Genesis
12 Na Yehowa ka kyerɛɛ Abram sɛ: “Firi wo man ne w’abusua mu ne w’agya fie kɔ ɔman a mɛkyerɛ woɔ no so;+ 2 na mɛyɛ wo ɔman kɛseɛ, na mɛhyira wo ama wo din ayɛ kɛse; na yɛ nhyira ma afoforɔ.+ 3 Mɛhyira wɔn a wɔhyira woɔ, na mɛdome obiara a ɔdome woɔ,+ na wo nti asase so mmusua nyinaa bɛnya nhyira.”+
4 Ɛnna Abram kɔeɛ sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ no no, na Lot ne no kɔeɛ. Berɛ a Abram firii Haran no na wadi mfeɛ aduɔson nnum.+ 5 Enti Abram faa ne yere Sarai+ ne ne nua ba Lot+ ne wɔn agyapadeɛ+ ne akra a wɔnyaa no Haran nyinaa, na wɔsiim de wɔn ani kyerɛɛ Kanaan+ asase so. Afei wɔkɔduruu Kanaan asase so. 6 Na Abram faa asase no so ara kɔduruu Sekem,+ baabi a ɛbɛn More+ nnua akɛseɛ no; saa berɛ no na Kanaanfoɔ wɔ asase no so. 7 Afei Yehowa yii ne ho adi kyerɛɛ Abram na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Mede asase+ yi bɛma w’asefoɔ.”+ Ɛno akyi no ɔsii afɔrebukyia wɔ hɔ maa Yehowa a ɔyii ne ho adi kyerɛɛ no no. 8 Akyire yi ɔtu firii hɔ kɔɔ Betel+ apueeɛ fam bepɔ so, na ɔsii ne ntomadan; ná Betel wɔ atɔeɛ na Ai+ wɔ apueeɛ. Ɔsii afɔrebukyia wɔ hɔ maa Yehowa+ na ɔfirii aseɛ bɔɔ Yehowa din.+ 9 Afei Abram tuiɛ na ɔdii atutena berɛ a n’ani kyerɛ Negeb.+
10 Ɛkɔm baa asase no so na Abram de n’ani kyerɛɛ Egypt, na ɔkɔyɛɛ hɔhoɔ+ wɔ hɔ, ɛfiri sɛ na ɛkɔm no ano yɛ den asase no so.+ 11 Berɛ a wɔreyɛ aduru Egypt no, ɔka kyerɛɛ ne yere Sarai sɛ: “Mesrɛ wo tie. Menim sɛ woyɛ ɔbaa a wo ho yɛ fɛ.+ 12 Sɛ Egyptfoɔ hu wo a, deɛ wɔbɛka ara ne sɛ, ‘Hwɛ, ne yere nie.’ Na wɔbɛku me na wɔagya wo. 13 Mesrɛ wo ka sɛ woyɛ me nua,+ na asi me yie, na wode agye me kra.”+
14 Na Abram duruu Egypt ara pɛ, Egyptfoɔ no hunuu sɛ ɔbaa no ho yɛ fɛ paa. 15 Farao mpanimfoɔ no nso hunuu no, na wɔkamfoo no kyerɛɛ Farao, enti wɔbɛfaa no kɔɔ Farao fie. 16 Na ne nti, ɔne Abram dii no yie, na ɔnyaa nnwan, anantwie, nkoa, mfenaa, mfunumu ne yoma.+ 17 Afei Yehowa de ɔhaw+ akɛseɛ baa Farao ne ne fie so, Abram yere Sarai+ nti. 18 Ɛnna Farao frɛɛ Abram kaa sɛ: “Ɛdeɛn na woayɛ me yi? Adɛn nti na woanka ankyerɛ me sɛ ɔyɛ wo yere?+ 19 Adɛn nti na wokaa sɛ, ‘Ɔyɛ me nua’?+ Yei nti anka mereware no. Hwɛ, wo yere nie, fa no kɔ!” 20 Na Farao yii nnipa sɛ wɔnhwɛ nnya no kwan, ɔne ne yere ne deɛ ɔwɔ nyinaa.+