Genesis
24 Afei na Abraham mfeɛ akɔ animu na wabɔ akɔkoraa; na na Yehowa ahyira Abraham wɔ biribiara mu.+ 2 Na Abraham ka kyerɛɛ n’akoa panin a ɔhwɛ ne fie nneɛma nyinaa+ soɔ sɛ: “Mesrɛ wo, fa wo nsa hyɛ me srɛ ase,+ 3 na mepɛ sɛ woka Yehowa, ɔsoro ne asase Nyankopɔn no, ntam+ sɛ Kanaanfoɔ a mete wɔn asase soɔ yi, worenware wɔn babaa biara mma me ba,+ 4 na mmom wobɛkɔ me kurom ne m’abusuafoɔ+ nkyɛn akɔware ɔbaa ama me ba Isak.”
5 Ɛnna akoa no bisaa no sɛ: “Na sɛ ɔbaa no mpɛ sɛ ɔne me ba ɛ? Mɛtumi de wo ba no akɔ asase a wofiri so baeɛ+ no so?” 6 Na Abraham ka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ yie na woamfa me ba no ankɔ hɔ.+ 7 Yehowa, ɔsoro Nyankopɔn a ɔfaa me firii me papa fie ne m’abusuafoɔ+ nkyɛn no na ɔkaa me ntam+ sɛ, ‘W’asefoɔ+ na mede asase yi bɛma wɔn.’+ Hwɛ, ɔbɛma ne bɔfoɔ adi w’anim,+ na wobɛnya ɔbaa afiri hɔ+ abrɛ me ba no. 8 Na sɛ ɔbaa no mpɛ sɛ ɔne wo ba a, ɛnneɛ na woade wo ho afiri ntam a woaka me yi ho.+ Nanso hwɛ na woamfa me ba no ankɔ hɔ.” 9 Afei akoa no de ne nsa hyɛɛ ne wura Abraham srɛ ase na ɔkaa ntam saa.+
10 Enti akoa no yii ne wura yoma no mu du na ɔfaa nnepa a ne wura wɔ no biara bi.+ Na ɔsɔre de n’ani kyerɛɛ Mesopotamia sɛ ɔrekɔ Nahor kurom. 11 Ɛrekɔ anwummerɛ a mmaa taa kɔsa nsuo no,+ ɔmaa yoma no butubutuu abura bi ho wɔ kuro no akyi.+ 12 Na ɔkaa sɛ: “Yehowa, me wura Abraham Nyankopɔn,+ mesrɛ wo yi w’adɔeɛ+ adi kyerɛ me wura Abraham+ wɔ m’anim nnɛ. 13 Megyina asubura yi ho, na kuro no mu mmabaa rebɛsa nsuo.+ 14 Ma no mmra sɛ ababaa a mɛka akyerɛ no sɛ, ‘Mesrɛ wo soɛ w’ahina na ma me nsuo no bi nnom’ a ɔbɛka sɛ, ‘Nom bi, na mɛma wo yoma no nso bi anom’ no, ɔnyɛ ɔbaa a woayi no ama w’akoa+ Isak; na memfa yei so nhunu sɛ woayi adɔeɛ adi akyerɛ me wura.”+
15 N’ano nnya nsiiɛ no,+ ɔhunuu sɛ Betuel ba Rebeka+ reba a ahina si ne kɔn ho.+ Betuel yɛ Abraham nua Nahor+ yere Milka+ ba. 16 Ná ababaa no ho yɛ fɛ yie,+ ɔbaabunu a ɔbarima biara mfaa ne ho nkaa no da;+ na ɔkɔɔ asubura no ho kɔsaa nsuo guu n’ahina no mu baeɛ. 17 Ɛhɔ ara na akoa no kɔhyiaa no kaa sɛ: “Mesrɛ wo ma me w’ahina no mu nsuo kakra nnom.”+ 18 Na ɔkaa sɛ: “Me wura nom bi.” Na ntɛm ara ɔsoɛɛ ahina no sii ne nsam maa no bi nomee.+ 19 Ɔmaa no bi nom wieeɛ no, ɔkaa sɛ: “Mɛsa bi ama wo yoma no nso akɔsi sɛ wɔbɛnom amee.”+ 20 Na ntɛm ara ɔhwiee nsuo a ɛwɔ n’ahina no mu guu baabi a mmoa nom nsuo no,+ na ɔde mmirika dii akɔneaba wɔ abura no ho kɔsaa nsuo brɛɛ ne yoma no nyinaa. 21 Saa berɛ yi nyinaa na ɔbarima no rehwɛ no a ne ho adwiri no, na ɔyɛɛ komm sɛ ɔbɛhunu sɛ Yehowa ama no asi no yie n’akwantuo no mu anaa.+
