Genesis
27 Afei berɛ a Isak abɔ akɔkoraa na n’ani so ayɛ kusuu a ɔnhunu adeɛ+ no, ɔfrɛɛ ne ba panin Esau sɛ:+ “Me ba, wowɔ he?” Ɛnna ɔse: “Menie!” 2 Ɔkaa sɛ: “Hwɛ, mabɔ akora.+ Mennim da a mɛwuo.+ 3 Enti mesrɛ wo, fa wo nneɛma a wode yɛ ha, w’agyan ne ne kotokuo, na kɔ wuram kɔpɛ nam bi bra.+ 4 Wode ba a, fa yɛ akɔnnɔduane a mepɛ paa brɛ me ma menni na me kra nhyira wo ansa na mawu.”+
5 Nso berɛ a Isak ne ne ba Esau rekasa no nyinaa na Rebeka retie. Na Esau kɔɔ wuram sɛ ɔrekɔpɛ nam aba.+ 6 Ɛnna Rebeka ka kyerɛɛ ne ba Yakob sɛ:+ “Hwɛ, mate sɛ wo papa reka akyerɛ wo nua Esau sɛ, 7 ‘Kɔ wuram kɔpɛ nam bɛyɛ akɔnnɔduane ma menni na menhyira wo Yehowa anim ansa na mawu.’+ 8 Enti hwɛ, tie deɛ mereka akyerɛ woɔ yi.+ 9 Kɔ mmoadan no mu kɔpɛ mmirekyie nkumaa mmienu a wɔte apɔ brɛ me na memfa nyɛ akɔnnɔduane a wo papa pɛ mma no. 10 Mewie a, na wode akɔma wo papa ama no adi na wahyira wo ansa na wawu.”
11 Ɛnna Yakob ka kyerɛɛ ne maame Rebeka sɛ: “Me nua Esau ho wɔ nwi na me deɛ, me ho yɛ tonomtonom.+ 12 Na sɛ me papa de ne nsa ka me ho ɛ?+ Ɛbɛyɛ sɛ deɛ meredi ne ho fɛ,+ na ɛbɛdane nnome ama me, na ɛnyɛ nhyira.”+ 13 Na ne maame ka kyerɛɛ no sɛ: “Nnome biara a ɛbɛba wo soɔ no mmra me so.+ Wo deɛ, tie deɛ mereka no na kɔfa mmoa no brɛ me.”+ 14 Enti ɔkɔfaa wɔn brɛɛ ne maame na ɔde yɛɛ akɔnnɔduane a ne papa pɛ. 15 Afei Rebeka de ne ba panin+ Esau ntadeɛ a ɛyɛ fɛ a ɛwɔ ne nkyɛn wɔ fie+ hɔ no hyɛɛ ne ba kumaa+ Yakob. 16 Ɛnna ɔde mmirekyie no nwoma duraa ne nsa ne ne kɔn ho baabi a nwi nnie+ no. 17 Na ɔde aduane ne paanoo a wasiesie no hyɛɛ ne ba Yakob nsa.+
18 Enti ɔde kɔɔ ne papa hɔ, na ɔkaa sɛ: “Papa!” na ɔgyee so sɛ: “Menie! Ɛyɛ wo hwan, me ba?” 19 Ɛnna Yakob ka kyerɛɛ ne papa sɛ: “Ɛyɛ wo ba panin Esau.+ Deɛ wokaeɛ no mayɛ awie. Mesrɛ wo, sɔre tena ase na di me nam no bi na wo kra nhyira me.”+ 20 Ɛnna Isak bisaa ne ba no sɛ: “Ɛyɛɛ dɛn na wonyaa no ntɛm saa?” Ɔbuaa sɛ: “Ɛyɛ Yehowa wo Nyankopɔn na ɔmaa no bɛhyiaa me.” 21 Afei Isak ka kyerɛɛ Yakob sɛ: “Mesrɛ wo, twe bɛn me na memfa me nsa nka wo nhwɛ sɛ ɛyɛ me ba Esau ampa a.”+ 22 Enti Yakob twe bɛn ne papa Isak, na ɔde ne nsa kekaa ne ho, na ɔkaa sɛ: “Ɛnne no yɛ Yakob nne, nanso nsa no yɛ Esau nsa.”+ 23 Wanhu no, ɛfiri sɛ na ne nsa ho wɔ nwi te sɛ ne nua Esau nsa ho. Enti ɔhyiraa no.+
24 Na ɔbisaa sɛ: “Wone me ba Esau ampa?” Ɛnna ɔse: “Aane, mene no.”+ 25 Afei ɔkaa sɛ: “Fa brɛ me na menni me ba hanam no bi na me kra nhyira wo.”+ Enti ɔde bɛsii n’anim na ɔfirii aseɛ diiɛ, na ɔde nsã brɛɛ no maa no nomee. 26 Ɛnna ne papa Isak ka kyerɛɛ no sɛ: “Mesrɛ wo, twe bɛn me na bɛfe m’ano.”+ 27 Enti ɔbɛfee n’ano, na ɔtee n’atadeɛ mu hwa.+ Ɛnna ɔfirii aseɛ hyiraa no sɛ:
