Genesis
14 Afei berɛ a na Amrafel di Sinar+ soɔ, na Ariok di Elasar soɔ, na Kedolaoma+ di Elam+ soɔ na Tidal di Goiim+ soɔ no, 2 wɔka boom ko tiaa Sodom+ hene Bera, Gomora+ hene Birsa, Adma+ hene Sinab, Seboiim+ hene Semeber, ne Bela (anaa Soar)+ hene. 3 Yeinom nyinaa bɛhyiaa+ Sidim+ Bɔn mu, Nkyene Po no ho.+
4 Wɔsom Kedolaoma mfeɛ dumienu, na afe a ɛtɔ so dumiɛnsa no wɔtee atua. 5 Na afe a ɛtɔ so dunan no Kedolaoma ne ahemfo a wɔka ne ho no kunkum Refaimfoɔ wɔ Asterot-Karnaim,+ Susimfoɔ wɔ Ham, Emimfoɔ+ wɔ Sawe-Kiriataim, 6 ne Horifoɔ+ wɔ wɔn bepɔ Seir+ so, kɔduruu El-Paran+ a ɛwɔ serɛ soɔ no. 7 Na wɔdanee wɔn ani baa En-Mispat a ɛne Kades,+ na wɔdii Amalekfoɔ+ asase nyinaa ne Amorifoɔ+ a wɔtete Hasason-Tama+ so nkonim.
8 Saa berɛ yi Sodom hene, Gomora hene, Adma hene, Seboiim hene, ne Bela (anaa Soar) hene ka boom ne wɔn de sii ani wɔ Sidim+ Bɔn mu. 9 Wɔn a wɔne wɔn koeɛ no ne Elam hene Kedolaoma, Goiim hene Tidal, Sinar hene Amrafel, ne Elasar hene Ariok.+ Ahemfo nnan yi ne nnum no na ɛkoeɛ. 10 Sidim+ Bɔn mu no, na amena pii wɔ hɔ a kootaa+ taataa mu; na Sodom hene ne Gomora hene+ dwane kɔhwee mu, na wɔn a wɔaka no dwane kɔɔ bepɔ so.+ 11 Na wɔfaa biribiara a ɛwɔ Sodom ne Gomora ne wɔn nnuane nyinaa kɔeɛ.+ 12 Wɔfaa Abram nua ba Lot ne n’agyapadeɛ nso kɔeɛ. Saa berɛ no na ɔte Sodom.+
13 Ɛnna wɔn a wɔdwaneeɛ no mu baako kɔbɔɔ Abram a ɔyɛ Hebrini+ no amanneɛ. Saa berɛ no na wasi ne ntomadan wɔ Amorini Mamre+ nnua akɛseɛ no mu. Ná Mamre nuanom Eskol ne Aner+ ne Abram ayɛ apam. 14 Enti berɛ a Abram tee sɛ wɔafa ne nua no dommum no,+ ɔfaa mmarima+ ahasa dunwɔtwe a wɔatete wɔn akodie mu, nkoa a wɔwoo wɔn wɔ ne fie,+ na wɔtĩĩ wɔn kɔduruu Dan.+ 15 Anadwo no, ɔkyɛɛ ne nkoa no mu,+ na wɔto hyɛɛ wɔn so dii wɔn so nkonim, na wɔtĩĩ wɔn ara kɔduruu Hoba a ɛwɔ Damasko atifi. 16 Na ɔgyee nneɛma+ a wɔfaeɛ nyinaa ne mmaa ne nnipa a wɔka ho ne ne nua Lot ne n’agyapadeɛ nso.+
17 Afei berɛ a wadi Kedolaoma ne ahemfo a wɔka ne ho no so nkonim na ɔresan aba no, Sodom hene kɔhyiaa no wɔ Sawe Bɔn a ɛyɛ ɔhene Bɔn+ no mu. 18 Salem hene+ Melkisedek+ a na ɔyɛ Ɔsorosoroni Nyankopɔn+ no sɔfoɔ no brɛɛ no paanoo ne bobesa.+ 19 Na ɔhyiraa no na ɔkaa sɛ:
“Ɔsorosoroni Nyankopɔn,+ ɔsoro ne asase Bɔfoɔ no,+
Nhyira Abram;
20 Na nhyira nka Ɔsorosoroni Nyankopɔn+
A ɔde w’atamfo ahyɛ wo nsa no!”+
Na Abram kyɛɛ biribiara mu du maa no baako.+
21 Ɛno akyi no, Sodom hene ka kyerɛɛ Abram sɛ: “Fa akra no ma me+ na fa nneɛma no.” 22 Ɛnna Abram ka kyerɛɛ Sodom hene sɛ: “Mema me nsa so ka Ɔsorosoroni Yehowa Nyankopɔn, ɔsoro ne asase Bɔfoɔ, no ntam+ 23 sɛ, ɛfiri asaawa so kɔsi mpaboa homa so, meremfa me nsa nka biribiara a ɛyɛ wo deɛ,+ na woanka sɛ, ‘me na memaa Abram nyaa ne ho.’ 24 Mempɛ hwee,+ gye deɛ mmeranteɛ no adie no. Na mmarima a wɔne me kɔeɛ, Aner ne Eskol ne Mamre+ nso, ma wɔmfa wɔn kyɛfa.”+