Yohane
9 Afei berɛ a ɔretwam no, ɔhunuu ɔbarima bi a wɔwoo no nifirani. 2 Ɛnna n’asuafoɔ no bisaa no sɛ: “Rabi,+ hwan na ɔyɛɛ bɔne,+ ɔbarima yi anaa n’awofoɔ,+ a enti wɔwoo no nifirani yi?” 3 Yesu buaa sɛ: “Ɔbarima yi anaa n’awofoɔ mu biara nyɛɛ bɔne, na mmom sɛdeɛ Onyankopɔn nnwuma bɛda adi wɔ ne fam ntira.+ 4 Adekyeeɛ wɔ hɔ yi, ɛsɛ sɛ yɛyɛ deɛ ɔsomaa me no nnwuma;+ anadwo+ reba a obiara rentumi nyɛ adwuma. 5 Berɛ tenten a mewɔ wiase yi deɛ, mene wiase hann.”+ 6 Ɔkaa saa no, ɔtee ntasuo too fam na ɔde fraa dɔteɛ de sraa ɔbarima no ani so,+ 7 na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔhohoro+ no Siloa tadeɛ+ (a ne nkyerɛaseɛ ne ‘Wɔasoma’) no mu. Enti ɔkɔ kɔhohoroeɛ,+ na ɔsan baeɛ no, na ɔhunu adeɛ.+
8 Ɛnna ne kuromfoɔ ne wɔn a kane no na wɔhu no sɛ ɔsrɛsrɛ adeɛ no firii aseɛ kaa sɛ: “Ɛnyɛ ɔbarima a na ɔtaa tena ase srɛsrɛ adeɛ no nie?”+ 9 Ebinom kaa sɛ: “Ɔno a.” Afoforɔ nso kaa sɛ: “Dabi, mmom ɔsɛ no.” Ɔbarima no kaa sɛ: “Ɛyɛ me a.” 10 Ɛnna wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛnneɛ ɛyɛɛ dɛn na w’ani bueeɛ?”+ 11 Ɔbuaa sɛ: “Obi a wɔfrɛ no Yesu na ɔfraa dɔteɛ de sraa m’ani so ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Kɔ Siloa+ mu kɔhohoro.’ Enti mekɔhohoroeɛ na mehunuu adeɛ.” 12 Ɛnna wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔwɔ he?” Ɔkaa sɛ: “Mennim.”
13 Afei wɔde ɔbarima a anka n’ani afira no kɔɔ Farisifoɔ no hɔ. 14 Asɛm no ne sɛ, na ɛda a Yesu fraa dɔteɛ na ɔbuee n’ani+ no yɛ Homeda.+ 15 Ɛnna afei Farisifoɔ no nso bisaa no deɛ ɛyɛeɛ a ɔhunuu adeɛ.+ Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɔde dɔteɛ yɛɛ m’ani so, ɛnna mehohoroeɛ a mehunu adeɛ yi.” 16 Enti Farisifoɔ no bi firii aseɛ kaa sɛ: “Onipa yi mfiri Onyankopɔn hɔ, ɛfiri sɛ ɔnni Homeda.”+ Afoforɔ nso firii aseɛ kaa sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na obi a ɔyɛ ɔbɔnefoɔ atumi ayɛ nsɛnkyerɛnne+ a ɛte saa?” Enti wɔn mu paeeɛ.+ 17 Ɛnna wɔbisaa onifirani no bio sɛ: “Berɛ a wabue w’ani yi, ɛdeɛn na woka fa ne ho?” Ɔbarima no kaa sɛ: “Ɔyɛ odiyifoɔ.”+
18 Nanso Yudafoɔ no annye anni sɛ na n’ani afira na afei wahunu adeɛ kɔsii sɛ wɔfrɛɛ ɔbarima a wahunu adeɛ no awofoɔ baeɛ. 19 Ɛnna wɔbisaa wɔn sɛ: “Mo ba a moka sɛ wɔwoo no nifirani no nie? Ɛnneɛ ɛyɛɛ dɛn na seesei ɔhunu adeɛ?” 20 N’awofoɔ buaa sɛ: “Yɛnim sɛ yɛn ba nie, na yɛwoo no no, na n’ani afira. 21 Nanso deɛ ɛyɛeɛ a seesei ɔhunu adeɛ yi deɛ, yɛnnim, na onii a ɔbuee n’ani no nso yɛnnim. Mommisa no. Wanyini. Ɔno ara bɛkasa ama ne ho.” 22 N’awofoɔ kaa yei ɛfiri sɛ na wɔsuro+ Yudafoɔ no, na na Yudafoɔ no abɔ pɔ sɛ sɛ obi gye no tom sɛ Kristo a, wɔbɛtu no afiri hyiadan no mu.+ 23 Yei nti na n’awofoɔ kaa sɛ: “Wanyini. Mommisa no.”
