Genesis
11 Saa berɛ no na asase sofoɔ nyinaa ka kasa baako na na wɔwɔ nsɛmfua korɔ. 2 Berɛ a wɔde wɔn ani kyerɛɛ apueeɛ no, wɔkɔtoo asasetamaa bi wɔ Sinar+ asase so, na wɔtenaa hɔ. 3 Ɛnna wɔkeka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: “Hwɛ! Momma yɛnyɛ birikisi mfa gya ntõ.” Enti birikisi bɛyɛɛ aboɔ maa wɔn, na wɔde kootaa hyehyɛeɛ.+ 4 Ɛnna wɔsan kaa sɛ: “Hwɛ! Momma yɛnkyekyere kuro kɛseɛ na yɛnto abantenten a n’atifi bɛduru soro,+ na yɛnnye din,+ na yɛammɔ anhwete asase nyinaa so.”+
5 Afei Yehowa bɛhwɛɛ kuro a adasamma rekyekyerɛ ne abantenten a wɔretoɔ no.+ 6 Na Yehowa kaa sɛ: “Hwɛ! Wɔyɛ nnipa baako na wɔka kasa baako,+ na deɛ wɔafiri aseɛ reyɛ nie. Biribiara nni hɔ a wɔpɛ sɛ wɔyɛ a wɔntumi nyɛ.+ 7 Hwɛ! Ma yɛnsiane+ nkɔyɛ+ wɔn kasa basabasa na obiara ante ne yɔnko kasa.”+ 8 Enti Yehowa bɔɔ wɔn hwetee asase so nyinaa,+ na wɔgyaee kuro no kyekyerɛ.+ 9 Yei nti na wɔbɛfrɛɛ hɔ Babel,+ ɛfiri sɛ ɛhɔ na Yehowa yɛɛ asase nyinaa kasa basabasa, na ɛfiri hɔ na Yehowa bɔɔ wɔn hwetee+ asase so nyinaa.
10 Yei ne Sem+ ne n’asefoɔ ho nsɛm.
Sem dii mfeɛ ɔha a ɛyɛ nsuyire no akyi mfeɛ mmienu no, ɔwoo Arfaksad.+ 11 Sem woo Arfaksad no, ɔtenaa ase mfeɛ ahanum. Na ɔwoo mma mmarima ne mma mmaa.+
12 Na Arfaksad dii mfeɛ aduasa nnum no, ɔwoo Sela.+ 13 Arfaksad woo Sela no, ɔtenaa ase mfeɛ ahanan ne mmiɛnsa. Na ɔwoo mma mmarima ne mma mmaa.
14 Na Sela dii mfeɛ aduasa no, ɔwoo Eber.+ 15 Sela woo Eber no, ɔtenaa ase mfeɛ ahanan ne mmiɛnsa. Na ɔwoo mma mmarima ne mma mmaa.
16 Na Eber dii mfeɛ aduasa nnan no, ɔwoo Peleg.+ 17 Eber woo Peleg no, ɔtenaa ase mfeɛ ahanan aduasa. Na ɔwoo mma mmarima ne mma mmaa.
18 Na Peleg dii mfeɛ aduasa no, ɔwoo Reu.+ 19 Peleg woo Reu no, ɔtenaa ase mfeɛ ahanu ne nkron. Na ɔwoo mma mmarima ne mma mmaa.
20 Na Reu dii mfeɛ aduasa mmienu no, ɔwoo Serug.+ 21 Reu woo Serug no, ɔtenaa ase mfeɛ ahanu ne nson. Na ɔwoo mma mmarima ne mma mmaa.
22 Na Serug dii mfeɛ aduasa no, ɔwoo Nahor.+ 23 Serug woo Nahor no, ɔtenaa ase mfeɛ ahanu. Na ɔwoo mma mmarima ne mma mmaa.
24 Na Nahor dii mfeɛ aduonu nkron no, ɔwoo Tera.+ 25 Nahor woo Tera no, ɔtenaa ase mfeɛ ɔha ne dunkron. Na ɔwoo mma mmarima ne mma mmaa.
26 Na Tera dii mfeɛ aduɔson no, ɔwoo Abram,+ Nahor+ ne Haran.
27 Yei ne Tera ne n’asefoɔ ho nsɛm.
Tera woo Abram, Nahor ne Haran; na Haran nso woo Lot.+ 28 Akyire yi Haran wuu wɔ ne papa Tera anim wɔ Ur,+ Kaldeafoɔ+ asase so, baabi a wɔwoo no no. 29 Abram ne Nahor warewareeɛ. Na Abram yere din de Sarai,+ na Nahor nso yere din de Milka+ a ɔyɛ Haran babaa. Na Milka ne Iska papa ne Haran. 30 Na Sarai yɛ obonini+ a ɔnni ba.
31 Akyire yi Tera ne ne ba Abram ne Haran ba Lot a ɔyɛ ne nana+ ne n’ase Sarai+ a ɔyɛ ne ba Abram yere firii Ur a ɛwɔ Kaldea kɔɔ Kanaan+ asase so. Wɔkɔduruu Haran+ no, wɔtenaa hɔ. 32 Mfeɛ a Tera diiɛ nyinaa yɛ ahanu ne nnum, na ɔwuu wɔ Haran.