Genesis
25 Abraham san waree ɔbaa bi a ne din de Ketura.+ 2 Akyire yi wɔwoo Simran, Yoksan, Medan, Midian,+ Yisbak ne Suha.+
Na Dedan woo Asurim ne Letusim ne Leumim.
4 Midian nso woo Efa,+ Efer, Hanok, Abida, ne Eldaa.+
Yeinom nyinaa yɛ Ketura mma.
5 Akyire yi Abraham de deɛ ɔwɔ nyinaa maa Isak,+ 6 na Abraham kyɛɛ n’ayefam mma no adeɛ.+ Na berɛ a ɔda so te aseɛ no, ɔmaa wɔfirii ne ba Isak nkyɛn+ de wɔn ani kyerɛɛ apueeɛ fam kɔɔ Apueeɛ+ asase so. 7 Mfeɛ a Abraham de tenaa aseɛ nyinaa si ɔha aduɔson nnum. 8 Afei Abraham gyaa mu wuiɛ. Saa berɛ no na wanyini abɔ akora a ne nna amee no, na wɔsiee no kaa ne nkurɔfoɔ ho.+ 9 Na ne mma Isak ne Ismael siee no Makpela ɔbodan mu wɔ Hitini Sohar ba Efron asase a ɛda Mamre+ anim no so; 10 ɛno ne asase a Abraham tɔ firii Het mma hɔ no. Ɛhɔ na wɔsiee Abraham ne ne yere Sara+ nyinaa. 11 Na Abraham wuo akyi no, Onyankopɔn kɔɔ so hyiraa ne ba Isak,+ na Isak tenaa Beer-Lahai-Roi+ nkyɛn baabi.
12 Ismael+ a Egyptni Hagar, Sara afenaa no, woo no maa Abraham+ no ho nsɛm nie.
13 Afei Ismael mma ne wɔn mmusua din nie: Ismael ba panin ne Nebaiot,+ na wɔn a wɔdi hɔ ne Kedar,+ Adbeel, Mibsam+ 14 ne Misma, Duma, Masa, 15 ne Hadad,+ Tema,+ Yetur, Nafis ne Kedema.+ 16 Yeinom ne Ismael mma ne wɔn din, sɛdeɛ wɔn nkuro ne wɔn nsraban+ teɛ: atitire dumienu ne wɔn mmusua.+ 17 Mfeɛ a Ismael diiɛ si ɔha aduasa nson. Afei ɔgyaa mu wuiɛ, na wɔsiee no kaa ne nkurɔfoɔ ho.+ 18 Na wɔtenaa Hawila+ a ɛbɛn Sur,+ a ɛwɔ Egypt anim, kɔpem Asiria. Na ɔtenaa ne nuanom nyinaa anim.+
19 Abraham ba Isak ho nsɛm nie.+
Abraham woo Isak. 20 Isak dii mfeɛ aduanan no, ɔwaree Rebeka a ne papa ne Siriani+ Betuel+ a ɔfiri Padan-Aram; na ne nua ne Siriani Laban. 21 Isak srɛɛ Yehowa maa ne yere,+ ɛfiri sɛ na ɔnwo;+ na Yehowa tiee n’adesrɛ,+ na ne yere Rebeka nyinsɛneeɛ. 22 Na mmɔfra no dii aperepereɛ+ wɔ ne yam, enti ɔkaa sɛ: “Sɛ saa na ɛbɛkɔ so a, ɛnneɛ na mete nkwa mu reyɛ dɛn?” Enti ɔkɔbisaa Yehowa asɛm no mu.+ 23 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Aman mmienu na ɛwɔ wo yam,+ na mmusuakuo mmienu a wɔyɛ soronko bɛfiri wo yam;+ na abusua baako bɛyɛ den asene baako,+ na panin no bɛsom kumaa no.”+
24 Berɛ a n’awoɔ duruu soɔ no, na nta na ɛwɔ ne yam.+ 25 Deɛ ɔdi kan no baeɛ no, na ɔyɛ kɔkɔɔ na ne ho nyinaa yɛ nwi+ kuhaa te sɛ deɛ ɔhyɛ atadeɛ; enti wɔtoo ne din Esau.+ 26 Ɛno akyi no ne nua no baeɛ a na ɔkura Esau nantin;+ enti ɔtoo ne din Yakob.+ Rebeka woo wɔn no, na Isak adi mfeɛ aduosia.
27 Mmɔfra no nyiniiɛ; ná Esau yɛ obi a ɔnim ahayɔ+ a ɔpɛ wuram korɔ, na Yakob deɛ, ɔyɛ obi a ne ho nni asɛm+ a ɔte ntomadan mu.+ 28 Na Isak pɛ Esau asɛm ɛfiri sɛ na ɔnya hanam we, na na Rebeka nso pɛ Yakob asɛm.+ 29 Berɛ bi na Yakob renoa asɛdua, na Esau firi wuram baeɛ a na wabrɛ. 30 Enti Esau ka kyerɛɛ Yakob sɛ: “Mesrɛ wo ma me adeɛ kɔkɔɔ yi bi nni; yɛ no ntɛm na mabrɛ!” Ɛno nti na wɔtoo ne din Edom.+ 31 Na Yakob ka kyerɛɛ no sɛ: “Tɔn wo panin+ ma me ansa!” 32 Esau buaa sɛ: “Owuo na merebɛwuo yi, na mpaninnie bɛyɛ me dɛn?” 33 Yakob ka kyerɛɛ no sɛ: “Ka me ntam ansa!”+ Na ɔkaa ntam tɔn ne panin maa Yakob.+ 34 Na Yakob maa no paanoo ne asɛdua no bi, na ɔdidi nomeeɛ.+ Na ɔsɔre kɔeɛ. Enti Esau ammu ne panin no.+