24 Enti wɔsan frɛɛ ɔbarima a na n’ani afira no ne mprenu soɔ, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Hyɛ Onyankopɔn animuonyam;+ yɛnim sɛ onipa yi yɛ ɔbɔnefoɔ.” 25 Ɔno nso buaa sɛ: “Sɛ ɔyɛ ɔbɔnefoɔ a, me deɛ mennim. Adeɛ baako na menim, ɛne sɛ na meyɛ onifirani, nanso seesei mehunu adeɛ.” 26 Ɛnna wɔbisaa no sɛ: “Ɛdeɛn na ɔyɛɛ woɔ? Ɔyɛɛ dɛn na ɔbuee w’ani?” 27 Ɔbuaa wɔn sɛ: “Maka akyerɛ mo dada nanso moantie. Adɛn na mopɛ sɛ mote bio? Mo nso mopɛ sɛ moyɛ n’asuafoɔ anaa?” 28 Ɛnna wɔdidii no atɛm kaa sɛ: “Wo na woyɛ ne suani, na yɛn deɛ, yɛyɛ Mose asuafoɔ. 29 Yɛnim sɛ Onyankopɔn akasa akyerɛ Mose;+ na onipa yi deɛ, yɛnnim baabi a ɔfire.”+ 30 Ɔbarima no bua see wɔn sɛ: “Asɛm yi yɛ nwanwa paa+ sɛ monnim baabi a ɔfire nanso wabue m’ani. 31 Yɛnim sɛ Onyankopɔn ntie abɔnefoɔ,+ na mmom sɛ obi suro Nyankopɔn na ɔyɛ n’apɛdeɛ a, ɔtie no.+ 32 Ɛfiri tete bɛsi nnɛ yɛntee sɛ obi abue deɛ wɔawo no nifirani ani da. 33 Sɛ onipa yi mfiri Onyankopɔn a,+ anka ɔntumi nyɛ hwee.” 34 Wɔbua see no sɛ: “Wo a bɔne mu nko na wɔwoo woɔ yi,+ wo na worekyerɛkyerɛ yɛn?” Ɛnna wɔpamoo no firii hɔ!+
35 Yesu tee sɛ wɔapamo no, na berɛ a ɔhunuu no no, ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Wogye onipa Ba+ no di anaa?” 36 Ɔbarima no buaa sɛ: “Owura, ɔne hwan na mennye no nni?” 37 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Woahu no, na hwɛ, ɔno ara na ɔne wo rekasa yi.”+ 38 Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Owura, megye no di.” Na ɔkotoo+ n’anim. 39 Ɛnna Yesu kaa sɛ: “Atemmuo+ yi nti na mebaa wiase: sɛ wɔn a wɔnhunu adeɛ no bɛhunu adeɛ,+ na wɔn a wɔhunu adeɛ no adane anifirafoɔ.”+ 40 Farisifoɔ no bi a wɔka ne ho no tee nsɛm yi, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛn nso yɛyɛ anifirafoɔ+ anaa?” 41 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ moyɛ anifirafoɔ a, anka bɔne nni mo ho. Nanso afei moka sɛ, ‘Yɛhunu adeɛ.’+ Mo bɔne+ no aka hɔ.”