Yohane
8 Na Yesu kɔɔ Ngo Bepɔ no so. 2 Ahemadakye no, ɔsan kɔɔ asɔrefie hɔ, na nnipa no nyinaa firii aseɛ baa ne nkyɛn, na ɔtenaa ase firii aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔn. 3 Afei atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ no de ɔbaa bi a wɔakye no sɛ wasɛe awareɛ baeɛ, na wɔde no bɛgyinaa wɔn mfimfini 4 ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, wɔakye ɔbaa yi sɛ ɔresɛe awareɛ. 5 Mose de ahyɛdeɛ maa wɔ Mmara no mu sɛ yɛnsi ɔbaa a ɔte saa aboɔ. Ɛdeɛn na wowɔ ka?” 6 Asɛm no ne sɛ na wɔreka yei de asɔ no ahwɛ na wɔanya biribi de abɔ no soboɔ. Nanso Yesu bɔɔ ne mu ase na ɔfirii aseɛ de ne nsateaa twerɛtwerɛɛ fam. 7 Berɛ a wɔkɔɔ so ara bisaa no no, ɔmaa ne mu so ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo mu deɛ ɔnyɛɛ bɔne da no, momma no nni kan nto boɔ mmɔ ɔbaa no.” 8 Afei ɔbɔɔ ne mu ase bio kɔɔ so twerɛtwerɛɛ fam hɔ. 9 Na wɔn a wɔtee yei no firii adi mmaako mmaako, mpanimfoɔ no na ɛdi kan, na ɛkaa ɔno nko ara ne ɔbaa a na ɔgyina wɔn mfimfini no. 10 Yesu maa ne mu so ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔbaa, wɔwɔ he? Obiara ammu wo fɔ?” 11 Ɔkaa sɛ: “Owura, obiara ammu me fɔ.” Yesu kaa sɛ: “Saa ara na me nso meremmu wo fɔ. Kɔ; ɛfiri nnɛ rekorɔ ntena bɔne mu bio.”
12 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ wɔn bio sɛ: “Mene wiase hann.+ Deɛ ɔdi m’akyi no rennante sum mu da,+ mmom ɔbɛnya nkwa hann.” 13 Enti Farisifoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: “Wodi wo ara wo ho adanseɛ; w’adanseɛ no nyɛ nokorɛ.” 14 Yesu bua see wɔn sɛ: “Sɛ medi me ara me ho adanseɛ mpo a, m’adanseɛ+ no yɛ nokorɛ, ɛfiri sɛ menim baabi a mefiri baeɛ ne baabi a merekorɔ.+ Mo deɛ, monnim baabi a mefiri baeɛ ne baabi a merekorɔ. 15 Mogyina deɛ ani hunu so na mobu atɛn;+ me deɛ, memmu onipa biara atɛn koraa.+ 16 Nanso sɛ mebu atɛn a, m’atemmuo yɛ nokorɛ, ɛfiri sɛ ɛnyɛ me nko ara na mewɔ hɔ, na mmom Agya a ɔsomaa me no ka me ho.+ 17 Afei nso wɔatwerɛ no mo ara mo Mmara mu sɛ, ‘Nnipa mmienu adanseɛ yɛ nokorɛ.’+ 18 Medi me ho adanseɛ, na Agya a ɔsomaa me no nso di me ho adanseɛ.”+ 19 Enti wɔkɔɔ so ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛhe na w’Agya wɔ?” Yesu buaa sɛ: “Monni me, na saa ara nso na monnim m’Agya no.+ Sɛ moni me a, anka mobɛhunu m’Agya no nso.”+ 20 Ɔkaa yeinom wɔ baabi a wɔyi ntoboa+ no berɛ a ɔrekyerɛkyerɛ wɔ asɔrefie hɔ no. Nanso obiara amfa ne nsa anka no,+ ɛfiri sɛ na ne dɔn+ nnuruiɛ.
21 Enti ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Merekɔ, na mobɛhwehwɛ+ me, nanso mobɛwu mo bɔne mu.+ Baabi a merekorɔ no montumi mma hɔ.” 22 Ɛnna Yudafoɔ no firii aseɛ kaa sɛ: “Ɛnyɛ ku na ɔpɛ sɛ ɔku ne ho yi? Ɛfiri sɛ ɔka sɛ, ‘Baabi a merekorɔ no montumi mma hɔ.’”+ 23 Enti ɔtoaa so ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mofiri fam; me deɛ, mefiri soro.+ Mofiri wiase;+ me deɛ, memfiri wiase.+ 24 Enti meka kyerɛɛ mo sɛ, mobɛwu mo bɔne mu.+ Na sɛ monnye nni sɛ mene no a, ɛnneɛ mobɛwu mo bɔne mu.”+ 25 Ɛnna wɔfirii aseɛ bisaa no sɛ: “Wone hwan?” Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Adɛn na me ne mo rekasa koraa? 26 Mewɔ nsɛm pii a mɛka afa mo ho na mabu ho atɛn. Nokwasɛm nie, deɛ ɔsomaa me no yɛ ɔnokwafoɔ, na deɛ mete firii ne nkyɛn no ara na mereka no wiase.”+ 27 Wɔante aseɛ sɛ Agya no ho asɛm na na ɔreka akyerɛ wɔn. 28 Enti Yesu kaa sɛ: “Sɛ monya ma onipa Ba+ no so+ a, ɛno na mobɛhunu sɛ mene no,+ na memmɔ me tirim nyɛ biribiara;+ na sɛdeɛ Agya no kyerɛɛ me no, ɛno ara na meka.+ 29 Na deɛ ɔsomaa me no ka me ho; wannya me nko, ɛfiri sɛ meyɛ deɛ ɛsɔ n’ani daa.”+ 30 Berɛ a ɔreka nsɛm yi no, nnipa pii nyaa ne mu gyidie.+
