Yohane
7 Yeinom akyi no, Yesu kɔɔ so kyini faa Galilea, na na ɔmpɛ sɛ ɔbɛkɔ Yudea, ɛfiri sɛ na Yudafoɔ no repɛ no aku+ no. 2 Nanso na Yudafoɔ afahyɛ, asese afahyɛ+ no abɛn. 3 Enti ne nuanom+ ka kyerɛɛ no sɛ: “Firi ha kɔ Yudea na w’asuafoɔ no nso nhunu nnwuma a woyɛ no bi. 4 Obiara nni hɔ a ɔbɛyɛ adeɛ kokoam berɛ a ɔpɛ sɛ afoforɔ hu no. Sɛ woyɛ yeinom a, yi wo ho adi kyerɛ wiase no ɛ.” 5 Asɛm no ara ne sɛ, na ne nuanom+ nnye no nni.+ 6 Enti Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Me berɛ nnuruiɛ,+ na mo deɛ, berɛ biara yɛ ma mo. 7 Wiase no nni deɛ ɛbɛgyina so atan mo, na me deɛ, ɛtan me, ɛfiri sɛ medi ne ho adanseɛ sɛ ne nnwuma yɛ bɔne.+ 8 Monkɔ afahyɛ no ase; me deɛ, mennya nkɔɔ afahyɛ yi ase, ɛfiri sɛ me berɛ+ nnuruiɛ.”+ 9 Enti berɛ a ɔkaa yeinom kyerɛɛ wɔn no, ɔtenaa Galilea.
10 Nanso berɛ a ne nuanom kɔɔ afahyɛ no ase no, ɔno nso kɔeɛ a wanyi ne ho adie na mmom ɔde ne ho sieeɛ.+ 11 Enti Yudafoɔ no hwehwɛɛ+ no afahyɛ no ase, na wɔbisaa sɛ: “Ɔwɔ he?” 12 Afei wɔyɛɛ ne ho huhuhuhu wɔ nnipakuo no mu.+ Ebinom kaa sɛ: “Ɔyɛ onipa pa.” Afoforɔ nso kaa sɛ: “Ɛnyɛ nokorɛ, mmom ɔdaadaa nkurɔfoɔ.” 13 Nanso Yudafoɔ no ho hu+ nti, obiara anyi n’anim anka ne ho asɛm.
14 Afei berɛ a afahyɛ no duruu mfimfini no, Yesu kɔɔ asɔrefie hɔ na ɔfirii aseɛ kyerɛkyerɛeɛ.+ 15 Yei yɛɛ Yudafoɔ no nwanwa na wɔkaa sɛ: “Ɛyɛɛ dɛn na onipa yi nim nwoma+ saa berɛ a ɔnkɔɔ sukuu biara?”+ 16 Yesu nso bua see wɔn sɛ: “Deɛ mekyerɛkyerɛ no nyɛ me dea, na mmom deɛ ɔsomaa me no dea.+ 17 Sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ N’apɛdeɛ a, ɔbɛhunu sɛ nkyerɛkyerɛ no firi Onyankopɔn+ hɔ anaasɛ me ara na mebɔ me tirim kasa. 18 Deɛ ɔno ara bɔ ne tirim kasa no hwehwɛ ɔno ara animuonyam; na deɛ ɔhwehwɛ deɛ ɔsomaa no no animuonyam+ no, ɔyɛ nokwafoɔ na deɛ ɛntene biara nni ne mu. 19 Ɛnyɛ Mose na ɔmaa mo Mmara no?+ Nanso mo mu baako mpo nni Mmara no so. Adɛn nti na morehwehwɛ me aku me?”+ 20 Nnipakuo no buaa sɛ: “Wowɔ adaemone.+ Hwan na ɔrehwehwɛ wo aku woɔ?” 21 Yesu bua see wɔn sɛ: “Adeɛ baako na meyɛeɛ+ a ɛyɛ mo nyinaa nwanwa. 22 Yei nti na Mose ama mo twetiatwa+—ɛnyɛ sɛ ɛfiri Mose, na mmom ɛfiri agyanom hɔ+—na motwa nnipa twetia homeda. 23 Sɛ wɔtumi twa obi twetia homeda sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔrento Mose mmara no a, ɛnneɛ adɛn nti na mo bo afu me pii sɛ mama obi ho ayɛ no den homeda?+ 24 Monnhwɛ deɛ ɛtua aniwa mmmu atɛn, na mmom mommu atɛntenenee.”+
25 Enti Yerusalemfoɔ no bi kaa sɛ: “Ɛnyɛ ɔbarima yi na wɔrehwehwɛ no aku+ no no? 26 Nanso hwɛ! ɔrekasa nnipa mu,+ nanso wɔnka hwee nkyerɛ no. Atumfoɔ no bu no sɛ ɔno ne Kristo no anaa?+ 27 Yɛn deɛ yɛnim deɛ onipa yi fire;+ nanso sɛ Kristo no ba a, obiara renhunu baabi a ɔfire.”+ 28 Enti berɛ a Yesu rekyerɛkyerɛ asɔrefie hɔ no, ɔteaam kaa sɛ: “Moni me na monim baabi a mefire nso.+ Na ɛnyɛ me ara me pɛ so na mebaeɛ,+ na deɛ ɔsomaa me no wɔ hɔ paa,+ na monni no.+ 29 Me deɛ meni no,+ ɛfiri sɛ mebaa sɛ ne nanmusini, na Ɔno na ɔsomaa me.”+ 30 Enti wɔhwehwɛɛ kwan a wɔbɛfa so akye no,+ nanso obiara amfa ne nsa anka no, ɛfiri sɛ na ne dɔn+ nnuruiɛ. 31 Yei nyinaa mu no, nnipakuo no mu pii gyee no diiɛ;+ na wɔfirii aseɛ kaa sɛ: “Sɛ Kristo no ba a, ɔbɛyɛ nsɛnkyerɛnne+ asene deɛ oyi ayɛ yi anaa?”
