Genesis
34 Ná Lea babaa Dina+ a ɔwoo no maa Yakob no taa kɔ+ kurom hɔfoɔ mmabaa+ nkyɛn. 2 Na asase no so otitire Hamor a ɔyɛ Hiwini+ ba bi a wɔfrɛ no Sekem hunuu Dina, na ɔfaa no ne no da guu ne ho fĩ.+ 3 Afei ne kra bɛfam Yakob ba Dina ho, na ɔdɔɔ ababaa no na ɔkorɔkorɔɔ no daa. 4 Ɛnna Sekem ka kyerɛɛ ne papa Hamor+ sɛ: “Kɔgye ababaa yi awareɛ ma me.”+
5 Yakob tee sɛ aberanteɛ no agu ne ba Dina ho fĩ. Nanso saa berɛ no na ne mma mmarima no rehwɛ ne mmoa wɔ wuram,+ enti ɔmuaa n’ano twɛnee sɛ wɔbɛba.+ 6 Akyire yi Sekem papa Hamor baa Yakob nkyɛn ne no bɛkasaeɛ.+ 7 Yakob mma no tee asɛm no ara pɛ na wɔfirii wuram baeɛ; na asɛm no yɛɛ wɔn ya na wɔn bo fuu dendeenden,+ ɛfiri sɛ na wayɛ aniwudeɛ atia Israel sɛ ɔne Yakob babaa ada,+ biribi a ɛnsɛ sɛ wɔyɛ koraa.+
8 Na Hamor ne wɔn kasaa sɛ: “Me ba Sekem kra fam mo babaa no ho.+ Enti mesrɛ mo momfa no mma no na ɔnware no,+ 9 na mo ne yɛn nni ayewareɛ.+ Mode mo mma mmaa bɛma yɛn na moafa yɛn mma mmaa.+ 10 Mo ne yɛn ntena, na monyɛ deɛ mopɛ wɔ asase no so. Montena so na monni dwa, na monka so.”+ 11 Afei Sekem ka kyerɛɛ Dina papa ne ne nuanom sɛ: “Mesrɛ mo, momma mennya mo anim adom, na biribiara a mobɛbisa no mede bɛma mo. 12 Mo deɛ, momma tiri adeɛ ne akyɛdeɛ biara a ɛsɛ sɛ mede ba no nyɛ kɛseɛ paa,+ na deɛ mobɛka biara mede bɛma mo; deɛ mehia ara ne sɛ mode ababaa no bɛma me awareɛ.”
13 Na Yakob mma mmarima no de aniteɛ buaa Sekem ne ne papa Hamor, ɛfiri sɛ na wagu wɔn nuabaa Dina ho fĩ.+ 14 Wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Yɛrentumi mfa yɛn nuabaa mma ɔbarima a ɔntwaa twetia,+ ɛfiri sɛ ɛyɛ animguaseɛ ma yɛn. Dabi, yɛrentumi nyɛ saa. 15 Sɛ mopɛ sɛ yɛpene so ne mo yɛ nnipa baako a, ɛnneɛ mo mmarima nyinaa ntwa twetia.+ 16 Ɛba saa a, yɛde yɛn mma mmaa bɛma mo na yɛafa mo mma mmaa, na yɛne mo bɛtena ayɛ nnipa baako.+ 17 Na sɛ moantie antwa twetia a, ɛnneɛ yɛbɛfa yɛn babaa no akɔ.”
18 Asɛm no yɛɛ Hamor ne ne ba Sekem+ dɛ, 19 na aberanteɛ no antwentwɛn ne nan ase koraa sɛ ɔbɛyɛ deɛ wɔaka no,+ ɛfiri sɛ na n’ani gye Yakob babaa no ho, na na aberanteɛ no wɔ animuonyam+ sene obiara wɔ ne papa fie.+
20 Enti Hamor ne ne ba Sekem kɔɔ wɔn kuro pono ano na wɔka kyerɛɛ kurom+ hɔ mmeranteɛ sɛ: 21 “Mmarima yi ne yɛn te asomdwoeɛ mu.+ Enti momma wɔntena asase yi so na wɔnni dwa wɔ so, ɛfiri sɛ asase yi da wɔn anim kakraa.+ Yɛbɛtumi aware wɔn mma mmaa na yɛde yɛn mma mmaa ama wɔn.+ 22 Nanso sɛ wɔbɛpene so ne yɛn atena na wɔne yɛn ayɛ baako a, ɛsɛ sɛ yɛn mmarima nyinaa twa twetia sɛdeɛ wɔatwa twetia no.+ 23 Wɔn agyapadeɛ ne ahodeɛ ne wɔn mmoa nyinaa, ɛnyɛ yɛn na yɛbɛfa?+ Mo deɛ, momma yɛmpene deɛ wɔaka no so kɛkɛ na wɔne yɛn ntena.”+ 24 Enti wɔn a wɔfa ne kuro pono ano firi adie nyinaa yɛɛ aso maa Hamor ne ne ba Sekem, na mmarima no nyinaa twaa twetia, wɔn a wɔfa ne kuro pono ano firi adie nyinaa.
25 Afei ne nnansa soɔ a ɛyea no mu ayɛ den no,+ Yakob mma mmienu, Simeon ne Lewi+ a wɔyɛ Dina nuanom,+ faa nkrantɛ na wɔwiawiaa wɔn ho kɔɔ kuro no mu kɔkunkum mmarima no nyinaa.+ 26 Na wɔde nkrantɛ kum Hamor ne ne ba Sekem nso.+ Afei wɔfaa Dina firii Sekem fie hɔ kɔeɛ.+ 27 Yakob mma a wɔaka no nso baa mmarima a wɔapirapira no so, na wɔfaa kuro no mu nneɛma nyinaa, ɛfiri sɛ wɔagu wɔn nuabaa no ho fĩ.+ 28 Wɔfaa wɔn nnwan ne anantwie ne mfunumu ne deɛ ɛwɔ kuro no mu ne deɛ ɛwɔ wuram nyinaa.+ 29 Na wɔfaa wɔn ho nneɛma nyinaa ne wɔn mma ne wɔn yerenom nnommum kɔeɛ, enti biribiara a wɔn nsa kaa no wɔn afie mu no, wɔfaeɛ.+
30 Ɛnna Yakob ka kyerɛɛ Simeon ne Lewi+ sɛ: “Moama mabɛyɛ abusudeɛ na me ho abɔn asase yi sofoɔ,+ Kanaanfoɔ ne Perisifoɔ. Me ho nnipa sua,+ na wɔbɛboaboa wɔn ano abɛku me atɔre m’ase, me ne me fie.” 31 Ɛnna wɔbuaa sɛ: “Yɛntena hɔ mma obi nyɛ yɛn nuabaa sɛ odwamanfoɔ anaa?”+