Genesis
32 Yakob toaa n’akwantuo no so, na Onyankopɔn abɔfoɔ bɛhyiaa no.+ 2 Yakob hunuu wɔn no, ɔkaa sɛ: “Onyankopɔn asafo asoɛeɛ nie!”+ Enti ɔtoo hɔ din Mahanaim.+
3 Na Yakob tuu abɔfoɔ+ dii n’anim kɔɔ ne nua Esau nkyɛn wɔ Seir+ asase so wɔ Edom+ mpɔtamu hɔ, 4 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ mokɔ a, monka nkyerɛ me wura+ Esau sɛ, ‘W’akoa Yakob se: “Makɔtena Laban nkyɛn berɛ tenten de abɛsi sɛsɛɛ.+ 5 Na manya anantwie ne mfunumu, ne nnwan, ne nkoa ne mfenaa,+ na masoma sɛ wɔmma me wura aso nte na manya n’anim adom.”’”+
6 Akyire yi abɔfoɔ a Yakob somaa wɔn no san ba bɛkaa sɛ: “Yɛkɔtoo wo nua Esau, na ɔno nso ne mmarima ahanan rebɛhyia wo.”+ 7 Na Yakob bɔɔ hu paa na ne ho yeraa no.+ Enti ɔkyɛɛ nnipa a wɔka ne ho no ne nnwan ne anantwie ne yoma no mu yɛɛ wɔn akuo mmienu,+ 8 na ɔkaa sɛ: “Sɛ Esau bɛto hyɛ kuo baako so a, kuo a aka no bɛtumi adwane.”+
9 Afei Yakob kaa sɛ: “O m’agyanom Abraham ne Isak Nyankopɔn,+ Yehowa a woka kyerɛɛ me sɛ, ‘San kɔ w’asase so, w’abusuafoɔ nkyɛn na mɛhwɛ wo soɔ’ no,+ 10 mahunu sɛ w’adɔeɛ ne wo nokorɛdie a woayi adi akyerɛ me no mfata me,+ ɛfiri sɛ berɛ a meretwa Yordan no, poma nko ara na na ɛkura me, nanso seesei mabɛyɛ akuo mmienu.+ 11 Mesrɛ wo gye me+ firi me nua Esau nsam ɛfiri sɛ mesuro sɛ ɔbɛto ahyɛ me+ ne mmaa ne mmɔfra yi so. 12 Wo na wokaa sɛ, ‘Ɛkwan biara so mɛdi w’akyi na mɛma w’asefoɔ adɔɔso sɛ mpoano anwea a obiara ntumi nkan ne dodoɔ.’”+
13 Ɔdaa hɔ anadwo no. Afei ɔyii n’agyapadeɛ no bi sɛ akyɛdeɛ a ɔde bɛma Esau:+ 14 mmirekyibereɛ ahanu ne mpapo aduonu, nnwammereɛ ahanu ne adwennini aduonu, 15 yoma a wɔma nufoɔ aduasa ne wɔn mma, anantwibereɛ aduanan ne anantwinini du, mfunumu abereɛ aduonu ne mfunumu anini du.+
16 Afei ɔkyekyɛɛ mmoa no mu akuakuo de hyɛɛ ne nkoa no nsa, na ɔtĩĩ mu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monni m’anim nkɔ na momma kwan mmɛda kuo biara ne deɛ ɛdi hɔ ntam.”+ 17 Ɔka kyerɛɛ deɛ ɔdi kan no sɛ: “Sɛ ɛba sɛ me nua Esau hyia wo na ɔbisa wo sɛ, ‘Hwan akoa ne wo, na ɛhe na worekorɔ, na deɛ ɛdi w’anim yi nso yɛ hwan dea?’ a, 18 ka kyerɛ no sɛ, ‘Ɛyɛ w’akoa Yakob dea. Ɛyɛ akyɛdeɛ+ a ɔde asoma sɛ yɛmfa mmrɛ me wura+ Esau, na ɔno ara nso wɔ akyire reba.’” 19 Ɔhyɛɛ deɛ ɔtɔ so mmienu ne deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa ne wɔn a wɔdi mmoa no akyi nyinaa nso sɛ: “Sɛ mohyia Esau a, asɛm yi ara na monka nkyerɛ no.+ 20 Na momfa nka ho sɛ, ‘W’akoa Yakob wɔ yɛn akyi.’”+ Saa berɛ no na ɔreka no ne tirim sɛ: “Mede akyɛdeɛ yi di m’anim kɔ a,+ ansa na mɛduru n’anim no na ne bo adwo. Ebia ɔbɛte n’anim ama me.”+ 21 Enti ɔmaa akyɛdeɛ no dii n’anim kɔeɛ, nanso ɔno deɛ, anadwo no ɔdaa baabi a wɔsoɛeɛ no.+
22 Anadwo no ara ɔfaa ne yerenom+ mmienu no ne ne mmaawa+ mmienu no ne ne mma+ dubaako no kɔtwaa Yabok+ asutwareeɛ no. 23 Ɔde wɔn twaa asuo no,+ na ɔde deɛ ɔwɔ nyinaa nso twaeɛ.
24 Afei na aka Yakob nko ara, na ɔbarima bi ne no bɛtentameeɛ kɔsii sɛ adeɛ kyeeɛ.+ 25 Berɛ a ɔbarima no hunuu sɛ ɔntumi no wɔ atentam no mu no,+ ɔde ne nsa kaa Yakob dwonku maa no hwaneeɛ.+ 26 Na ɔkaa sɛ: “Adeɛ akye, ma menkɔ.” Ɛnna ɔkaa sɛ: “Woanhyira me a, meremma wonkɔ.”+ 27 Afei ɔbisaa no sɛ: “Wo din de sɛn?” na ɔkaa sɛ: “Yakob.” 28 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Wɔremfrɛ wo Yakob bio, mmom wɔbɛfrɛ wo Israel,+ ɛfiri sɛ wo ne Onyankopɔn ne nnipa adi apereɛ+ nanso woatumi agyina mu.” 29 Yakob nso bisaa no sɛ: “Mesrɛ wo bɔ wo din kyerɛ me.” Ɛnna ɔbisaa no sɛ: “Adɛn nti na worebisa me me din?”+ Afei ɔhyiraa no wɔ hɔ. 30 Enti Yakob frɛɛ hɔ Peniel,+ ɛfiri sɛ sɛdeɛ ɔkaeɛ no, “Mahunu Onyankopɔn animu ne animu, nanso manya me tiri adidi mu.”+
31 Ɔfirii Penuel ara pɛ na awia pueeɛ, na na ɔtɔ gu ne nan so.+ 32 Yei nti na Israelfoɔ nwe srɛ mu ntini a ɛsɔ dwonkuo mu de bɛsi nnɛ no, ɛfiri sɛ ɔbɔfoɔ de ne nsa kaa Yakob dwonku, ne srɛ ntini no.+