Genesis
33 Akyire yi, Yakob maa n’ani so na ɔhunuu sɛ Esau ne mmarima ahanan reba.+ Enti ɔkyɛɛ mmɔfra no mu maa Lea ne Rahel ne mmaawa mmienu no.+ 2 Ɔde mmaawa no ne wɔn mma dii animu,+ Lea ne ne mma dii so,+ na Rahel ne Yosef dii wɔn akyi.+ 3 Na ɔsene kɔdii kan na ɔbɔɔ ne mu ase mprɛ nson kɔsii sɛ ɔduruu ne nua no nkyɛn.+
4 Ɛnna Esau de mmirika bɛhyiaa no,+ na ɔyɛɛ no atuu+ de ne tiri too ne kɔn ho fee n’ano, na wɔn mmienu suiɛ. 5 Berɛ a ɔmaa n’ani so hunuu mmaa ne mmɔfra no, ɔbisaa sɛ: “Yeinom nso firi he?” Ɛnna ɔbuaa sɛ: “Ɛyɛ mmɔfra a Onyankopɔn de adom w’akoa.”+ 6 Na mmaawa no ne wɔn mma no baa wɔn anim, na wɔbɔɔ wɔn mu ase; 7 Lea ne ne mma nso ba bɛbɔɔ wɔn mu ase, na Yosef ne Rahel dii so baeɛ, na wɔbɔɔ wɔn mu ase.+
8 Afei ɔbisaa sɛ: “Na dɔm a mehyiaa wɔn yi nso kyerɛ sɛn?”+ Ɛnna ɔkaa sɛ: “Meyɛɛ saa na manya me wura anim adom.”+ 9 Esau kaa sɛ: “O me nua, ɛyɛ; deɛ mewɔ dɔɔso.+ Ma wo nneɛma ntena wo nkyɛn.” 10 Nanso Yakob kaa sɛ: “Dabi, mesrɛ wo. Sɛ manya w’anim adom a,+ ɛnneɛ gye m’akyɛdeɛ yi, na w’anim a mahunu yi te sɛ deɛ mahunu Onyankopɔn anim, ɛfiri sɛ woate w’anim ama me.+ 11 Mesrɛ wo gye m’akyɛdeɛ yi, me nhyira a mede abrɛ woɔ yi,+ ɛfiri sɛ Onyankopɔn adom me na manya biribiara.”+ Ɔkɔɔ so ara srɛɛ no, enti ɔgyeeɛ.+
12 Afei ɔkaa sɛ: “Ma yɛnkɔ, na mɛdi w’anim.” 13 Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Me wura nim sɛ mmɔfra no ho nyɛ den na me nnwan ne anantwie no bi ma nufoɔ,+ na sɛ yɛka wɔn ntɛmntɛm da koro a, wɔn nyinaa bɛwuwu.+ 14 Enti mesrɛ wo, di w’akoa anim kan na mento me bo ase nnante sɛdeɛ mmoa+ a wɔdi m’anim yi ne me mma no bɛtumi,+ kɔsi sɛ mɛduru me wura nkyɛn wɔ Seir.”+ 15 Ɛnna Esau kaa sɛ: “Ɛnneɛ ma memma wo nnipa a wɔka me ho yi bi na wɔmmoa wo.” Ɛnna ɔkaa sɛ: “O adɛn? Deɛ mehia ara ne sɛ mɛnya me wura anim adom.”+ 16 Enti saa da no Esau sanee n’akyi kɔɔ Seir.
17 Afei Yakob siim kɔɔ Sukot,+ na ɔsii fie wɔ hɔ na ɔbɔɔ asese+ maa ne mmoa no. Enti na ɔfrɛɛ hɔ Sukot no.
18 Akyire yi Yakob firii Padan-Aram+ bɛduruu Sekem+ wɔ Kanaanfoɔ+ asase so dwoodwoo; na ɔsisii ntomadan wɔ kuro no anim. 19 Na ɔtɔɔ asase a ɔsii ntomadan wɔ soɔ no firii Sekem papa Hamor mma no nkyɛn, na ɔmaa wɔn nnwetɛbena ɔha.+ 20 Afei ɔsii afɔrebukyia wɔ hɔ na ɔfrɛɛ no Onyankopɔn Israel Nyankopɔn.+