Genesis
6 Afei berɛ a nnipa firii aseɛ redɔɔso wɔ asase soɔ na wɔwoo mma mmaa maa wɔn no,+ 2 nokorɛ Nyankopɔn mma+ no hunuu+ sɛ nnipa mma mmaa ho yɛ fɛ, na wɔwarewaree wɔn mu biara a wɔpɛ. 3 Ɛnna Yehowa kaa sɛ: “Me honhom+ renhwɛ onipa nkɔsi daa+ ɛfiri sɛ ɔyɛ honam.+ Enti ne mfeɛ bɛyɛ ɔha aduonu.”+
4 Na Nefilimfoɔ wɔ asase so saa berɛ no ne ɛno akyi; saa berɛ no nokorɛ Nyankopɔn mma no kɔɔ nnipa mma mmaa ho ne wɔn woo mma mmarima. Yeinom ne abrane a wɔtenaa ase tete a na wɔwɔ din no.
5 Enti Yehowa hunuu sɛ onipa de abɔnefosɛm ahyɛ asase so mã, na n’akomam nsusuiɛ+ nyinaa yɛ bɔne berɛ nyinaa.+ 6 Ɛyɛɛ Yehowa ya+ sɛ ɔyɛɛ nnipa wɔ asase soɔ, na ɔdii awerɛhoɔ n’akomam.+ 7 Ɛnna Yehowa kaa sɛ: “Mɛpepa nnipa a mabɔ+ wɔn no afiri asase so, ɛfiri onipa so kɔsi nyɛmmoa ne mmoa a wɔwea ne wiem ntuboa+ so, ɛfiri sɛ ɛyɛ me ya sɛ meyɛɛ wɔn.”+ 8 Nanso Noa nyaa Yehowa anim adom.
9 Noa ho nsɛm nie:
Na Noa yɛ ɔteneneeni+ a ne ho nni asɛm wɔ ne berɛ sofoɔ mu. Noa ne nokorɛ Nyankopɔn nanteeɛ.+ 10 Akyire yi Noa woo mma mmarima mmiɛnsa, Sem, Ham ne Yafet.+ 11 Na asase asɛe wɔ nokorɛ Nyankopɔn no ani so,+ na na amumuyɔ+ ahyɛ so mã. 12 Onyankopɔn hunuu asase no, na hwɛ! na asɛe,+ ɛfiri sɛ na ɔhonam nyinaa asɛe wɔn akwan.+
13 Afei Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa sɛ: “Ɔhonam nyinaa awieeɛ abɛduru m’anim,+ ɛfiri sɛ wɔama amumuyɔ ahyɛ asase so mã; enti mɛsɛe wɔn aka asase no ho.+ 14 Fa gofer* dua yɛ adaka.+ Kyekyɛ adaka no mu, na fa aman tetare emu ne ɛho.+ 15 Sɛdeɛ yɛ no nie: Adaka no ntwemu nyɛ basafa+ ahasa, ne tɛtrɛtɛ basafa aduonum, na ne tenten basafa aduasa. 16 Yɛ mpomma* wɔ adaka no ho, na ɛfiri hɔ kɔ n’atifi no nyɛ basafa baako, na yɛ kwan wɔ adaka no nkyɛnmu;+ na yɛ nsamsoɔ mmiɛnsa, deɛ ɛwɔ aseɛ, deɛ ɛwɔ mfimfini, ne deɛ ɛwɔ soro.
17 “Na mɛma nsuo ayiri+ afa asase so asɛe nnipa ne mmoa nyinaa*—deɛ nkwa+ wom na ɛhome wɔ ɔsoro ase. Biribiara a ɛwɔ asase so bɛsɛe.+ 18 Me ne wo ayɛ apam; na wobɛkɔ adaka no mu, wo ne wo mma ne wo yere ne wo mma yerenom.+ 19 Na mmoa a wɔte aseɛ nyinaa,+ fa mmienu mmienu, onini ne ɔbereɛ, kɔ adaka no mu na wo ne wɔn nyinaa nnya nkwa.+ 20 Fa ntuboa, sɛdeɛ wɔn su teɛ, ne nyɛmmoa, sɛdeɛ wɔn su teɛ, ne mmoa a wɔwea asase soɔ, sɛdeɛ wɔn su teɛ,+ ebiara mmienu mmienu, ka wo ho na wɔnnya nkwa.+ 21 Afei boaboa nnuane ahodoɔ a wɔtumi die+ nyinaa bi ano, na ayɛ wo ne wɔn aduane.”+
22 Na Noa yɛɛ deɛ Onyankopɔn hyɛɛ no nyinaa. Saa pɛpɛɛpɛ na ɔyɛeɛ.+