ bɛfaa mmoa a wɔapaepae wɔn mu no ntam.+ 18 Saa da no, Yehowa ne Abram yɛɛ apam,+ na ɔkaa sɛ: “Mede asase yi nyinaa bɛma w’asefoɔ,+ ɛfiri Egypt asubɔnten ho kɔsi asubɔnten kɛseɛ Eufrate ho:+ 19 Kenifoɔ,+ Kenisifoɔ, Kadmonfoɔ, 20 ne Hitifoɔ,+ Perisifoɔ,+ Refaimfoɔ,+ 21 ne Amorifoɔ, Kanaanfoɔ, Girgasifoɔ ne Yebusifoɔ.”+