Genesis
13 Enti Abram firii Egypt kɔɔ Negeb,+ ɔne ne yere ne deɛ ɔwɔ nyinaa, na na Lot ka ne ho. 2 Ná Abram anya nyɛmmoa ne dwetɛ ne sika kɔkɔɔ bebree.+ 3 Afei ɔfirii Negeb dii atutena baa Betel, na ɔkɔɔ baabi a ɔdii kan sii ne ntomadan wɔ Betel ne Ai+ ntam no, 4 bea a ɔdii kan sii afɔrebukyia no,+ na Abram bɔɔ Yehowa din+ wɔ hɔ.
5 Lot a na ɔka Abram ho no nso nyaa nnwan ne anantwie ne ntomadan. 6 Afei na wɔkyere so wɔ asase no so, ɛfiri sɛ na wɔn agyapadeɛ dɔɔso na na wɔnsene so bio.+ 7 Enti akasakasa baa Abram mmoahwɛfoɔ ne Lot mmoahwɛfoɔ ntam; saa berɛ no na Kanaanfoɔ ne Perisifoɔ na wɔte asase no soɔ.+ 8 Ɛnna Abram ka kyerɛɛ Lot+ sɛ: “Mesrɛ wo, mma akasakasa biara mmma me ne wo ntam anaa me mmoahwɛfoɔ ne wo mmoahwɛfoɔ ntam, ɛfiri sɛ yɛyɛ anuanom.+ 9 Hwɛ, ɛnyɛ asase na ɛda w’anim tɛtrɛɛ yi? Mesrɛ wo te wo ho firi me ho. Wofa benkum a, mɛfa nifa; na sɛ wofa nifa a, mɛfa benkum.”+ 10 Ɛnna Lot maa n’ani so hwɛɛ Yordan Mantam no nyinaa+ kɔsii Soar,+ na ɔhunuu sɛ nsuo wɔ hɔ te sɛ Yehowa turo+ ne Egypt asase, ansa na Yehowa rebɛsɛe Sodom ne Gomora. 11 Enti Lot yii Yordan Mantam no nyinaa, na ɔtu kɔtenaa apueeɛ fam. Afei obiara tee ne ho. 12 Abram tenaa Kanaan asase so, na Lot kɔtenaa Yordan Mantam no nkuro mu.+ Akyire yi, ɔkɔsii ne ntomadan wɔ Sodom kurotia. 13 Ná Sodomfoɔ yɛ nnebɔneyɛfoɔ a wɔyɛ atantanneɛ wɔ Yehowa anim.+
14 Akyire yi, berɛ a na Lot ate ne ho no, Yehowa ka kyerɛɛ Abram sɛ: “Mesrɛ wo, gyina baabi a wowɔ no na ma w’ani so hwɛ atifi ne anafoɔ, apueeɛ ne atɔeɛ.+ 15 Asase a w’ani tua yi nyinaa mede bɛma wo ne w’asefoɔ afebɔɔ.+ 16 Na mɛma w’asefoɔ ayɛ sɛ asase so anwea ama enti sɛ obi bɛtumi akan asase so anwea a, ɛnneɛ ɔbɛtumi akan w’asefoɔ nso.+ 17 Sɔre kɔfa asase no so, na hwɛ ne tenten ne ne tɛtrɛtɛ, ɛfiri sɛ wo ara na mede bɛma woɔ.”+ 18 Abram kɔɔ so tenaa ntomadan mu. Akyire yi, ɔkɔtenaa Mamre nnua akɛseɛ+ a ɛwɔ Hebron+ no mu, na ɔsii afɔrebukyia maa Yehowa wɔ hɔ.+