22 Na afei berɛ a yoma no nyinaa nom nsuo no wieeɛ no, ɔbarima no yii sika hwenem kawa+ a ano si dwetɛbena fã ne sika nkapo+ mmienu a ano si nnwetɛbena du a ɔde bɛhyɛ ne nsa, 23 na ɔbisaa no sɛ: “Hwan ba ne wo? Mesrɛ wo ka kyerɛ me. Yɛbɛnya baabi wɔ wo papa fie ada anadwo yi?”+ 24 Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Me papa ne Betuel+ a Milka woo no maa Nahor+ no.” 25 Na ɔtoaa so sɛ: “Yɛwɔ serɛ ne mmoa aduane pii, na baabi wɔ hɔ a mo nso mobɛda.”+ 26 Afei ɔbarima no bɔɔ ne mu ase kotoo Yehowa anim+ 27 na ɔkaa sɛ: “Nhyira nka Yehowa,+ me wura Abraham Nyankopɔn, a wamfa n’adɔeɛ ankame me wura na wamma ne nsa ansi fam no. Na me nso, Yehowa akyerɛ me kwan aba me wura nuanom fie.”+
28 Afei ababaa no tuu mmirika kɔbɔɔ ne maame fiefoɔ amanneɛ. 29 Ná Rebeka wɔ nuabarima bi a ne din de Laban.+ Enti Laban tuu mmirika kɔɔ ɔbarima no nkyɛn wɔ asubura no ho. 30 Berɛ a ɔhunuu hwenem kawa ne nkapo+ a ɛgu ne nua Rebeka nsa na ɔtee asɛm a ɔkaeɛ sɛ: “Sɛdeɛ ɔbarima no kasa kyerɛɛ me nie” no, ɔbaa ɔbarima no nkyɛn, na ɔhunuu sɛ ɔgyina yoma no ho wɔ asubura no ho. 31 Ntɛm ara na ɔkaa sɛ: “Bra, wo a Yehowa ahyira woɔ.+ Ɛdeɛn nti na woda so gyina afikyire berɛ a masiesie fie hɔ ne faako a yoma no bɛda?” 32 Enti ɔbarima no kɔɔ fie hɔ, na ɔsanee yoma no maa wɔn aduane, na ɔmaa ɔbarima no ne wɔn a wɔka ne ho no nsuo de hohoroo wɔn nan ho.+ 33 Afei wɔde aduane bɛsii n’anim, nanso ɔkaa sɛ: “Merennidi, gye sɛ mebɔ m’amanneɛ wie ansa.” Na ɔkaa sɛ: “Bɔ ɛ!”+
34 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Meyɛ Abraham akoa.+ 35 Na Yehowa ahyira me wura yie ama no ayɛ ɔkɛseɛ, na wama no nnwan ne anantwie ne dwetɛ ne sika ne nkoa ne mfenaa ne yoma ne mfunumu.+ 36 Afei, me wura yere Sara bɔɔ aberewa no ɔwoo ɔbabarima maa no;+ na me wura de deɛ ɔwɔ nyinaa bɛma ne ba no.+ 37 Enti me wura maa mekaa ntam, na ɔkaa sɛ, ‘Kanaanfoɔ a mete wɔn asase soɔ yi, nware wɔn babaa biara mma me ba.+ 38 Na mmom wobɛkɔ me papa fie ne m’abusua+ mu akɔware ɔbaa ama me ba.’+ 39 Na mebisaa me wura sɛ, ‘Na sɛ ɔbaa no mpɛ sɛ ɔne me ba nso ɛ?’+ 40 Ɛnna ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Me ne Yehowa anante+ na menim sɛ ɔbɛma ne bɔfoɔ+ aka wo ho na asi wo yie w’akwantuo mu;+ enti ware ɔbaa firi m’abusua mu ne me papa fie+ brɛ me ba no. 41 Sɛ wonya kɔ m’abusua mu a, na ntam no ho asodie biara nna wo so, na sɛ wɔamfa ɔbaa no amma wo a, wobɛde wo ho afiri ntam+ yi ho.’
