Genesis
8 Akyire yi Onyankopɔn kaee+ Noa ne wuram mmoa ne nyɛmmoa a ɛka ne ho wɔ adaka no mu+ nyinaa, na Onyankopɔn maa mframa bɔ faa asase so na nsuo no firii aseɛ kɔɔ fam.+ 2 Na subunu+ no ne ɔsoro mpomma+ no mu totoeɛ, na nsuo no gyaee tɔ. 3 Na nsuo no firii aseɛ twetwee nkakrankakra firii asase so; na nna ɔha aduonum akyi no, na nsuo no so rehwan.+ 4 Bosome a ɛtɔ so nson no da a ɛtɔ so dunson no, adaka+ no kɔsii Ararat+ mmepɔ so. 5 Nsuo no so tee nkakrankakra kɔsii bosome a ɛtɔ so du no so. Na bosome a ɛtɔ so du no da a ɛdi kan no, mmepɔ no atifi yii ne ho adi.+
6 Enti adaduanan akyi no, Noa buee mpomma+ a ɔyɛɛ no adaka no ho no. 7 Akyire yi ɔsomaa kwaakwaadabi+ firii adi, na ɔdii akɔneaba kɔsii sɛ nsuo no wee wɔ asase so.
8 Afei ɔsomaa aborɔnoma+ sɛ ɔnkɔhwɛ sɛ nsuo no atwetwe afiri asase so anaa. 9 Nanso aborɔnoma no annya baabi amfa ne nan ansi, ɛfiri sɛ na nsuo da so wɔ asase so nyinaa.+ Enti ɔsan baa ne nkyɛn wɔ adaka no mu, na Noa tenee ne nsa faa no kɔɔ ne nkyɛn wɔ adaka no mu. 10 Na ɔsan twɛnee nnanson, na ɔsomaa aborɔnoma no bio. 11 Akyire yi, ɛrekɔ anwummerɛ no, aborɔnoma no baeɛ, na na ngodua ahahan+ a wate no foforɔ tua n’ano, enti Noa hunuu sɛ nsuo no awe wɔ asase so.+ 12 Na ɔsan twɛnee nnanson bio. Afei ɔsomaa aborɔnoma no, nanso saa berɛ yi deɛ, wansan amma ne nkyɛn bio.+
13 Afei afe a ɛtɔ so ahansia ne baako,+ bosome a ɛdi kan no da a ɛdi kan no, na nsuo no awe wɔ asase so; na Noa yii adaka no so nkatasoɔ, na ɔhwɛeɛ no, ɔhunuu sɛ asase no so awo.+ 14 Na bosome a ɛtɔ so mmienu no da a ɛtɔ so aduonu nson no, na asase no so awo wesee.+
15 Afei Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa sɛ: 16 “Firi adaka no mu, wo ne wo yere ne wo mma ne wɔn yerenom a wɔka wo ho no.+ 17 Mmoa a wɔka wo ho nyinaa,+ ntuboa+ ne wuram mmoa+ ne mmoa a wɔwea asase soɔ nyinaa,+ yi wɔn firi adi na wɔnyɛ asase so manyamanya, na wɔnwo na wɔnnɔɔso asase so.”+
18 Enti Noa firii adi, ɔne ne mma+ ne ne yere ne ne mma yerenom. 19 Na mmoa no nyinaa, wɔn a wɔwea ne ntuboa nyinaa, ne asase so mmoa a aka nyinaa, firii adaka no mu puee sɛdeɛ wɔn nyinaa su teɛ.+ 20 Ɛnna Noa sii afɔrebukyia+ maa Yehowa, na ɔyii wuram mmoa a wɔn ho teɛ+ ne ntuboa a wɔn ho teɛ nyinaa+ bi de wɔn bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia no so.+ 21 Na Yehowa tee afɔdeɛ no hwa,+ enti Yehowa kaa no n’akomam sɛ:+ “Merenni onipa akyi nnome asase bio,+ ɛfiri sɛ onipa akomam nsusuiɛ+ yɛ bɔne firi ne mmɔfraase;+ na meremfa me nsa nka deɛ ɛte aseɛ nyinaa bio sɛdeɛ mayɛ yi.+ 22 Mprɛ dodoɔ a asase wɔ hɔ yi, berɛ a wɔdua ne berɛ a wɔtwa, awɔ berɛ ne ahuhuro berɛ, sutɔberɛ ne ɔpɛ berɛ, adekyeeɛ ne adesaeɛ, to rentwa da.”+