Genesis
36 Esau, anaa Edom,+ ho nsɛm nie.
2 Esau waree Kanaanfoɔ+ mmaa: Hitini+ Elon ba Ada+ ne Anah ba Oholibama,+ Hiwini Sibeon banana, 3 ne Ismael ba Basemat+ a ɔyɛ Nebaiot+ nuabaa.
4 Na Ada woo Elifas maa Esau, na Basemat nso woo Reuel,
5 na Oholibama woo Yeus ne Yalam ne Kora.+
Yeinom ne mma mmarima a wɔwoo wɔn maa Esau wɔ Kanaan asase so. 6 Afei Esau faa ne yerenom ne ne mma mmarima ne ne mma mmaa ne akra a wɔwɔ ne fie nyinaa ne ne mmoa ne n’agyapadeɛ+ a ɔnyaa no Kanaan nyinaa, na ɔfirii Yakob nkyɛn kɔɔ asase foforɔ so,+ 7 ɛfiri sɛ na wɔn agyapadeɛ dɔɔso dodo sɛ wɔbɛtumi atena faako, na na asase a wɔte soɔ no sua ma wɔn mmoa.+ 8 Enti Esau kɔtenaa Seir+ bepɔ so. Esau din ne Edom.+
9 Yei ne Edomfoɔ agya Esau ho nsɛm wɔ Seir bepɔ so.+
10 Yeinom ne Esau mma mmarima no din: Esau yere Ada ba Elifas ne ne yere Basemat ba Reuel.+
11 Elifas mma ne Teman,+ Omar, Sefo, Gatam ne Kenas.+ 12 Na Esau ba Elifas faa Timna+ sɛ ne yefam, na akyire yi ɔwoo Amalek+ maa Elifas. Yeinom ne Esau yere Ada mma.
13 Reuel mma nie: Nahat, Sera, Samma ne Misa.+ Yeinom ne Esau yere Basemat+ mma.
14 Esau yere Oholibama a ne papa de Anah na ne nana de Sibeon no woo Yeus ne Yalam ne Kora maa no.+
15 Yeinom ne Esau asefoɔ a wɔbɛyɛɛ abusua mpanimfoɔ:+ Esau ba panin Elifas mma: Abusuapanin Teman,+ abusuapanin Omar, abusuapanin Sefo, abusuapanin Kenas, 16 abusuapanin Kora, abusuapanin Gatam ne abusuapanin Amalek. Yeinom ne Elifas+ mma a wɔbɛyɛɛ abusua mpanimfoɔ wɔ Edom asase soɔ. Yeinom ne Ada mma.
17 Yeinom ne Esau ba Reuel mma: Abusuapanin Nahat, abusuapanin Sera, abusuapanin Samma, abusuapanin Misa. Yeinom ne Reuel mma a wɔbɛyɛɛ abusua mpanimfoɔ wɔ Edom+ asase soɔ. Yeinom ne Esau yere Basemat mma.
18 Yeinom ne Esau yere Oholibama mma: Abusuapanin Yeus ne abusuapanin Yalam ne abusuapanin Kora. Yeinom ne Esau yere Oholibama a ɔyɛ Anah ba no mma a wɔbɛyɛɛ abusua mpanimfoɔ no.
19 Yeinom ne Esau mma ne abusua mpanimfoɔ. Ɔno ara ne Edom.+
20 Yeinom ne Horini Seir mma a wɔyɛ asase no sofoɔ:+ Lotan ne Sobal ne Sibeon ne Anah,+ 21 ne Dison ne Eser ne Disan.+ Yeinom ne Horini Seir mma a wɔyɛ abusua mpanimfoɔ wɔ Edom.
22 Lotan mma ne Hori ne Hemam; na Lotan nuabaa ne Timna.+
23 Na Sobal mma nie: Alwan, Manahat, Ebal, Sefo ne Onam.
24 Sibeon mma ne Aiya ne Anah. Anah yi na berɛ a ɔrehwɛ ne papa Sibeon mfunumu no, ɔhunuu nsutire a ɛpu nsuɔhyeɛ wɔ serɛ soɔ no.+
25 Yeinom ne Anah mma: Dison ne Oholibama a ɔyɛ Anah babaa.
26 Dison nso mma nie: Hemdan, Esban, Yitran ne Keran.+
27 Eser mma nie: Bilhan ne Saawan ne Akan.
29 Yeinom ne Horifoɔ abusua mpanimfoɔ: Abusuapanin Lotan, abusuapanin Sobal, abusuapanin Sibeon, abusuapanin Anah, 30 abusuapanin Dison, abusuapanin Eser ne abusuapanin Disan.+ Yeinom ne Horifoɔ abusua mpanimfoɔ sɛdeɛ wɔn din teɛ wɔ Seir asase so.
31 Yeinom ne ahemfo a wɔdii Edom+ asase soɔ ansa na Israel mma rebɛnya ɔhene bi adi wɔn soɔ.+ 32 Beor ba Bela bɛdii Edom+ so, na na ne kuro din de Dinhaba. 33 Bela wuiɛ no, Sera a ɔfiri Bosra+ ba Yobab bɛdii n’adeɛ.+ 34 Berɛ a Yobab wuiɛ no, Husam a ɔfiri Temanfoɔ+ asase soɔ no bɛdii n’adeɛ.+ 35 Husam wuiɛ no, Bedad ba Hadad a ɔdii Midianfoɔ+ so wɔ Moab+ asase soɔ no bɛdii n’adeɛ, ná ne kuro no din de Awit.+ 36 Hadad wuiɛ no, Samla a ɔfiri Masreka bɛdii n’adeɛ.+ 37 Berɛ a Samla wuiɛ no, Saul a ɔfiri Rehobot a ɛwɔ asubɔnten kɛseɛ no ho no bɛdii n’adeɛ.+ 38 Saul wuiɛ no, Akbor ba Baal-Hanan bɛdii n’adeɛ.+ 39 Berɛ a Akbor ba Baal-Hanan wuiɛ no, Hadar bɛdii n’adeɛ; ná ne kuro no din de Pau, na ne yere de Mehetabel a ɔyɛ Mesahab ba Matred ba.+
40 Yeinom ne Esau asefoɔ ne abusua mpanimfoɔ sɛdeɛ wɔn mmusua ne wɔn nkuro ne wɔn din teɛ: Abusuapanin Timna, abusuapanin Alwa, abusuapanin Yetet,+ 41 abusuapanin Oholibama, abusuapanin Ela, abusuapanin Pinon,+ 42 abusuapanin Kenas, abusuapanin Teman, abusuapanin Mibsar,+ 43 abusuapanin Magdiel ne abusuapanin Iram. Yeinom ne Edom abusua mpanimfoɔ+ sɛdeɛ wɔn nkuro teɛ wɔn nsase soɔ.+ Oyi ne Esau, Edomfoɔ agya.+