Genesis 21:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 Enti Abraham sɔree anɔpahema faa paanoo ne nsuo kotokuo* de maa Hagar,+ na ɔde sii ne kɔn ho, na ɔde abarimaa no+ kaa ne ho gyaa no kwan. Na ɔkɔɔ Beer-Seba+ serɛ so, na ɔdii akyinkyinakyinkyini. Yohane 8:35 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 35 Afei nso akoa ntena fie daa; ɔba na ɔtena hɔ daa.+ Galatifoɔ 4:30 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 30 Nanso, ɛdeɛn na Twerɛsɛm no ka? “Pamo afenaa no ne ne ba no, ɛfiri sɛ afenaa ba no ne ɔdehyeɛ ba no ntumi nni adeɛ.”+
14 Enti Abraham sɔree anɔpahema faa paanoo ne nsuo kotokuo* de maa Hagar,+ na ɔde sii ne kɔn ho, na ɔde abarimaa no+ kaa ne ho gyaa no kwan. Na ɔkɔɔ Beer-Seba+ serɛ so, na ɔdii akyinkyinakyinkyini.
30 Nanso, ɛdeɛn na Twerɛsɛm no ka? “Pamo afenaa no ne ne ba no, ɛfiri sɛ afenaa ba no ne ɔdehyeɛ ba no ntumi nni adeɛ.”+