31 Enti Yesu toaa so ka kyerɛɛ Yudafoɔ a na wɔagye no adie no sɛ: “Sɛ motena m’asɛm mu a,+ na moyɛ m’asuafoɔ ampa, 32 na mobɛhunu nokorɛ no,+ na nokorɛ no bɛma moade mo ho.”+ 33 Wɔbuaa no sɛ: “Yɛyɛ Abraham asefoɔ+ na yɛnyɛɛ nkoa mmaa obiara da.+ Adɛn nti na woka sɛ, ‘Mobɛde mo ho’?” 34 Yesu buaa wɔn sɛ: “Nokorɛ, nokorɛ, mese mo sɛ, obiara a ɔyɛ bɔne no yɛ bɔne akoa.+ 35 Afei nso akoa ntena fie daa; ɔba na ɔtena hɔ daa.+ 36 Enti sɛ Ɔba no ma mode mo ho a, mobɛde mo ho ampa.+ 37 Menim sɛ moyɛ Abraham asefoɔ; nanso mopɛ sɛ moku me,+ ɛfiri sɛ m’asɛm nnya nkɔsoɔ mo mu.+ 38 Deɛ mahunu no m’Agya+ nkyɛn no na meka;+ enti mo nso moyɛ deɛ moate afiri mo agya hɔ.” 39 Wɔbua see no sɛ: “Yɛn agya ne Abraham.”+ Yesu see wɔn sɛ: “Sɛ moyɛ Abraham mma+ a, monyɛ Abraham nnwuma. 40 Nanso seesei mopɛ sɛ moku me, onipa a maka nokorɛ a mete firii Onyankopɔn nkyɛn akyerɛ mo no.+ Abraham anyɛ saa.+ 41 Moyɛ mo agya no nnwuma.” Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Wɔanwo yɛn adwamammɔ mu; yɛwɔ Agya baako,+ Onyankopɔn.”
42 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ Onyankopɔn yɛ mo Agya a, anka mobɛdɔ me,+ ɛfiri sɛ Onyankopɔn hɔ na mefiri a mewɔ ha yi.+ Ɛnyɛ me ara na mede me pɛ baeɛ, na mmom Ɔno na ɔsomaa me.+ 43 Adɛn nti na monnim deɛ mereka no? Ɛfiri sɛ montumi ntie m’asɛm.+ 44 Mofiri mo agya Ɔbonsam hɔ,+ na mopɛ sɛ moyɛ mo agya no apɛdeɛ.+ Ɔno na ɔyɛ wudini firi mfitiaseɛ,+ na wannyina nokorɛ no mu, ɛfiri sɛ nokorɛ nni ne mu. Sɛ ɔka atosɛm a, ɛfiri ɔno ara ne suban, ɛfiri sɛ ɔyɛ ɔtorofoɔ ne atorɔ agya.+ 45 Ɛsiane sɛ me deɛ meka nokorɛ nti, monnye me nni.+ 46 Mo mu hwan na oyi me bɔne ho ntɛn?+ Sɛ meka nokorɛ a, adɛn nti na monnye me nnie? 47 Deɛ ɔfiri Onyankopɔn no tie Onyankopɔn asɛm.+ Ɛno nti na montie, ɛfiri sɛ momfiri Onyankopɔn.”+
48 Yudafoɔ no bua see no sɛ: “Sɛ yɛka sɛ woyɛ Samariani+ na wowɔ adaemone a, ɛnyɛ nokorɛ?”+ 49 Yesu buaa sɛ: “Menni adaemone, na mmom medi m’Agya no ni,+ na mo deɛ, mobɔ me ahohora. 50 Nanso menhwehwɛ animuonyam mma me ho;+ Obi wɔ hɔ a ɔhwehwɛ na ɔbu atɛn.+ 51 Nokorɛ, nokorɛ, mese mo sɛ, obiara a ɔbɛdi m’asɛm soɔ no, ɔrenhunu owuo koraa.”+ 52 Yudafoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: “Afei paa na yɛahunu sɛ wowɔ adaemone.+ Abraham wuiɛ,+ na adiyifoɔ no nso saa ara;+ nanso woka sɛ, ‘Obiara a ɔbɛdi m’asɛm soɔ no, ɔrenka owuo nhwɛ+ koraa.’ 53 Woyɛ kɛseɛ+ sene yɛn agya Abraham a ɔwuiɛ no anaa? Afei nso adiyifoɔ no wuwuiɛ.+ Wose woyɛ hwan?” 54 Yesu buaa sɛ: “Sɛ mehyɛ me ho animuonyam a, m’animuonyam no nyɛ hwee. Ɛyɛ m’Agya a moka sɛ ɔyɛ mo Nyankopɔn no na ɔhyɛ me animuonyam;+ 55 nanso monni no.+ Na me deɛ, meni no.+ Sɛ meka sɛ menni no a, na meyɛ ɔtorofoɔ sɛ mo. Nanso meni no na medi n’asɛm so.+ 56 Mo agya Abraham dii anidasoɔ a na ɔwɔ sɛ ɔbɛhunu me da no mu ahurisie,+ na ɔhunu dii ahurisie.”+ 57 Enti Yudafoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: “Wonnii mfeɛ aduonum mpo na woahunu Abraham yi?” 58 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nokorɛ, nokorɛ, mese mo sɛ, ansa na Abraham reba no, na mewɔ hɔ.”+ 59 Yei nti wɔtasee aboɔ sɛ wɔrebɛtoto abɔ no;+ nanso Yesu de ne ho sieeɛ, na ɔfirii asɔrefie hɔ kɔeɛ.