Genesis
10 Yei ne Noa mma mmarima+ Sem, Ham ne Yafet asefoɔ ho nsɛm.
Nsuyire no akyi no, wɔnyaa mma mmarima.+ 2 Yafet mma ne Gomer,+ Magog,+ Madai,+ Yawan,+ Tubal,+ Mesek+ ne Tira.+
3 Na Gomer mma ne Askenas,+ Rifat+ ne Togarma.+
4 Yawan mma ne Elisah,+ Tarsis,+ Kitim+ ne Dodanim.+
5 Yeinom mu na nsuano aman firi hwetee wɔn nsase soɔ, sɛdeɛ obiara kasa, n’abusua, ne ne man teɛ.
6 Na Ham mma ne Kus,+ Misraim,+ Put+ ne Kanaan.+
7 Kus mma ne Seba,+ Hawila, Sabta, Raama+ ne Sabteka.
Na Raama mma ne Saba ne Dedan.+
8 Kus woo Nimrod.+ Ɔno na ɔbɛyɛɛ otumfoɔ a ɔdi kan wɔ asase soɔ. 9 Ɔyɛɛ ne ho ɔbɔmmɔfoɔ kɛseɛ, na ɔsɔre tiaa Yehowa. Enti ɛbɛyɛɛ asɛm a wɔtaa ka sɛ: “Te sɛ ɔbɔmmɔfoɔ kɛseɛ Nimrod a ɔsɔre tiaa Yehowa.”+ 10 N’ahennie mfitiaseɛ ne Babel,+ Erek,+ Akad ne Kalne wɔ Sinar+ asase so. 11 Ɔfiri saa asase no so kɔɔ Asiria+ kɔkyekyeree Niniwe+ ne Rehobot-Ir ne Kala, 12 ne Resen a ɛwɔ Niniwe ne Kala ntam no: Yei ne kuro kɛseɛ no.
13 Misraim+ woo Ludim,+ Anamim, Lehabim, Naftuhim,+ 14 ne Patrusim,+ Kasluhim+ (a wɔn asefoɔ ne Filistifoɔ),+ ne Kaftorim.+
15 Na Kanaan woo Sidon+ a ɔyɛ ne ba panin, ne Het,+ 16 ne Yebusifoɔ,+ Amorifoɔ,+ Girgasifoɔ 17 ne Hiwifoɔ,+ Arkifoɔ, Sinfoɔ, 18 ne Awadfoɔ,+ Semarifoɔ, ne Hamatfoɔ.+ Na ɛno akyi no, Kanaanfoɔ mmusua bɔ hwetee. 19 Na Kanaan ahyeɛ firi Sidon ara de kɔ Gerar,+ a ɛbɛn Gasa,+ na ɛkɔ ara kɔsi Sodom ne Gomora+ ne Adma+ ne Seboiim+ a ɛbɛn Lasa. 20 Yeinom ne Ham mma, sɛdeɛ wɔn mmusua, wɔn kasa, wɔn nsase, ne wɔn aman teɛ.
21 Na Sem a ɔyɛ Eber+ mma nyinaa nana a ne nua panin ne Yafet no nso nyaa mma. 22 Sem mma ne Elam,+ Asur,+ Arfaksad,+ Lud ne Aram.
23 Na Aram mma ne Us, Hul, Geta ne Mas.+
24 Arfaksad woo Sela,+ na Sela nso woo Eber.
25 Eber nyaa mma mmienu. Baako din de Peleg,*+ ɛfiri sɛ ne berɛ so na wɔkyekyɛɛ asase mu.+ Na ne nua a ɔka ho no nso din de Yoktan.+
26 Yoktan woo Almodad, Selef, Hasarmawet, Yera+ 27 ne Hadoram, Usal, Dikla+ 28 ne Obal, Abimael, Saba+ 29 ne Ofir,+ Hawila+ ne Yobab.+ Yeinom nyinaa yɛ Yoktan mma.
30 Na baabi a wɔteɛ no firi Mesa kɔsi Sefar, apueeɛ fam bepɔ so.
31 Yeinom ne Sem mma, sɛdeɛ wɔn mmusua, wɔn kasa, wɔn nsase, ne wɔn aman teɛ.+
32 Yeinom ne Noa mma no mmusua sɛdeɛ wɔn anatoɔ ne wɔn aman teɛ, na nsuyire no akyi no, wɔhwete bɛyɛɛ amanaman wɔ asase so nyinaa.+