Genesis
30 Rahel hunuu sɛ ɔnwo mmaa Yakob no, n’ani beree ne nua no na ɔka kyerɛɛ Yakob+ sɛ: “Ma me mma, anyɛ saa a mɛyɛ teaseawuo.”*+ 2 Na Yakob bo fuu Rahel na ɔbisaa no sɛ:+ “Mene Onyankopɔn a wasi wo yafunu ano a wontumi nwoɔ no anaa?”+ 3 Enti ɔkaa sɛ: “Hwɛ, m’abaawa Bilha+ nie. Kɔ ne ho na ɔnwo nto me srɛ so na manya ne nkyɛn mma.”+ 4 Enti ɔde n’abaawa Bilha maa Yakob sɛ ne yere, na ɔkɔɔ ne ho.+ 5 Na Bilha nyinsɛneeɛ, na ɔwoo ɔbabarima maa Yakob.+ 6 Ɛnna Rahel kaa sɛ: “Onyankopɔn adi m’asɛm ama me,+ na watie me nso ama me ɔbabarima.” Enti ɔtoo ne din Dan.+ 7 Rahel abaawa Bilha san nyinsɛneeɛ, na ɔwoo ɔbabarima a ɔtɔ so mmienu maa Yakob. 8 Ɛnna Rahel kaa sɛ: “Me ne me nua adi asie a emu yɛ den, na madi nkonim!” Enti ɔtoo ne din Naftali.+
9 Berɛ a Lea hunuu sɛ n’awoɔ ate kɔ no, ɔde n’abaawa Silpa maa Yakob sɛ ne yere.+ 10 Na Silpa woo ɔbabarima maa Yakob. 11 Ɛnna Lea kaa sɛ: “Aba yie!” Enti ɔtoo ne din Gad.+ 12 Ɛno akyi no Silpa woo ɔbabarima a ɔtɔ so mmienu maa Yakob. 13 Ɛnna Lea kaa sɛ: “M’ani agye! Mmaa bɛfrɛ me deɛ ɔwɔ anigyeɛ.”+ Enti ɔtoo ne din Aser.+
14 Afei ayuo twa berɛ+ mu no, na Ruben+ nam na ɔkɔhunuu dudayim+ aduaba wɔ wuram. Enti ɔde brɛɛ ne maame Lea. Ɛnna Rahel ka kyerɛɛ Lea sɛ: “Mesrɛ wo, ma me aduaba a wo ba no de baeɛ no bi.” 15 Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Wogye di sɛ ɛyɛ asɛm ketewa sɛ wobɛgye me kunu+ na woasan abɛgye aduaba a me ba de aba yi?” Enti Rahel kaa sɛ: “Sɛ saa a, ma me wo ba no aduaba no bi na ɔne wo nkɔda anadwo yi.”
16 Anwummerɛ+ a Yakob firi afuo mu reba no Lea kɔhyiaa no kaa sɛ: “Wobɛba me ho anadwo yi, ɛfiri sɛ mabɔ wo paa na mede dudayim aduaba a me ba de baeɛ no atua ka.” Enti ɔkɔɔ ne ho anadwo no.+ 17 Na Onyankopɔn tiee Lea na ɔnyinsɛneeɛ, na ɔwoo ɔbabarima a ɔtɔ so nnum maa Yakob.+ 18 Ɛnna Lea kaa sɛ: “Onyankopɔn de m’akatua ama me, ɛfiri sɛ mede m’abaawa ama me kunu.” Enti ɔtoo ne din Isakar.+ 19 Na Lea san nyinsɛneeɛ na ɔwoo ɔbabarima a ɔtɔ so nsia maa Yakob.+ 20 Ɛnna Lea kaa sɛ: “Onyankopɔn akyɛ me adepa. Afei deɛ me kunu bɛpɛ m’asɛm,+ ɛfiri sɛ mawo mma mmarima nsia ama no.”+ Enti ɔtoo ne din Sebulon.+ 21 Na ɛno akyi no ɔwoo ɔbabaa na ɔtoo ne din Dina.+
22 Afei Onyankopɔn kaee Rahel, na Onyankopɔn tiee no na ɔbuee ne yafunu mu.+ 23 Ɔnyinsɛneeɛ na ɔwoo ɔbabarima. Ɛnna ɔkaa sɛ: “Onyankopɔn ayi m’ahohora!”+ 24 Enti ɔtoo ne din Yosef,+ na ɔkaa sɛ: “Yehowa de ɔbabarima foforɔ aka me ho.”
