Genesis
26 Afei ɛkɔm baa asase no so. Ɛsono ɛkɔm yi ne deɛ ɛdii kan baa Abraham berɛ soɔ no,+ na Isak kɔɔ Filistifoɔ hene Abimelek nkyɛn wɔ Gerar.+ 2 Ɛnna Yehowa yii ne ho adi kyerɛɛ no sɛ:+ “Nkɔ Egypt. Tena asase a mɛkyerɛ woɔ no so.+ 3 Tena asase yi so sɛ hɔhoɔ,+ na mɛka wo ho na mɛhyira wo, na mede nsase yi nyinaa bɛma wo ne w’asefoɔ,+ na mɛma ntam a mekaa wo papa Abraham no aba mu,+ 4 ‘Na mɛma w’asefoɔ adɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma na mede nsase yi nyinaa bɛma wɔn;+ na asase so aman nyinaa nam w’asefoɔ so bɛnya nhyira,’+ 5 ɛfiri sɛ Abraham tiee m’asɛm yɛɛ deɛ mehwehwɛ nyinaa, na ɔdii m’ahyɛdeɛ ne m’atemmusɛm ne me mmara so.”+ 6 Enti Isak kɔɔ so tenaa Gerar.+
7 Afei na mmarima a wɔwɔ hɔ no taa bisa ne yere ase, na ɛyɛ a ɔka sɛ: “Ɔyɛ me nuabaa.”+ Na ɔsuro sɛ ɔbɛka sɛ “Ɔyɛ me yere,” ɛfiri sɛ, sɛdeɛ ɔkaeɛ no, “anhwɛ a Rebeka nti mmarima a wɔwɔ ha yi bɛku me,” ɛfiri sɛ na ne ho yɛ fɛ+ paa. 8 Ɔtenaa hɔ kyɛree kakra, na da bi Filistifoɔ hene Abimelek hwɛɛ ne mpomma mu hunuu sɛ Isak ne ne yere Rebeka redi agorɔ.+ 9 Ntɛm ara na Abimelek frɛɛ Isak kaa sɛ: “Ɔbaa yi nyɛ obiara sɛ wo yere! Adɛn nti na wokaa sɛ, ‘Ɔyɛ me nuabaa’?” Ɛnna Isak ka kyerɛɛ no sɛ: “Mekaa saa ɛfiri sɛ na mesuro sɛ anhwɛ a ne nti wɔbɛku me.”+ 10 Nanso Abimelek toaa so sɛ: “Ɛdeɛn na woayɛ yɛn yi?+ Anka worebɛyɛ ama nnipa yi bi ne wo yere ada, na wode asodie abɛto yɛn so!”+ 11 Ɛnna Abimelek hyɛɛ mmara maa nkurɔfoɔ no nyinaa sɛ: “Obiara a ɔde ne nsa bɛka ɔbarima yi ne ne yere no, wɔbɛku no!”
