Genesis 12:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Berɛ a wɔreyɛ aduru Egypt no, ɔka kyerɛɛ ne yere Sarai sɛ: “Mesrɛ wo tie. Menim sɛ woyɛ ɔbaa a wo ho yɛ fɛ.+ Genesis 24:16 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 Ná ababaa no ho yɛ fɛ yie,+ ɔbaabunu a ɔbarima biara mfaa ne ho nkaa no da;+ na ɔkɔɔ asubura no ho kɔsaa nsuo guu n’ahina no mu baeɛ. Ester 2:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Ɔno na na ɔhwɛ+ ne papa nua ba+ Ester a na ɔde Hadasa no soɔ, ɛfiri sɛ na ɔnni papa nni maame. Ná ababaa no ho yɛ fɛ paa,+ na ne papa ne ne maame wuo akyi no, Mordekai faa no sɛ ne ba.
11 Berɛ a wɔreyɛ aduru Egypt no, ɔka kyerɛɛ ne yere Sarai sɛ: “Mesrɛ wo tie. Menim sɛ woyɛ ɔbaa a wo ho yɛ fɛ.+
16 Ná ababaa no ho yɛ fɛ yie,+ ɔbaabunu a ɔbarima biara mfaa ne ho nkaa no da;+ na ɔkɔɔ asubura no ho kɔsaa nsuo guu n’ahina no mu baeɛ.
7 Ɔno na na ɔhwɛ+ ne papa nua ba+ Ester a na ɔde Hadasa no soɔ, ɛfiri sɛ na ɔnni papa nni maame. Ná ababaa no ho yɛ fɛ paa,+ na ne papa ne ne maame wuo akyi no, Mordekai faa no sɛ ne ba.