Ester
2 Akyire yi, berɛ a Ɔhene Ahasweros+ bo dwoo kakra no, Wasti+ ho asɛm baa ne tirim, deɛ ɔyɛeɛ+ ne deɛ wɔkaa sɛ wɔbɛyɛ no no.+ 2 Afei nhenkwaa,+ n’asomfoɔ no, kaa sɛ: “Soma ma wɔnkɔhwehwɛ+ mmabaa, mmaabunu+ a wɔn ho yɛ fɛ, mma ɔhene. 3 Ɔhene nyi ananmusifoɔ wɔ n’ahemman+ no afã nyinaa na wɔmmoaboa mmaabunu ahoɔfɛfoɔ ano, na wɔmfa wɔn mmra mmaa fie wɔ Susan abankɛseɛ+ mu mmɛhyɛ ɔhene piani+ Hegai+ a ɔhwɛ mmaa soɔ no nsa na ɔmfa nnuro nsrasra wɔn. 4 Na ababaa a ɔhene ani bɛgye ne ho no nsi Wasti anan sɛ ɔhemmaa.”+ Ɔhene ani gyee asɛm no ho, na ɔyɛɛ saa.
5 Saa berɛ yi nyinaa na Yudani barima bi wɔ Susan+ abankɛseɛ no mu a ɔde Mordekai+ a ɔyɛ Yair ba. Na Yair yɛ Simei ba, na Simei nso yɛ Benyaminni+ Kis ba. 6 Na Mordekai ka nnipa a Babilon hene Nebukadnesar+ faa wɔn nnommum+ firii Yerusalem kaa Yuda hene Yekonia+ ho kɔeɛ no ho. 7 Ɔno na na ɔhwɛ+ ne papa nua ba+ Ester a na ɔde Hadasa no soɔ, ɛfiri sɛ na ɔnni papa nni maame. Ná ababaa no ho yɛ fɛ paa,+ na ne papa ne ne maame wuo akyi no, Mordekai faa no sɛ ne ba. 8 Afei berɛ a ɔmanfoɔ tee ɔhene asɛm ne ne mmara no, wɔboaboaa mmabaa pii ano baa Susan+ abankɛseɛ no mu de wɔn bɛhyɛɛ Hegai nsa.+ Na wɔde Ester nso baa ahemfie hɔ bɛhyɛɛ Hegai a ɔhwɛ mmaa soɔ no nsa.
9 Berɛ a ɔhunuu ababaa no, n’ani gyee ne ho na ɔpɛɛ n’asɛm,+ na ɔyɛɛ ntɛm srasraa+ no maa no nnuane pa. Afei ɔyii mmabaa nson firii ahemfie hɔ maa no, na ɔde ɔne mmabaa no kɔtenaa baabi pa wɔ mmaa fie hɔ. 10 Saa berɛ yi nyinaa, na Ester nkaa ne man+ anaa n’abusua ho asɛm biara, ɛfiri sɛ na Mordekai abɔ n’ano sɛ ɔnnka nnkyerɛ obiara.+ 11 Da biara Mordekai tu mpasa kɔfa mmaa fie no anim hwɛ sɛdeɛ Ester ho teɛ ne deɛ wɔde reyɛ no.
12 Sɛ ɛduru ababaa biara so a, ɔde ne ho kɔkyerɛ Ɔhene Ahasweros, berɛ a wɔasrasra wɔn asiesie wɔn abosome dumienu sɛdeɛ nhyehyɛeɛ a wɔayɛ ama mmaa no teɛ no. Ná wɔde kurobo+ ngo srasra mmaa no abosome nsia na wɔde balsam+ ngo nso srasra wɔn abosome nsia, na wɔsiesie wɔn sɛdeɛ ɛsɛ. 13 Saa na wɔyɛ ababaa no ansa na wakɔ ɔhene anim. Biribiara a ɔbɛka sɛ ɔpɛ no, wɔde ma no, na ɔde firi mmaa fie hɔ kɔ ahemfie hɔ.+ 14 Sɛ ɔkɔ anwummerɛ a, na anɔpa waba mmaa fie a ɛtɔ so mmienu no mu, deɛ ɛhyɛ ɔhene piani+ Saasgas a ɔhwɛ ayefam soɔ no nsa no. Na ɔntumi nsan nkɔ ɔhene nkyɛn gye sɛ ɔhene no ani gye ne ho na ɔhyɛ da bɔ ne din frɛ no.+
15 Afei berɛ a ɛduruu Ester a ɔyɛ Mordekai nua Abihail ba, a Mordekai de no yɛɛ ne ba,+ so sɛ ɔbɛba ɔhene nkyɛn no, wammisa biribiara+ gye deɛ Hegai+ a ɔhwɛ mmaa no soɔ no kaeɛ no; (saa berɛ yi nyinaa na obiara a ɔbɛhunu Ester no pɛ n’asɛm).+ 16 Ɛnna wɔde Ester kɔɔ Ɔhene Ahasweros nkyɛn ahemfie hɔ bosome a ɛtɔ so du a ɛne Tebet no mu, n’ahennie afe+ a ɛtɔ so nson mu. 17 Ná ɔhene no dɔ Ester sene mmaa a aka no nyinaa, enti ɔnyaa animuonyam ne adɔeɛ wɔ n’anim senee mmabaa a aka no nyinaa.+ Ɛnna ɔde abotire bɔɔ no yɛɛ no ɔhemmaa+ sii Wasti ananmu. 18 Afei ɔhene too ne mmapɔmma ne ne nkoa pono kɛseɛ bi; na ɛyɛ Ester apontoɔ. Na ɔmaa aman a wɔhyɛ n’aseɛ no mufoɔ nyaa ahofadie,+ na ɔkyekyɛɛ nneɛma pii sɛdeɛ ɔhene bɛtumi biara.
19 Berɛ a wɔboaboaa mmaabunu+ no ano ne mprenu soɔ no, na Mordekai te ɔhene no pono ano.+ 20 Saa berɛ no nyinaa na Ester nkyerɛɛ abusua ne ɔman a ɔfiri mu+ sɛdeɛ Mordekai+ hyɛɛ no no;+ Ester yɛɛ deɛ Mordekai kaeɛ nyinaa te sɛ berɛ a na ɔte ne nkyɛn no.+
21 Berɛ a na Mordekai te ɔhene pono ano no, Bigtan ne Teres a wɔyɛ ahemfie mpanimfoɔ a wɔhwɛ pono no ano no bo fuiɛ na na wɔrepɛ kwan a wɔbɛfa so akum+ Ɔhene Ahasweros. 22 Mordekai tee asɛm no, na ntɛm ara ɔkɔbɔɔ Ɔhemmaa Ester amanneɛ.+ Ester kaa ho asɛm kyerɛɛ ɔhene wɔ Mordekai din mu.+ 23 Wɔhwehwɛɛ asɛm no mu hunuu biribiara, na wɔsɛnee+ wɔn mmienu wɔ dua so.+ Yei akyi no, wɔtwerɛɛ no wɔn berɛ so nsɛm nwoma mu+ wɔ ɔhene no anim.