Genesis
28 Enti Isak frɛɛ Yakob na ɔhyiraa no ka kyerɛɛ no sɛ: “Nware Kanaanfoɔ mmaa no mu biara.+ 2 Sɔre kɔ Padan-Aram, wo maame papa Betuel fie, na ware wo wɔfa Laban mma mmaa no baako.+ 3 Adeɛ nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn bɛhyira wo ama w’ase atrɛ ayɛ bebree, na woabɛyɛ aman asafodɔm.+ 4 Na ɔde Abraham nhyira bɛma wo+ ne w’asefoɔ a wɔka wo ho,+ na wobɛfa asase a wobɛsoɛ+ so a Onyankopɔn de ama Abraham no.”+
5 Enti Isak gyaa Yakob kwan na ɔsiim kɔɔ Siriani Betuel+ ba Laban nkyɛn wɔ Padan-Aram. Ná ɔyɛ Yakob ne Esau maame+ Rebeka nuabarima.+
6 Esau hunuu sɛ Isak ahyira Yakob agya no kwan kɔ Padan-Aram sɛ ɔnkɔware wɔ hɔ, na waka akyerɛ no nso sɛ: “Nware Kanaanfoɔ mmaa+ no mu biara.” 7 Afei ɔhunuu sɛ Yakob atie ne papa ne ne maame asi kwan so rekɔ Padan-Aram.+ 8 Na Esau hunuu sɛ ne papa Isak ani nnye Kanaanfoɔ mmaa no ho.+ 9 Enti Esau kɔɔ Abraham ba Ismael nkyɛn kɔwaree ne babaa Mahalat a ɔyɛ Nebaiot nuabaa kaa ne yerenom ho.+
10 Yakob firii Beer-Seba de n’ani kyerɛɛ Haran.+ 11 Afei ɔkɔduruu bea bi na ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛda hɔ ɛfiri sɛ na enwunu adwo. Enti ɔfaa boɔ bi de yɛɛ sumiiɛ na ɔdaa hɔ.+ 12 Na ɔsoo daeɛ,+ na ɔhunuu sɛ atwedeɛ bi si asase so na n’atifi kɔpem soro; na ɔhunuu sɛ Onyankopɔn abɔfoɔ redi aforosiane wɔ soɔ.+ 13 Na hwɛ! Yehowa gyina atifi, na ɔkaa sɛ:+
“Mene Yehowa, w’agya Abraham Nyankopɔn ne Isak Nyankopɔn.+ Mede asase a woda soɔ yi bɛma wo ne w’asefoɔ.+ 14 W’asefoɔ bɛyɛ sɛ asase so anwea+ na w’ase bɛtrɛ akɔ baabiara, atɔeɛ ne apueeɛ,+ atifi ne anafoɔ; na asase so mmusua nyinaa nam wo ne w’asefoɔ so bɛnya nhyira.+ 15 Mɛdi w’akyi na baabi a wobɛkorɔ biara mɛhwɛ wo so, na mɛsan de wo aba asase yi so,+ na merennya wo gye sɛ mayɛ deɛ maka akyerɛ woɔ yi nyinaa.”+
16 Afei Yakob nyaneeɛ na ɔkaa sɛ: “Ampa ara Yehowa wɔ ha na mennim yi.” 17 Ehu kaa no na ɔkaa sɛ:+ “Ɛha yɛ hu papaapa!+ Ɛha nyɛ baabiara sɛ Onyankopɔn fie,+ na ɛha ne ɔsoro pono ano.” 18 Enti Yakob sɔree anɔpatutuutu faa boɔ a ɔde yɛɛ sumiiɛ no de yɛɛ nkaeɛdum, na ɔhwiee ngo guu so.+ 19 Afei ɔtoo hɔ din Betel;+ nanso na kuro no din paa ne Lus.+
20 Na Yakob hyɛɛ bɔ+ sɛ: “Sɛ Onyankopɔn di m’akyi hwɛ me so m’akwantuo yi mu, na ɔma me aduane di ma me atadeɛ hyɛ+ 21 na mesan kɔ me papa fie asomdwoeɛ mu a, ɛnneɛ na Yehowa ada ne ho adi sɛ ɔyɛ me Nyankopɔn ampa.+ 22 Na ɛboɔ a mede ayɛ nkaeɛdum yi bɛyɛ Onyankopɔn fie,+ na biribiara a wode bɛma me no nso mɛkyɛ mu du ama wo baako.”+