Genesis
9 Na Onyankopɔn hyiraa Noa ne ne mma na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monwo na monnɔɔso na monhyɛ asase so mã.+ 2 Na mo ho hu ne mo ho suro nkɔ so nka asase so mmoa nyinaa, ewiem ntuboa nyinaa, mmoa a wɔwea fam nyinaa, ne ɛpo mu mpataa nyinaa, na wɔnsuro mo. Mede wɔn nyinaa ahyɛ mo nsa.+ 3 Mmoa a wɔte aseɛ nyinaa nyɛ aduane mma mo.+ Mede ne nyinaa ama mo sɛdeɛ mede nhahan mono maa mo no.+ 4 Honam ne ne kra,+ kyerɛ sɛ, ne mogya,+ nko ara na monnnie.+ 5 Na mo kra mogya nso, mɛbisa. Mɛbisa no aboa biara nsam, na mɛbisa no onipa nso nsam; obi nua mpo mɛbisa ne kra ne nsam.+ 6 Obiara a ɔka onipa mogya guo no, onipa so na wɔnam bɛka ne mogya aguo,+ ɛfiri sɛ Onyankopɔn bɔɔ onipa wɔ ne suban so. 7 Na mo deɛ, monwo nyɛ bebree, na monyɛ manyamanya asase so+ baabiara.”
8 Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa ne ne mma a wɔka ne ho no sɛ: 9 “Afei me ne mo reyɛ apam,+ mo ne mo asefoɔ a wɔbɛdi mo akyi aba,+ 10 ne ɔkra biara a ɔka mo ho, nnomaa, wuram mmoa, ne asase so mmoa nyinaa, ɛfiri wɔn a wɔfiri adaka no mu nyinaa so kɔsi asase so mmoa nyinaa soɔ.+ 11 Aane, me ne mo reyɛ apam yi: Meremma nsuo nyiri mfa honam nyinaa bio, na meremma nsuo nyiri nsɛe asase bio.”+
12 Onyankopɔn de kaa ho sɛ: “Yei na ɛbɛyɛ me ne mo ne ɔkra biara a ɔka mo ho no ntam apam no ho sɛnkyerɛnne+ de akɔsi awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so. 13 Mede me nyankontɔn+ bɛsi mununkum mu na ayɛ apam a me ne asase ayɛ no ho sɛnkyerɛnne. 14 Na sɛ mede mununkum ba asase so a, nyankontɔn bɛpue mununkum no mu. 15 Na mɛkae m’apam+ a ɛda me ne mo ne ɔkra a ɔte aseɛ+ biara ntam no, na nsuo renyiri nsɛe honam nyinaa bio.+ 16 Nyankontɔn no bɛba mununkum no mu,+ na mɛhwɛ akae daa apam+ a Onyankopɔn ne ɔkra biara a ɔte asase soɔ ayɛ no.”+
17 Na Onyankopɔn tĩĩ mu kyerɛɛ Noa sɛ: “Yei na ɛbɛyɛ apam a me ne honam a ɛwɔ asase soɔ nyinaa ayɛ no ho sɛnkyerɛnne.”+
18 Noa mma+ a wɔfiri adaka no mu pueeɛ ne Sem, Ham ne Yafet. Akyire yi Ham woo Kanaan.+ 19 Yeinom ne Noa mma mmiɛnsa no, na wɔn mu na asase so nnipa nyinaa firi hweteeɛ.+
20 Afei Noa bɛyɛɛ okuafoɔ+ na ɔyɛɛ bobeturo.+ 21 Na ɔnom bobesa no bi, na ɔboroeɛ,+ enti berɛ a ɔda ne ntomadan mu no, na ne ho apa. 22 Ɛnna Kanaan papa Ham+ kɔhunuu sɛ ne papa ho da hɔ,+ na ɔfirii adi kɔbɔɔ ne nuanom mmienu no amanneɛ.+ 23 Enti Sem ne Yafet faa ntoma+ de guu wɔn kɔn ho de wɔn akyi kɔeɛ. Na wɔde wɔn ani hwɛɛ nkyɛn kɔkataa wɔn papa ho a wɔanhunu ne ho.+
24 Afei nsã no tetee Noa ani so, na ɔtee deɛ ne ba kumaa no ayɛ. 25 Enti ɔkaa sɛ:
“Nnome nka Kanaan.+
Ma no nyɛ nkoa mu akoa mma ne nuanom.”+
27 Onyankopɔn mma Yafet atenaeɛ ntrɛ,
Na ɔntena Sem ntomadan mu.+
Ma Kanaan nyɛ akoa mma ɔno nso.”
28 Nsuyire no akyi no, Noa kɔɔ so tenaa ase mfeɛ ahasa aduonum.+ 29 Enti mfeɛ a Noa diiɛ nyinaa yɛ ahankron aduonum, na ɔwuiɛ.+