12 Akyire yi Isak yɛɛ afuo wɔ asase no so,+ na saa afe no ɔnyaa nnɔbaeɛ mmɔho ɔha,+ ɛfiri sɛ na Yehowa ahyira no.+ 13 Enti ɔbarima no bɛyɛɛ ɔkɛseɛ na ɔkɔɔ so ara nyaa ne ho kɔsii sɛ ɔbɛyɛɛ ɔdefoɔ kɛseɛ.+ 14 Ɔbɛnyaa nnwan ne anantwie ne nkoa pii,+ na ɛmaa Filistifoɔ no ani beree no.+
15 Na nsubura a ne papa Abraham nkoa tuiɛ+ berɛ a ɔte aseɛ no, Filistifoɔ no de dɔteɛ sii no.+ 16 Afei Abimelek ka kyerɛɛ Isak sɛ: “Tu firi ha kɔ ɛfiri sɛ woabɛnya tumi asene yɛn koraa.”+ 17 Enti Isak tu firii hɔ kɔɔ Gerar+ Bɔn mu kɔtenaa hɔ. 18 Afei Isak san tuu nsubura a ne papa Abraham nkoa tuiɛ berɛ a ɔte aseɛ no mu bio. Nsubura yi na Filistifoɔ no sii no Abraham wuo akyi no.+ Na edin a ne papa de totoo nsubura no ara na ɔsan de totoeɛ.+
19 Isak nkoa no tuu abura wɔ bɔn no mu na wɔnyaa nsu pa wɔ hɔ. 20 Afei akameakame baa Gerar nnwanhwɛfoɔ ne Isak nnwanhwɛfoɔ ntam,+ na wɔkaa sɛ: “Nsuo no yɛ yɛn dea!” Enti ɔtoo abura no din Esek, ɛfiri sɛ wɔne no peree ho. 21 Afei wɔsan tuu abura foforɔ, na ɛno nso wɔne no peree ho. Enti ɔfrɛɛ no Sitna. 22 Akyire yi wɔfirii hɔ kɔtuu abura foforɔ,+ na ɛno deɛ wɔne no ampere ho. Enti ɔfrɛɛ no Rehobot kaa sɛ: “Afei deɛ, Yehowa ama yɛanya yɛn ho atwayɛ+ na wama yɛadi yie asase yi so.”+
23 Wɔfirii hɔ kɔɔ Beer-Seba.+ 24 Afei Yehowa yii ne ho adi kyerɛɛ no anadwo no, na ɔkaa sɛ: “Mene wo papa Abraham Nyankopɔn.+ Nsuro,+ ɛfiri sɛ meka wo ho, na m’akoa Abraham nti mɛhyira wo mama w’ase atrɛ.”+ 25 Enti ɔsii afɔrebukyia na ɔbɔɔ Yehowa din+ wɔ hɔ; afei Isak sii ne ntomadan+ wɔ hɔ na ne nkoa tuu abura wɔ hɔ.
26 Akyire yi Abimelek ne n’adamfo fotufoɔ Ahusat ne ne sahene Pikol+ firi Gerar baa ne nkyɛn. 27 Ɛnna Isak bisaa wɔn sɛ: “Moaba me nkyɛn rebɛyɛ dɛn? Ɛnyɛ mo ara na ɔtan nti mopamoo me firii mo mpɔtamu hɔ no?”+ 28 Afei wɔkaa sɛ: “Yɛahunu ampa ara sɛ Yehowa di w’akyi.+ Enti yɛdwenee ho sɛ, ‘Yɛne wo bɛkeka yɛn ho ntam,+ na yɛne wo ayɛ apam+ 29 sɛ worenyɛ yɛn bɔne biara sɛdeɛ yɛmfaa yɛn nsa nkaa woɔ na yɛne wo adi no yie na yɛagya wo kwan asomdwoeɛ+ mu no. Yɛahunu sɛ Yehowa ahyira wo ampa.’”+ 30 Afei ɔtoo wɔn pono, na wɔdidi nomeeɛ.+ 31 Adeɛ kyeeɛ no wɔsɔree ntɛm, na wɔkekaa wɔn ho ntam.+ Ɛno akyi no, Isak gyaa wɔn kwan na wɔde asomdwoeɛ+ firii ne nkyɛn kɔeɛ.
32 Saa da no, Isak nkoa no bɛkaa abura a wɔtuiɛ+ no ho asɛm kyerɛɛ no sɛ: “Yɛato nsuo!” 33 Enti ɔfrɛɛ no Siba. Ɛno nti na kuro no din de Beer-Seba+ bɛsi nnɛ no.
34 Na Esau dii mfeɛ aduanan no, ɔwaree Hitini Beeri ba Yudit ne Hitini+ Elon ba Basemat. 35 Na wɔmaa Isak ne Rebeka dii awerɛhoɔ.+