32 Farisifoɔ no tee sɛ nnipakuo no reyɛ huhuhuhu keka nsɛm yi fa ne ho, na asɔfoɔ mpanimfoɔ no ne Farisifoɔ no somaa awɛmfoɔ sɛ wɔnkɔkye no.+ 33 Enti Yesu kaa sɛ: “Mɛwɔ mo nkyɛn berɛ tiaa bi ansa na makɔ deɛ ɔsomaa me no nkyɛn.+ 34 Mobɛhwehwɛ me nso morenhu me,+ na baabi a mewɔ no montumi mma hɔ.”+ 35 Enti Yudafoɔ no sesee wɔn ho sɛ: “Ɛhe na onipa yi pɛ sɛ ɔkɔ a enti yɛnhu no? Ɔpɛ sɛ ɔkɔ Yudafoɔ a wɔahwete+ Helafoɔ mu no nkyɛn na ɔkɔkyerɛkyerɛ Helafoɔ no anaa? 36 Asɛm a ɔkaeɛ yi kyerɛ sɛn, ‘Mobɛhwehwɛ me nso morenhu me, na baabi a mewɔ no montumi mma hɔ’?”
37 Afei da a ɛdi akyire a ɛyɛ afahyɛ no da kɛseɛ no,+ Yesu gyinaa hɔ teaam kaa sɛ: “Sɛ sukɔm de obi a,+ ɔmmra me nkyɛn mmɛnom nsuo. 38 Deɛ ɔgye me die no,+ sɛdeɛ Twerɛnsɛm no aka no, ‘Ne mu na nkwa asubɔnten bɛtene afire.’”+ 39 Nanso ɔkaa yei faa honhom a na wɔn a wɔgye no die no rebɛnya no ho; saa berɛ no na honhom nni hɔ,+ ɛfiri sɛ na wɔnhyɛɛ Yesu animuonyam.+ 40 Ɛnna nnipakuo no mu bi a wɔtee nsɛm yi firii aseɛ kaa sɛ: “Nokwasɛm nie, oyi ne Odiyifoɔ no.”+ 41 Ná afoforɔ nso reka sɛ: “Oyi ne Kristo no.”+ Nanso na ebinom reka sɛ: “Galilea na Kristo+ no bɛfiri aba anaa?+ 42 Twerɛnsɛm no nkaa sɛ Kristo no bɛfiri Dawid+ ase ne Betlehem+ akuraa a na Dawid teɛ no mu na aba anaa?”+ 43 Afei, ne nti nnipakuo no mu kyɛeɛ.+ 44 Na wɔn mu binom pɛ sɛ wɔkye no, nanso obiara amfa ne nsa anka no.
45 Enti awɛmfoɔ no san kɔɔ asɔfoɔ mpanimfoɔ no ne Farisifoɔ no hɔ, na wɔbisaa awɛmfoɔ no sɛ: “Adɛn nti na moamfa no amma?” 46 Awɛmfoɔ no buaa sɛ: “Obiara nkasaa saa da.”+ 47 Farisifoɔ no nso buaa sɛ: “Wɔadaadaa mo nso anaa? 48 Atumfoɔ no anaa Farisifoɔ no bi agye no adi anaa?+ 49 Nanso nnipakuo a wɔnnim Mmara yi yɛ wɔn a wɔadome wɔn.”+ 50 Nikodemo a na ɔka Farisifoɔ no ho a berɛ bi ɔkɔɔ ne nkyɛn no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: 51 “Sɛ wɔnnii kan ntiee+ obi anom asɛm nhunuu deɛ ɔreyɛ a, yɛn mmara tumi bu no atɛn anaa?” 52 Wɔbua see no sɛ: “Adɛn, wo nso wofiri Galilea anaa? Hwehwɛ mu hwɛ na wobɛhunu sɛ odiyifoɔ+ biara nni hɔ a ɔbɛfiri Galilea asɔreɛ.”*
* Tete ntwerɛeɛ ahodoɔ a wɔato din Codex Sinaiticus, Codex Vaticanus, ne Sinaitic Syriac codex no ayi nkyekyɛmu 53 kɔsi ti 8, nkyekyɛmu 11 afiri mu, na ɛkenkan sɛdeɛ ɛdi soɔ yi (na nsonsonoeɛ bi wɔ Hela ntwerɛeɛ ahodoɔ no bi mu):
53 Enti wɔn mu biara kɔɔ ne fie.