Genesis
35 Ɛno akyi no, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Yakob sɛ: “Sɔre kɔ Betel kɔtena hɔ,+ na si afɔrebukyia wɔ hɔ ma nokorɛ Nyankopɔn a ɔyii ne ho adi kyerɛɛ woɔ berɛ a woredwane afiri wo nua Esau nkyɛn no.”+
2 Ɛnna Yakob ka kyerɛɛ ne fiefoɔ ne wɔn a wɔka ne ho nyinaa sɛ: “Monto ananafoɔ anyame a ɛwɔ mo nkyɛn no nyinaa ngu,+ na monte mo ho na monsesa mo ntadeɛ,+ 3 na momma yɛnkɔ Betel. Mɛsi afɔrebukyia wɔ hɔ ama nokorɛ Nyankopɔn a ɔtiee me m’ahohia+ mu na ɔdii m’akyi m’akwantuo mu no.”+ 4 Enti wɔde ananafoɔ anyame+ a ɛwɔ wɔn nkyɛn nyinaa ne asomuadeɛ a ɛhyehyɛ wɔn no maa Yakob, na ɔde siee+ dua kɛseɛ bi ase wɔ Sekem kurotia.
5 Afei ɔsiim kɔeɛ, na Onyankopɔn ho hu tɔɔ nkuro a atwa wɔn ho ahyia no so,+ enti wɔantĩ Yakob mma no. 6 Na Yakob ne wɔn a wɔka ne ho nyinaa kɔduruu Lus,+ anaa Betel, a ɛwɔ Kanaanfoɔ asase soɔ no. 7 Ɔsii afɔrebukyia wɔ hɔ na ɔfrɛɛ hɔ El-Betel, ɛfiri sɛ ɛhɔ na nokorɛ Nyankopɔn no yii ne ho adi kyerɛɛ no berɛ a ɔredwane afiri ne nua no nkyɛn no.+ 8 Akyire yi Debora+ a na ɔhwɛ Rebeka no wuiɛ na wɔsiee no dua kɛseɛ bi ase wɔ Betel ase. Enti ɔtoo hɔ din Alon-Bakut.
9 Onyankopɔn san yii ne ho adi kyerɛɛ Yakob berɛ a ɔfiri Padan-Aram+ reba no, na ɔhyiraa no.+ 10 Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: “Wo din de Yakob.+ Nanso wɔremfrɛ wo Yakob bio, na mmom wɔbɛfrɛ wo Israel.” Enti ɔfirii aseɛ frɛɛ no Israel.+ 11 Afei Onyankopɔn san ka kyerɛɛ no sɛ: “Mene adeɛ nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn.+ W’ase ntrɛ na yɛ bebree. W’asefoɔ bɛdane aman ne aman asafodɔm, na ahemfo bɛfiri w’asene mu aba.+ 12 Na asase+ a mede maa Abraham ne Isak no, mede bɛma wo ne w’asefoɔ+ a wɔbɛdi w’akyi aba no.” 13 Ɛno akyi no, Onyankopɔn firii baabi a ɔne no kasaeɛ no kɔɔ soro.+
14 Afei Yakob de boɔ yɛɛ nkaeɛdum sii baabi a ɔne no kasaeɛ no,+ na ɔhwiee afɔrebɔ nsa ne ngo guu so.+ 15 Na Yakob frɛɛ baabi a Onyankopɔn ne no kasaeɛ no Betel.+
16 Afei wɔtu firii Betel, na berɛ a wɔkɔduruu baabi a ɛne Efrata+ ntam twe kakra no, awoɔ kaa Rahel, na awoɔ no mu yɛɛ den.+ 17 Nanso berɛ a n’awoɔ no mu yɛɛ den no, deɛ ɔregye no awoɔ no kaa sɛ: “Nsuro na wobɛsan anya ɔbabarima yi nso.”+ 18 Berɛ a ne kra+ refiri ne mu, kyerɛ sɛ ɔrewuo no,+ ɔtoo ne din Ben-Oni; nanso ne papa frɛɛ no Benyamin.+ 19 Enti Rahel wuiɛ na wɔsiee no Efrata, anaa Betlehem,+ kwan so. 20 Na Yakob yɛɛ nkaeɛdum sii ne nna so. Yei ne Rahel nna so nkaeɛdum de bɛsi nnɛ.+
21 Ɛno akyi no, Israel firii hɔ kɔsii ne ntomadan wɔ Eder+ aban no akyi baabi. 22 Berɛ a Israel te+ asase no soɔ no, da bi Ruben ne ne papa yefam Bilha daeɛ, na Israel teeɛ.+
Ná Yakob mma mmarima no yɛ dumienu. 23 Lea mma ne Ruben,+ a ɔyɛ Yakob ba panin no, ne Simeon, Lewi, Yuda, Isakar, ne Sebulon. 24 Rahel mma ne Yosef ne Benyamin. 25 Na Rahel abaawa Bilha mma ne Dan ne Naftali. 26 Lea abaawa Silpa mma ne Gad ne Aser. Yeinom ne mma mmarima a wɔwoo wɔn maa Yakob wɔ Padan-Aram.
27 Awieeɛ koraa no, Yakob kɔduruu ne papa Isak nkyɛn wɔ Mamre,+ wɔ Kiriat-Arba,+ kyerɛ sɛ Hebron, baabi a Abraham ne Isak kɔsoɛɛ sɛ ahɔhoɔ no.+ 28 Mfeɛ a Isak diiɛ nyinaa yɛ ɔha aduɔwɔtwe.+ 29 Afei Isak gyaa mu wuiɛ; saa berɛ no na wanyini abɔ akora na ne nna amee no,+ na ne mma Esau ne Yakob siee no kaa ne nkurɔfoɔ ho.+