“Hwɛ, me ba ho hwa te sɛ afuo a Yehowa ahyira soɔ hwa. 28 Na nokorɛ Nyankopɔn no mma wo ɔsoro bosuo+ ne asase pa+ ne nnɔbaeɛ ne nsã foforɔ pii.+ 29 Aman nsom wo, na amanaman nkoto wo.+ Di wo nuanom so na wo maame yam mma nkoto wo.+ Nnome nka obiara a ɔbɛdome woɔ, na nhyira nka obiara a ɔbɛhyira woɔ.”+
30 Isak hyiraa Yakob wieeɛ a ɔfirii ne papa no anim kɔeɛ ara pɛ na ne nua Esau firi ahayɔ baeɛ.+ 31 Ɔno nso yɛɛ akɔnnɔduane de brɛɛ ne papa kaa sɛ: “Papa, mesrɛ wo sɔre na di wo ba hanam no bi na wo kra nhyira me.”+ 32 Ɛnna ne papa Isak bisaa no sɛ: “Ɛyɛ wo hwan?” Na ɔbuaa sɛ: “Ɛyɛ me, wo ba panin Esau.”+ 33 Na Isak ho wosoo biribiribiri na ɔkaa sɛ: “Ɛnneɛ hwan na ɔkɔyɛɛ ha de brɛɛ me maa medii ne nyinaa ansa na woreba yi? Mahyira no, na nhyira nso na ɔbɛnya!”+
34 Esau tee ne papa asɛm no, ɔde yea suu dendeenden, na ɔka kyerɛɛ ne papa sɛ:+ “Papa, mesrɛ wo, hyira me nso!”+ 35 Nanso ɔkaa sɛ: “Wo nua abɛdaadaa me agye wo nhyira no.”+ 36 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Ɛnyɛ ɛno nti na ne din de Yakob no? Mprenu nie a watwintwane m’ananmu.+ Wagye me panin dada,+ na seesei nso wagye me nhyira!”+ Ɔtoaa so sɛ: “Enti woannya nhyira koro bi mpo amma me?” 37 Nanso Isak buaa Esau sɛ: “Hwɛ, mayi no sɛ ɔnni wo so,+ na mede ne nuanom nyinaa ama no sɛ nkoa,+ na mede ayuo ne nsã nso ahyira no,+ na ɛdeɛn bio na ɛwɔ hɔ a mɛyɛ ama woɔ, me ba?”
38 Afei Esau bisaa ne papa sɛ: “Papa, enti nhyira baako pɛ na wowɔ? Hyira me nso, mesrɛ wo!”+ Ɛnna Esau maa ne nne so suu+ dendeenden. 39 Enti ne papa Isak buaa no sɛ:
“Hwɛ, wo ne asase pa ntam kwan bɛware, na wobɛtena baabi a ɔsoro bosuo nnie.+ 40 Wo nkrantɛ ano na wode bɛtena aseɛ,+ na wobɛsom wo nua.+ Nanso sɛ wofiri aseɛ teetee a, wobɛbu ne kɔndua mu ayi afiri wo kɔn so.”+
41 Ɛsiane sɛ Esau papa hyiraa Yakob nti,+ Esau bɛtanee ne nua no, na ɔkaa no n’akomam sɛ:+ “Berɛ a wɔde bɛgyam me papa abɛn.+ Ɛno akyi no mɛku me nua Yakob.”+ 42 Berɛ a wɔbɛkaa asɛm a Rebeka ba panin Esau aka kyerɛɛ no no, ntɛm ara na Rebeka soma kɔfrɛɛ ne ba kumaa Yakob na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ, wo nua Esau abɔ wo ato hɔ*—ɔnya wo a, ɔbɛku wo.+ 43 Enti me ba, tie na sɔre+ dwane kɔ me nua Laban nkyɛn wɔ Haran.+ 44 Na tena ne nkyɛn nna kakra kɔsi sɛ wo nua abufuo ano bɛdwoɔ;+ 45 twɛn kɔsi sɛ wo nua abufuo bɛdane afiri wo soɔ na ne werɛ afiri deɛ woayɛ no.+ Afei mɛsoma ama wɔabɛfa wo afiri hɔ. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mehwere mo mmienu nyinaa da koro?”
46 Akyire yi Rebeka ka kyerɛɛ Isak sɛ: “Het mma mmaa nti asetena afono me.+ Na sɛ Yakob nso kɔware Het mma mmaa te sɛ yeinom wɔ asase yi so a, ɛnneɛ na mete ase reyɛ dɛn?”+