25 Berɛ a Rahel woo Yosef no, Yakob ka kyerɛɛ Laban sɛ: “Gya me kwan ma menkɔ me kurom.+ 26 Fa me yerenom ne me mma a masom woɔ anya wɔn no ma me na menkɔ; na wo ara wonim som a masom woɔ.”+ 27 Ɛnna Laban ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ manya w’anim adom a, mesrɛ wo twɛn, na mahunu nsɛnkyerɛnne sɛ Yehowa nam wo so ahyira me.”+ 28 Na ɔde kaa ho sɛ: “Kyerɛ akatua a memfa mma woɔ, na mede bɛma wo.”+ 29 Enti ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Wo ara wonim sɛdeɛ masom woɔ ne sɛdeɛ wo mmoa ayɛ wɔ me nsam;+ 30 na wonim sɛ ansa na mereba no na wowɔ mmoa kakraa bi, nanso ɛfiri berɛ a mebaa ha yi, Yehowa ahyira wo+ ama wɔadɔɔso ayɛ bebree. Enti berɛ bɛn na me nso mɛnya biribi ama me fie?”+
31 Ɛnna ɔbisaa no sɛ: “Ɛdeɛn na memfa mma woɔ?” Na Yakob kaa sɛ: “Mma me hwee!+ Sɛ wobɛyɛ yei ama me a, mɛkɔ so ahwɛ wo nnwan no.+ Mɛbɔ wɔn ho ban.+ 32 Mɛfa wo nnwan no nyinaa mu nnɛ. Ma nnwan a wɔn ho yɛ damedame nworonworan ne nnwammaa a wɔn ho yɛ tuntum ne mmirekyie a wɔn ho yɛ damedame nworonworan no nnyina faako. Ma ɛno nyɛ m’akatua.+ 33 Sɛ ɛba sɛ daakye wobɛhwɛ m’akatua+ no a, me nokorɛdie bɛdi me ho adanseɛ; na sɛ wohunu mmirekyie a wɔn ho nyɛ damedame nworonworan ne nnwammaa a wɔn ho nyɛ tuntum wɔ me nkyɛn a, na mawia.”+
34 Ɛnna Laban kaa sɛ: “Ɛyɛ paa! Ma yɛnyɛ no sɛdeɛ woaka no.”+ 35 Enti saa da no ɔmaa mpapo a wɔn ho wɔ nsensaneeɛ ne mmirekyibereɛ a wɔn ho yɛ damedame nworonworan, deɛ fitaa wɔ ne ho biara, ne nnwammaa a wɔyɛ tuntum nyinaa gyinaa faako, na ɔde wɔn hyɛɛ ne mma mmarima no nsa. 36 Afei ɔhwɛɛ sɛ ɔne Yakob ntam bɛyɛ nnansa kwan, na Yakob hwɛɛ Laban nnwan a ɛkaeɛ no so.
37 Afei Yakob twitwaa duafufuo+ ne ɔsonkoran+ ne kyɛnkyɛn+ nnua a ɛyɛ mono, na ɔwaewaee ho maa baabi a ɛyɛ fitaa no daa adi.+ 38 Afei ɔde nnua a wawaewae ho no guu baabi a nnwan no nom nsuo,+ na sɛ wɔba hɔ bɛnom nsuo na wɔhunu a, wɔn berɛ aduru ama wɔaforo wɔn.
39 Enti sɛ nnwan no ba nnua no ho a wɔforo wɔn, na wɔwo mma a wɔn ho yɛ nsensaneeɛ ne damedame nworonworan.+ 40 Yakob yii nnwammaa no kɔɔ nkyɛn na ɔde nnwan no ani kyerɛɛ Laban nnwankuo no mu nnwan a wɔn ho yɛ nsensaneeɛ ne damedame no. Afei Yakob yii mmoa a wanya no kɔɔ nkyɛn na wamma wɔamfra Laban deɛ no mu. 41 Berɛ biara a ɛbɛduru sɛ wɔforo nnwan a wɔn ho yɛ den+ no, Yakob de nnua no kɔgu subɔnka+ no ho faako a nnwan no bɛhunu, na ama wɔaforo wɔn wɔ nnua no ho. 42 Nanso sɛ nnwan no yɛ nofonofo a, ɔmfa nnua no ngu hɔ. Enti na Laban nnwan no yɛ nofonofo, na Yakob deɛ no ho yɛ den.+
43 Enti ɔbarima no nyaa ne ho paa, na ɔnyaa nnwan ne mfenaa ne nkoa ne yoma ne mfunumu pii.+