42 “Berɛ a meduruu asubura no ho nnɛ no, mekaa sɛ, ‘Yehowa, me wura Abraham Nyankopɔn, sɛ ampa ara sɛ wobɛma m’akwantuo yi asi me yie+ a, 43 ɛnneɛ megyina asubura yi ho. Ma no mmra sɛ ababaa+ a ɔbɛba abɛsa nsuo a mɛka akyerɛ no sɛ: “Mesrɛ wo, ma mennom w’ahina yi mu nsuo no bi” 44 a ɔbɛka akyerɛ me sɛ: “Nom bi, na mɛma wo yoma no nso bi anom” no, nyɛ ɔbaa a Yehowa ayi no ama me wura ba no.’+
45 “Asɛm no da so wɔ+ m’akomam no,+ mehunuu sɛ Rebeka reba a ahina si ne kɔn ho; na ɔsiane kɔɔ asubura no ho kɔsaa nsuo.+ Ɛnna meka kyerɛɛ no sɛ, ‘Mesrɛ wo, ma me nsuo no bi nnom.’+ 46 Na ntɛm ara na ɔsoɛɛ n’ahina no kaa sɛ, ‘Nom bi,+ na mɛma wo yoma no nso bi anom.’ Enti menomeeɛ, na ɔmaa yoma no nso bi nomeeɛ. 47 Afei mebisaa no sɛ, ‘Hwan ba ne wo?’+ na ɔkaa sɛ ‘Me papa ne Betuel a Milka woo no maa Nahor no.’ Enti mede hwenem kawa no hyɛɛ ne hwenem na mede nkapo no guu ne nsa.+ 48 Na mekotoo Yehowa, na mehyiraa Yehowa, me wura Abraham Nyankopɔn+ a ɔkyerɛɛ me kwan tee+ sɛ memmɛfa me wura nua babaa mma ne ba no. 49 Na afei sɛ mo ne me wura bɛdi no adɔeɛ so adi no nokorɛ+ a, monka nkyerɛ me; na sɛ ɛnte saa nso a, monka nkyerɛ me, na sɛ mɛfa nifa oo, benkum oo, mafa.”+
50 Ɛnna Laban ne Betuel ka kyerɛɛ no sɛ: “Asɛm yi firi Yehowa.+ Yɛn deɛ, yɛrentumi nka aane anaa dabi nkyerɛ wo.+ 51 Rebeka na ɔgyina w’anim no. Fa no kɔ na ɔnyɛ wo wura ba no yere sɛdeɛ Yehowa aka no.”+ 52 Abraham akoa no tee wɔn nsɛm no ara pɛ na ɔbutuu fam wɔ Yehowa anim.+ 53 Na akoa no yii dwetɛ agudeɛ ne sika agudeɛ ne ntadeɛ na ɔde maa Rebeka; na ɔmaa ne nuabarima ne ne maame nneɛma a ɛsom boɔ.+ 54 Afei ɔne mmarima a wɔka ne ho no didiiɛ na wɔnomeeɛ, na wɔdaa hɔ anadwo no, na adeɛ kyeeɛ no wɔsɔreeɛ.
Ɛnna ɔkaa sɛ: “Monnya me kwan mma menkɔ me wura nkyɛn.”+ 55 Afei ne nuabarima ne ne maame kaa sɛ: “Ma ababaa no ntena yɛn nkyɛn dadu bi ɛ. Ɛno akyi no ɔbɛtumi akɔ.” 56 Nanso ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monnnye me nntena ha, ɛfiri sɛ Yehowa ama no asi me yie m’akwantuo mu.+ Monnya me kwan mma menkɔ me wura nkyɛn.”+ 57 Ɛnna wɔkaa sɛ: “Momma yɛmfrɛ ababaa no na yɛntie deɛ ɔbɛka.”+ 58 Afei wɔfrɛɛ Rebeka bisaa no sɛ: “Wo ne ɔbarima yi bɛkɔ?” Na ɔbuaa sɛ: “Mɛkɔ.”+
59 Enti wɔgyaa wɔn nuabaa Rebeka+ ne ɔbaa a na ɔhwɛ no+ ne Abraham akoa no ne ne mmarima no kwan. 60 Na wɔhyiraa Rebeka ka kyerɛɛ no sɛ: “O yɛn nuabaa, mpempem huhaa mfiri wo mu mmra, na w’asefoɔ mfa wɔn atamfo kuro pono.”+ 61 Afei Rebeka ne ne mmaawa+ sɔre tenatenaa yoma+ so dii ɔbarima no akyi; na akoa no faa Rebeka na ɔsii kwan so kɔeɛ.
62 Afei Isak firi Beer-Lahai-Roi+ kwan so baeɛ, ɛfiri sɛ na ɔte Negeb+ asase so. 63 Ɛrekɔ anwummerɛ no, Isak firii adi kɔɔ afikyire kɔdwendwenee.+ Afei ɔbɛma n’ani so a, yoma na ɛreba yi! 64 Berɛ a Rebeka maa n’ani so a ɔhunuu Isak no, ɔhuri firii yoma no so sii fam. 65 Afei ɔbisaa akoa no sɛ: “Ɔbarima bɛn na ɔnam hɔ rebɛhyia yɛn yi?” na akoa no buaa sɛ: “Ɛyɛ me wura.” Na ɔyii ntoma de kataa n’anim.+ 66 Na akoa no kaa deɛ ɔyɛeɛ nyinaa kyerɛɛ Isak. 67 Afei Isak de no baa ne maame Sara ntomadan mu.+ Enti ɔfaa Rebeka na ɔbɛyɛɛ ne yere.+ Ná Isak dɔ+ no, na ɛmaa no nyaa awerɛkyekyerɛ wɔ ne maame wuo akyi.+