Ester
2 Nsɛm yi akyi, berɛ a Ɔhene Ahasweros+ bo dwoeɛ no, ɔkaee deɛ Wasti yɛeɛ+ ne deɛ wɔkaa sɛ wɔde bɛyɛ no no.+ 2 Ɛnna ɔhene asomfoɔ no kaa sɛ: “Ma wɔnhwehwɛ mmabaawa ahoɔfɛfoɔ a wɔyɛ mmaabunu mma ɔhene. 3 Na ma ɔhene nyi ananmusifoɔ wɔ amantam a ɛhyɛ n’ase no nyinaa mu,+ na wɔmmoaboa mmabaawa ahoɔfɛfoɔ a wɔyɛ mmaabunu ano, na wɔmfa wɔn mmra mmaa fie* a ɛwɔ Susan* abankɛseɛ* mu no mu. Afei wɔmfa wɔn nhyɛ ɔhene somfoɔ Hegai*+ a ