Genesis
31 Akyire yi Yakob tee sɛ Laban mma no rekeka sɛ: “Yakob afa yɛn papa nneɛma nyinaa; na yɛn papa agyapadeɛ na ɔde anya ne ho.”+ 2 Afei Yakob hunuu sɛ Laban nte n’anim mma no sɛ kane no.+ 3 Na Yehowa ka kyerɛɛ Yakob sɛ: “San kɔ w’agyanom asase so ne w’abusuafoɔ nkyɛn,+ na mɛkɔ so adi w’akyi.”+ 4 Ɛnna Yakob frɛɛ Rahel ne Lea baa baabi a ne nnwan didie no, 5 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ:
“Mahunu sɛ mo papa Laban nte n’anim mma me sɛ kane no;+ nanso mahunu sɛ Onyankopɔn a me papa som no no di m’akyi.+ 6 Mo ara monim sɛ mede m’ahoɔden nyinaa asom mo papa.+ 7 Na mo papa adaadaa me, na wasesa m’akatua mprɛ du, nanso Onyankopɔn amma kwan amma no anyɛ me bɔne.+ 8 Sɛ ɔka sɛ, ‘Mede mmoa a wɔn ho yɛ damedame no bɛtua wo ka’ a, mmoa no nyinaa wo wɔn a wɔn ho yɛ damedame; na sɛ ɔka sɛ, ‘Mede wɔn a wɔn ho yɛ nsensaneeɛ no bɛtua wo ka’ a, wɔn nyinaa wo wɔn a wɔn ho yɛ nsensaneeɛ.+ 9 Enti Onyankopɔn maa mo papa mmoa bɛdii me nsam.+ 10 Afei ɛduruu berɛ a ɛsɛ sɛ wɔforo mmoa no, mesoo daeɛ+ hunuu sɛ mpapo a wɔn ho yɛ nsensaneeɛ ne damedame ne nsisiinsisii no+ reforo abereɛ no. 11 Ɛnna nokorɛ Nyankopɔn no bɔfoɔ frɛɛ me daeɛ mu sɛ, ‘Yakob!’ na megyee so sɛ, ‘Menie.’+ 12 Ɔtoaa so sɛ, ‘Ma w’ani so na hwɛ, mpapo a wɔn ho yɛ nsensaneeɛ ne damedame ne nsisiinsisii no reforo abereɛ no, ɛfiri sɛ mahunu deɛ Laban reyɛ woɔ no nyinaa.+ 13 Mene nokorɛ Nyankopɔn a ɔyii ne ho adi kyerɛɛ wo wɔ Betel,+ baabi a wosraa nkaeɛdum+ bi na wohyɛɛ me bɔ no.+ Afei sɔre firi ha san kɔ asase a wɔwoo wo soɔ no so.’”+
14 Na Rahel ne Lea buaa sɛ: “Agyapadeɛ bɛn bio na yɛwɔ no yɛn papa fie?+ 15 Wantɔn yɛn sɛ ahɔhoɔ anaa? Ɛnyɛ yɛn tiri sika na ɔdi daa?+ 16 Agyapadeɛ a Onyankopɔn agye afiri yɛn papa hɔ nyinaa yɛ yɛne yɛn mma dea.+ Enti biribiara a Onyankopɔn aka akyerɛ woɔ no, yɛ.”+
17 Afei Yakob sɔre memaa ne mma ne ne yerenom so tenatenaa yoma so;+ 18 na ɔde ne mmoa ne agyapadeɛ a wabɛnya+ no Padan-Aram nyinaa siim sɛ ɔrekɔ ne papa Isak nkyɛn wɔ Kanaan asase so.+
19 Saa berɛ yi na Laban rekɔtwitwa ne nnwan ho nwi. Na Rahel wiaa ne papa terafim honi.+ 20 Afei Yakob wiaa ne ho dwaneeɛ, ɛfiri sɛ wanka ne korɔ no ho asɛm ankyerɛ Siriani Laban. 21 Na ɔde deɛ ɔwɔ nyinaa dwane kɔtwaa asubɔnten kɛseɛ no.+ Akyire yi ɔde n’ani kyerɛɛ Gilead+ bepɔ so. 22 Nnansa akyi no, Laban tee sɛ Yakob adwane. 23 Ntɛm ara na ɔfaa ne nuanom kaa ne ho tĩĩ+ no nnanson, na wɔkɔtoo no Gilead bepɔ so. 24 Na Onyankopɔn yii ne ho adi kyerɛɛ Siriani+ Laban wɔ daeɛ+ mu na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ yie wɔ asɛm biara a wobɛka akyerɛ Yakob+ no ho.”
25 Enti Laban kɔtoo Yakob sɛ wasi ne ntomadan wɔ bepɔ so, na Laban ne ne nuanom nso sii wɔn deɛ wɔ Gilead bepɔ so. 26 Afei Laban ka kyerɛɛ Yakob sɛ: “Ɛdeɛn na woayɛ yi? Woawia wo ho de me mma mmaa adwane sɛ nnipa a wɔde nkrantɛ afa wɔn nnommum!+ 27 Adɛn nti na wowiaa wo ho dwaneeɛ a wanka ankyerɛ me amma mamfa osebɔ ne nnwom+ ne mpintin ne sankuo+ annya wo kwan? 28 Woamma mamfe mmɔfra yi ne me mma mmaa no ano+ mpo. Woadi nkwaseasɛm. 29 Anka mɛtumi ayɛ mo bɔne biara a mepɛ,+ nanso Onyankopɔn a mo papa som no no ne me kasaa anadwo yi sɛ, ‘Hwɛ yie wɔ asɛm biara a wobɛka akyerɛ Yakob no ho.’+ 30 Sɛ w’ani agyina wo papa fie na wopɛ sɛ wokɔ a, adɛn nti na woawia m’anyame?”+
31 Ɛnna Yakob buaa Laban sɛ: “Na mesuro+ sɛ wobɛgye wo mma mmaa no afiri me nsam. 32 Obiara a wobɛhunu w’anyame no wɔ ne nkyɛn no, ɛnsɛ sɛ ɔnya ne tiri didi mu.+ Yɛn nuanom na wɔwɔ ha yi; hwehwɛ biribiara mu na sɛ wohunu a, fa kɔ.”+ Nanso na Yakob nnim sɛ Rahel na wawia.+ 33 Enti Laban kɔɔ Yakob ne Lea ne mmaawa mmienu+ no nyinaa ntomadan mu, nanso wanhunu. Afei ɔfiri Lea hɔ kɔɔ Rahel ntomadan mu. 34 Ná Rahel afa terafim honi no de ahyɛ mmaa kotokuo a wɔde to yoma soɔ no mu, na saa berɛ no nyinaa na ɔte so. Enti Laban hwehwɛɛ ntomadan no mu baabiara nanso wanhunu. 35 Ɛnna Rahel ka kyerɛɛ ne papa sɛ: “Papa, mesrɛ wo mma wo bo mmfu me,+ merentumi nsɔre ɛfiri sɛ mmaa adeɛ no bi ayɛ me.”+ Enti ɔtoo ne bo ase hwehwɛɛ baabiara nanso wanhunu terafim honi+ no.
36 Yakob bo fuiɛ+ na ɔne Laban hamee, na ɔbisaa Laban sɛ: “Bɔne bɛn na mayɛ, na mmara bɛn na matoɔ+ a wodi m’akyi kirididi saa?+ 37 Wohwehwɛɛ me nneɛma mu yi, wo fie agyapadeɛ bɛn na woahunu?+ Sɛ woahunu biribi a fa bra me nuanom ne wo nuanom nyinaa anim+ na wɔmmu yɛn mmienu ntam atɛn.+ 38 Me ne wo atena mfeɛ aduonu. Wo nnwan anaa mmirekyie no biara ampɔn,+ na manwe mu biara nso. 39 Sɛ aboa bi ku wo mmoa no bi a, me ara metua ka; memfa no mmrɛ wo.+ Na sɛ obi wia bi anadwo oo, awia oo, wogye no me nsam.+ 40 Ahuhuro ba awia a, menam mu, awɔ ba anadwo nso a, menam mu, m’ani nkum na mada.+ 41 Mfeɛ aduonu nie a matena wo fie. Wo mma mmaa nti, masom wo mfeɛ dunan, na mede mfeɛ nsia nso ahwɛ wo mmoa, na woasesa m’akatua mprɛ du.+ 42 Sɛ me papa ne Abraham Nyankopɔn,+ deɛ Isak suro no+ no, nni m’akyi a, anka nsapan na wode bɛgya me kwan. Nanso Onyankopɔn ahunu m’ahohia ne me brɛ, enti na ɔkaa w’anim nnora anadwo no.”+
43 Na Laban buaa Yakob sɛ: “Hwɛ, mmaa yi yɛ me mma mmaa, mmɔfra yi nso yɛ me dea, na mmoa yi nso wɔ me; biribiara a w’ani tua yi yɛ me ne me mma mmaa dea. Bɔne bɛn na nnɛ mɛtumi ayɛ wɔn anaa mmɔfra a wɔawo wɔn yi? 44 Mesrɛ wo, bra na me ne wo nyɛ apam+ na ɛnyɛ adanseɛ me ne wo ntam.”+ 45 Enti Yakob faa ɛboɔ na ɔde yɛɛ nkaeɛdum.+ 46 Na Yakob ka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: “Montase aboɔ mmra!” Ɛnna wɔkɔtasee aboɔ baeɛ na wɔboaboaa ano+ yɛɛ no kuo. Na wɔdidii aboɔ kuo no so. 47 Laban frɛɛ hɔ Yega-Sahaduta, na Yakob deɛ ɔfrɛɛ hɔ Galeed.
48 Afei Laban kaa sɛ: “Aboɔ kuo yi yɛ me ne wo ntam adanseɛ nnɛ.” Enti na ɔfrɛɛ no Galeed,+ 49 ne Ɔwɛn Aban, ɛfiri sɛ ɔkaa sɛ: “Sɛ wokɔ na me nso mekɔ a, Yehowa nhwɛ me ne wo ntam.+ 50 Sɛ woteetee me mma mmaa+ yi anaa wokɔfa mmaa foforɔ ka me mma yi ho a, onipa biara nni yɛn ntam. Hwɛ, Onyankopɔn na ɔyɛ me ne wo ntam danseni.”+ 51 Laban toaa so kaa sɛ: “Mahyehyɛ aboɔ kuo yi na mede nkaeɛdum yi asi me ne wo ntam. 52 Aboɔ kuo ne nkaeɛdum yi yɛ adanseɛ+ sɛ merentra aboɔ yi mma wo so na wo nso worentra aboɔ ne nkaeɛdum yi mma me so mmɛyɛ me bɔne.+ 53 Abraham nyame+ ne Nahor nyame,+ wɔn agya nyame, nni me ne wo ntam asɛm.” Nanso Yakob de Onyankopɔn a ne papa Isak suro no+ no din kaa ntam.
54 Ɛno akyi no, Yakob bɔɔ afɔdeɛ wɔ bepɔ no so, na ɔfrɛɛ ne nuanom maa wɔbɛdidiiɛ.+ Enti wɔdidii na wɔdaa bepɔ no so anadwo no. 55 Na Laban sɔree anɔpahema na ɔfee mmɔfra no ne ne mma mmaa no ano+ na ɔhyiraa wɔn.+ Ɛnna Laban sii kwan so san kɔɔ ne kurom.+