Yohane
10 “Nokorɛ, nokorɛ, mese mo sɛ, obiara a ɔmfa ɛpono+ ano nkɔ nnwammuo no mu na ɔforo fa baabi foforɔ no, ɔyɛ korɔmfoɔ ne dwotwafoɔ.+ 2 Na mmom deɛ ɔfa pono+ ano ba mu no ne nnwan+ no hwɛfoɔ.+ 3 Ɛpono ano hwɛfoɔ+ no bue no, na nnwan+ no tie ne nne, na ɔbɔ ɔno ara ne nnwan din frɛ wɔn de wɔn firi adi. 4 Sɛ ɔde ne deɛ nyinaa firi adi a, ɔdi wɔn anim na nnwan no di n’akyi,+ ɛfiri sɛ wɔnim ne nne.+ 5 Ɔhɔhoɔ deɛ, wɔrenni n’akyi ɛkwan biara so, mmom wɔbɛdwane afiri ne nkyɛn,+ ɛfiri sɛ wɔnnim ahɔhoɔ nne.”+ 6 Yesu yɛɛ saa ntotoho yi kyerɛɛ wɔn; nanso wɔanhunu deɛ na asɛm a ɔreka akyerɛ wɔn no kyerɛ.+
7 Enti Yesu kaa bio sɛ: “Nokorɛ, nokorɛ, mese mo sɛ, mene nnwan no pono+ no. 8 Wɔn a wɔde me din aba nyinaa yɛ akorɔmfoɔ ne adwotwafoɔ;+ nanso nnwan no antie wɔn.+ 9 Mene pono no;+ obiara a ɔfa me so kɔ mu no, wɔbɛgye no nkwa, na ɔbɛkɔ mu aba na wanya adidibea.+ 10 Ɔkorɔmfoɔ+ mma gye sɛ ɔrebɛwia, adi awu, na wasɛe adeɛ.+ Me deɛ, maba sɛdeɛ wɔbɛnya nkwa na wɔanya no mmorosoɔ. 11 Mene odwanhwɛfoɔ pa no;+ odwanhwɛfoɔ pa de ne kra to hɔ ma nnwan no.+ 12 Ɔpaani+ a ɔnyɛ odwanhwɛfoɔ na nnwan no nyɛ ɔno ara ne dea no hunu sɛ pataku reba a, ɔgya nnwan no hɔ dwane—na pataku no kye wɔn bɔ wɔn hwete+— 13 ɛfiri sɛ ɔyɛ ɔpaani,+ na deɛ ɛbɛto nnwan no mfa ne ho.+ 14 Mene odwanhwɛfoɔ pa no, na menim me nnwan,+ na me nnwan nso nim me,+ 15 sɛdeɛ Agya no nim me na me nso menim Agya no;+ na mede me kra to hɔ ma nnwan no.+
16 “Mewɔ nnwan foforɔ+ a wɔmfiri ban yi mu;+ wɔn nso ɛsɛ sɛ mede wɔn ba, na wɔbɛtie me nne,+ na wɔabɛyɛ kuo baako anya ɔhwɛfoɔ baako.+ 17 Yei nti na Agya no dɔ me,+ ɛfiri sɛ mede me kra to hɔ+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛtumi anya bio. 18 Obiara nnye mfirii me nsam, na mmom me ara na mefiri me pɛ mu de to hɔ. Mewɔ tumi sɛ mede to hɔ, na mewɔ tumi nso sɛ mesan fa.+ Menyaa yei ho ahyɛdeɛ+ firii m’Agya hɔ.”
19 Asɛm yi maa Yudafoɔ no mu paee bio.+ 20 Na wɔn mu pii kaa sɛ: “Ɔwɔ adaemone+ na wabɔ dam. Adɛn nti na motie no?” 21 Ebinom nso kaa sɛ: “Yei nyɛ nsɛm a ɛfiri obi a ɔwɔ adaemone hɔ. Adaemone ntumi mmue anifirafoɔ ani, anaa ɔbɛtumi?”
22 Saa berɛ no na ahodwira afahyɛ aduru so wɔ Yerusalem. Na ɛyɛ awɔ berɛ, 23 na na Yesu nenam asɔrefie hɔ wɔ Solomon abrannaa so.+ 24 Ɛnna Yudafoɔ no twaa ne ho hyia ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛnkɔsi da bɛn na wobɛma yɛn kra atwɛn? Sɛ wone Kristo+ no a, ka no pen kyerɛ yɛn.”+ 25 Yesu buaa wɔn sɛ: “Maka akyerɛ mo, nanso monnye nni. Nnwuma a meyɛ no Agya no din mu no, ɛno ara na ɛdi me ho adanseɛ.+ 26 Nanso monnye nni, ɛfiri sɛ monyɛ me nnwan no mu biara.+ 27 Me nnwan+ tie me nne na menim wɔn, na wɔdi m’akyi.+ 28 Na mɛma wɔn daa nkwa,+ na wɔrensɛe da,+ na obiara renhwim wɔn mfiri me nsam.+ 29 Deɛ m’Agya+ de ama me no sõ sene ade foforɔ biara,+ na obiara rentumi nhwim mfiri Agya no nsam.+ 30 Me ne Agya no yɛ baako.”+
31 Yudafoɔ no tasee aboɔ bio sɛ wɔrebɛtoto abɔ no.+ 32 Yesu buaa wɔn sɛ: “Mada nnwuma pa pii adi akyerɛ mo a ɛfiri Agya no nkyɛn. Nnwuma yi mu deɛ ɛwɔ he nti na morebɛsi me aboɔ yi?” 33 Yudafoɔ no buaa no sɛ: “Ɛnyɛ adwuma pa bi nti na yɛrebɛsi wo aboɔ, na mmom abususɛm ntira,+ ɛfiri sɛ woyɛ onipa deɛ, nanso woyɛ wo ho nyame.”+ 34 Yesu buaa wɔn sɛ: “Wɔntwerɛɛ no mo Mmara mu sɛ,+ ‘Mekaa sɛ: “Moyɛ anyame”’?+ 35 Sɛ ɔfrɛɛ wɔn a Onyankopɔn asɛm bɛkasa tiaa wɔn no ‘anyame,’+ na sɛ Twerɛnsɛm no nyɛ deɛ wɔbɛtumi asan a,+ 36 adɛn nti na moka kyerɛ me a Agya no ate me ho asoma me aba wiase no sɛ, ‘Woka abususɛm’ ɛsiane sɛ meka sɛ meyɛ Onyankopɔn Ba+ nti? 37 Sɛ menyɛ m’Agya nnwuma a,+ monnnye me nnni. 38 Na sɛ nso meyɛ a, ɛnneɛ sɛ me na monnye me nni a, monnye nnwuma no nni+ na moahunu na moakɔ so ahunu sɛ Agya no wɔ me mu na me nso mewɔ Agya no mu.”+ 39 Ɛnna wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛkye no;+ nanso ɔfirii hɔ a wɔn nsa anka no.+
40 Enti ɔsiim bio kɔfaa Yordan so kɔɔ baabi a na kane no Yohane bɔ asuo no,+ na ɔtenaa hɔ. 41 Na nnipa bebree baa ne nkyɛn na wɔkaa sɛ: “Yohane anyɛ sɛnkyerɛnne baako mpo, nanso deɛ Yohane ka faa onipa yi ho no nyinaa yɛ nokorɛ.”+ 42 Na pii gyee no dii wɔ hɔ.+