Genesis
5 Yei ne Adam abakɔsɛm nwoma. Da a Onyankopɔn bɔɔ Adam no ɔyɛɛ no Onyankopɔn nsɛsoɔ.+ 2 Ɔbarima ne ɔbaa na ɔbɔɔ wɔn.+ Na ɔhyiraa wɔn, na da a ɔbɔɔ wɔn+ no ɔfrɛɛ wɔn Onipa.+
3 Na Adam dii mfeɛ ɔha aduasa no, ɔwoo ɔba a ɔte sɛ no, wɔ ne suban so, na ɔtoo ne din Set.+ 4 Adam woo Set no, ɔtenaa ase mfeɛ ahanwɔtwe. Ɔwoo mma mmarima ne mma mmaa.+ 5 Enti mfeɛ a Adam diiɛ nyinaa yɛ ahankron aduasa, na ɔwuiɛ.+
6 Na Set dii mfeɛ ɔha ne nnum no, ɔwoo Enos.+ 7 Set woo Enos no, ɔtenaa ase mfeɛ ahanwɔtwe ne nson. Na ɔwoo mma mmarima ne mma mmaa. 8 Enti mfeɛ a Set diiɛ nyinaa yɛ ahankron ne dumienu, na ɔwuiɛ.
9 Na Enos dii mfeɛ aduɔkron no, ɔwoo Kenan.+ 10 Enos woo Kenan no, ɔtenaa ase mfeɛ ahanwɔtwe ne dunum. Na ɔwoo mma mmarima ne mma mmaa. 11 Enti mfeɛ a Enos diiɛ nyinaa yɛ ahankron ne nnum, na ɔwuiɛ.
12 Na Kenan dii mfeɛ aduɔson no, ɔwoo Mahalalel.+ 13 Kenan woo Mahalalel no, ɔtenaa ase mfeɛ ahanwɔtwe aduanan. Na ɔwoo mma mmarima ne mma mmaa. 14 Enti mfeɛ a Kenan diiɛ nyinaa yɛ ahankron ne du, na ɔwuiɛ.
15 Na Mahalalel dii mfeɛ aduosia nnum no, ɔwoo Yared.+ 16 Mahalalel woo Yared no, ɔtenaa ase mfeɛ ahanwɔtwe aduasa. Na ɔwoo mma mmarima ne mma mmaa. 17 Enti mfeɛ a Mahalalel diiɛ nyinaa yɛ ahanwɔtwe aduɔkron nnum, na ɔwuiɛ.
18 Na Yared dii mfeɛ ɔha aduosia mmienu no, ɔwoo Enok.+ 19 Yared woo Enok no, ɔtenaa ase mfeɛ ahanwɔtwe. Na ɔwoo mma mmarima ne mma mmaa. 20 Enti mfeɛ a Yared diiɛ nyinaa yɛ ahankron aduosia mmienu, na ɔwuiɛ.
21 Na Enok dii mfeɛ aduosia nnum no, ɔwoo Metusala.+ 22 Enok woo Metusala no, ɔkɔɔ so ne nokorɛ Nyankopɔn no nantee mfeɛ ahasa. Na ɔwoo mma mmarima ne mma mmaa. 23 Enti mfeɛ a Enok diiɛ nyinaa yɛ ahasa aduosia nnum. 24 Enok kɔɔ so ne nokorɛ Nyankopɔn+ no nanteeɛ.+ Ɛbɛduruu berɛ bi no wɔanhu no bio, ɛfiri sɛ Onyankopɔn faa no kɔeɛ.+
25 Na Metusala dii mfeɛ ɔha aduɔwɔtwe nson no, ɔwoo Lamek.+ 26 Metusala woo Lamek no, ɔtenaa ase mfeɛ ahanson aduɔwɔtwe mmienu. Na ɔwoo mma mmarima ne mma mmaa. 27 Enti mfeɛ a Metusala diiɛ nyinaa yɛ ahankron aduosia nkron, na ɔwuiɛ.
28 Na Lamek dii mfeɛ ɔha aduɔwɔtwe mmienu no, ɔwoo ɔbabarima. 29 Ɔtoo ne din Noa,+ na ɔkaa sɛ: “Oyi na ɔbɛkyekyere yɛn werɛ, yɛn adwuma ne yea a yɛte no yɛn nsa ano mu ɛsiane asase a Yehowa domeeɛ+ no nti.” 30 Lamek woo Noa no, ɔtenaa ase mfeɛ ahanum aduɔkron nnum. Na ɔwoo mma mmarima ne mma mmaa. 31 Enti mfeɛ a Lamek diiɛ nyinaa yɛ ahanson aduɔson nson, na ɔwuiɛ.