Genesis
7 Ɛno akyi no, Yehowa ka kyerɛɛ Noa sɛ: “Wo ne wo fiefoɔ+ nyinaa nkɔ adaka no mu, ɛfiri sɛ meto m’ani a wo na woyɛ ɔteneneeni wɔ m’anim awoɔ ntoatoasoɔ yi mu.+ 2 Mmoa a wɔn ho teɛ nyinaa, fa nson nson, anini ne abereɛ;+ na mmoa a wɔn ho nteɛ no fa mmienu mmienu pɛ, onini ne ɔbereɛ; 3 na wiem ntuboa nso, fa nson nson, anini ne abereɛ,+ na wɔanya nkwa ama wɔn ase atrɛ asase nyinaa so.+ 4 Na aka nnanson pɛ na mama nsuo atɔ+ agu asase so adaduanan, awia ne anadwo;+ na mɛpepa deɛ mayɛ a ɛte aseɛ biara afiri asase so.”+ 5 Noa yɛɛ deɛ Yehowa hyɛɛ no nyinaa.
6 Berɛ a nsuyire baa asase soɔ no na Noa adi mfeɛ ahansia.+ 7 Afei Noa ne ne mma ne ne yere ne ne mma yerenom kɔɔ adaka no mu ansa na nsuo no refiri aseɛ atɔ.+ 8 Na mmoa a wɔn ho teɛ ne wɔn a wɔn ho nteɛ ne ntuboa ne biribiara a ɛwea asase soɔ,+ 9 ebiara mmienu mmienu, onini ne ɔbereɛ, kɔɔ adaka no mu kaa Noa ho sɛdeɛ Onyankopɔn hyɛɛ Noa no. 10 Na ɛbaa sɛ nnanson akyi no nsuo tɔɔ asase so.
11 Noa asetena mu afe a ɛtɔ so ahansia, bosome a ɛtɔ so mmienu no da a ɛtɔ so dunson no, subunu kɛseɛ no ano paepaee na ɔsoro mpomma buebueeɛ.+ 12 Na nsuo tɔɔ asase so adaduanan, awia ne anadwo.+ 13 Saa da no ara Noa ne ne mma Sem, Ham, Yafet,+ ne ne yere, ne ne mma yerenom kɔɔ adaka no mu;+ 14 wɔne wuram mmoa nyinaa, sɛdeɛ wɔn su teɛ;+ ne nyɛmmoa nyinaa, sɛdeɛ wɔn su teɛ; ne mmoa a wɔwea asase soɔ nyinaa, sɛdeɛ wɔn su teɛ;+ ne ntuboa nyinaa, sɛdeɛ wɔn su teɛ;+ ne nnomaa ne ntakraboa nyinaa.+ 15 Wɔkaa Noa ho kɔɔ adaka no mu, aboa biara a nkwa wɔ ne mu na ɔhome,+ mmienu mmienu. 16 Ɔhonam nyinaa mu anini ne abereɛ na wɔkɔɔ mu sɛdeɛ Onyankopɔn hyɛɛ no no. Afei Yehowa too pono no mu.+
17 Nsuo no tɔɔ asase so adaduanan, na ɛyiri pagyaa adaka no firii asase so maa no tɛɛ nsuo no ani. 18 Afei nsuo no yiriiɛ na ɛbu faa asase so baabiara, nanso na adaka no tɛ nsuo no ani.+ 19 Na nsuo no yirii asase so ara maa no kataa mmepɔ atenten a ɛwɔ ɔsoro aseɛ nyinaa so.+ 20 Ɛyiri kɔɔ soro kɔduruu basafa dunum na mmepɔ no so kataeɛ.+
21 Afei ɔhonam a ɛwɔ asase soɔ nyinaa wuwuiɛ,+ ntuboa, nyɛmmoa, wuram mmoa ne mmoa a wɔnenam asase so manyamanya ne nnipa nyinaa.+ 22 Biribiara a nkwa wom na ɛhome fa ne hwenem, kyerɛ sɛ biribiara a ɛwɔ asase kesee soɔ no, wuiɛ.+ 23 Enti ɔpepaa biribiara a ɛte aseɛ firii asase so,+ ɛfiri nnipa so kɔsi mmoa so, mmoa a wɔwea so kɔsi wiem ntuboa so, ɔpepaa wɔn firii asase so; na ɛkaa Noa ne wɔn a wɔka ne ho wɔ adaka no mu nko ara.+ 24 Na nsuo kɔɔ so yirii asase no so nna ɔha aduonum.