Genesis
29 Afei Yakob toaa n’akwantuo no so kɔɔ Apueeɛ Famfoɔ+ asase so. 2 Na ɔhunuu sɛ abura bi wɔ asase no so a nnwankuo mmiɛnsa butubutu ho, ɛfiri sɛ saa abura no mu nsuo na wɔsa ma mmoa+ no nom; na na ɛboɔ kɛseɛ bi da abura no ano.+ 3 Sɛ wɔboaboa nnwan no nyinaa ano wɔ hɔ a, wɔyi boɔ no firi abura no ano, na wɔma nnwan no nsuo, afei wɔsan de boɔ no to abura no ano.
4 Na Yakob bisaa wɔn sɛ: “Me nuanom, ɛhe na mofire?” na wɔbuaa sɛ: “Yɛfiri Haran.”+ 5 Afei ɔbisaa wɔn sɛ: “Monim Nahor+ banana Laban?”+ Na wɔkaa sɛ: “Yɛni no.” 6 Ɛnna ɔbisaa wɔn sɛ: “Ne ho yɛ anaa?”+ Na wɔbuaa sɛ: “Ne ho yɛ. Na ne babaa Rahel+ mpo na ɔde nnwan reba no!”+ 7 Ɔtoaa so ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ́ adeɛ nsaeɛ. Ɛberɛ nsoo sɛ moboaboa mmoa no ano. Momma nnwan no nsuo na momma wɔnkɔdidi.”+ 8 Ɛnna wɔbuaa sɛ: “Yɛnni ho kwan sɛ yɛyɛ saa gye sɛ nnwan no nyinaa ba ha na wɔyi boɔ no firi abura no ano. Ɛno ansa na yɛbɛtumi ama nnwan no nsuo.”
9 Berɛ a ɔgu so ne wɔn rekasa no, Rahel+ de ne papa nnwan baeɛ, ɛfiri sɛ na ɔyɛ odwanhwɛfoɔ.+ 10 Berɛ a Yakob hunuu ne wɔfa Laban ba Rahel ne Laban nnwan no, ntɛm ara na Yakob kɔpiaa boɔ no firii abura no ano, na ɔmaa ne wɔfa Laban nnwan no nsuo.+ 11 Afei Yakob fee+ Rahel ano na ɔmaa ne nne so suiɛ.+ 12 Yakob ka kyerɛɛ Rahel sɛ ne maame ne Rebeka ma enti ne busuani+ ne Rahel papa. Na Rahel de mmirika kɔka kyerɛɛ ne papa.+
13 Laban tee ne wɔfase Yakob ho asɛm ara pɛ na ɔde mmirika kɔhyiaa no.+ Ɛnna ɔbam no fee n’ano, na ɔde no baa ne fie.+ Na Yakob kaa deɛ asie nyinaa kyerɛɛ Laban. 14 Na Laban ka kyerɛɛ no sɛ: “Woyɛ me dompe ne me honam.”+ Enti ɔne no tenaa bosome baako.
15 Afei Laban ka kyerɛɛ Yakob sɛ: “Woyɛ me nua+ nti wobɛsom me kwa anaa?+ Ɛdeɛn na wobɛgyeɛ?+ Ka kyerɛ me.” 16 Ná Laban wɔ mma mmaa mmienu. Panin no din de Lea+ na kumaa no de Rahel. 17 Nanso na Lea ani mma yɛ nketenkete, na Rahel+ deɛ, na ne ho yɛ fɛ firi soro bɛsi fam.+ 18 Ná Yakob dɔ Rahel, enti ɔkaa sɛ: “Mepɛ sɛ mesom wo mfeɛ nson na wode wo babaa kumaa Rahel ma me.”+ 19 Ɛnna Laban kaa sɛ: “Ɛyɛ sɛ mede no bɛma woɔ sene sɛ mede no bɛma ɔbarima foforɔ.+ Tena me nkyɛn.” 20 Na Yakob somee mfeɛ nson sɛ ɔde bɛnya Rahel,+ nanso ɛyɛɛ n’ani so sɛ nna kakraa bi ɛfiri sɛ na ɔdɔ no.+
21 Afei Yakob ka kyerɛɛ Laban sɛ: “Me berɛ aduru, mesrɛ wo fa me yere ma me na menkɔ ne ho.”+ 22 Ɛnna Laban frɛfrɛɛ nnipa a wɔwɔ hɔ nyinaa bɛhyiaeɛ na ɔtoo pono.+ 23 Nanso adeɛ saeɛ no, ɔde ne babaa Lea brɛɛ no na ama wakɔ ne ho. 24 Na Laban de n’afenaa Silpa+ maa ne babaa Lea sɛ n’abaawa. 25 Adeɛ kyeeɛ no ɔbɛhwɛ a, Lea nie! Enti ɔbisaa Laban sɛ: “Ɛdeɛn na woayɛ me yi? Ɛnyɛ Rahel nti na mesom woɔ? Adɛn nti na woadaadaa me?”+ 26 Ɛnna Laban buaa sɛ: “Ɛha deɛ, yɛnyɛ no saa. Yɛn deɛ, yɛmfa kumaa no mma awareɛ ansa na panin no aware. 27 Wo ne ɔbaa yi ntena nnawɔtwe nwie.+ Ɛno akyi no mede ɔbaa baako no nso bɛma wo na woasom me mfeɛ nson aka ho.”+ 28 Enti Yakob penee so ne ɔbaa no tena maa nnawɔtwe no soeɛ, na ɛno akyi no ɔde Rahel maa no awareɛ. 29 Na Laban de n’afenaa Bilha+ maa Rahel sɛ n’abaawa.
30 Afei ɔkɔɔ Rahel nso ho, na na ɔdɔ Rahel sene Lea,+ na ɔfirii aseɛ som Laban mfeɛ nson bio.+ 31 Yehowa hunuu sɛ ɔnnɔ Lea no, ɔbuee ne yam,+ na Rahel deɛ, ɔbɛyɛɛ obonini.+ 32 Na Lea nyinsɛn woo ɔbabarima na ɔtoo ne din Ruben,+ na ɔkaa sɛ: “Yehowa abɛhwɛ m’amanehunu,+ na afei me kunu bɛdɔ me.” 33 Na ɔsan nyinsɛn woo ɔbabarima, na ɔkaa sɛ: “Yehowa ate+ sɛ wɔnnɔ me, enti na wama me oyi nso.” Na ɔtoo ne din Simeon.+ 34 Na ɔnyinsɛnee bio woo ɔbabarima, na ɔkaa sɛ: “Afei deɛ, me kunu bɛka aba me ho, ɛfiri sɛ mawo mma mmarima mmiɛnsa ama no.” Enti ɔtoo ne din Lewi.+ 35 Na ɔsan nyinsɛn woo ɔbabarima, na ɔkaa sɛ: “Afei deɛ, mɛkamfo Yehowa.” Enti ɔtoo ne din Yuda.+ Afei n’awoɔ te kɔeɛ.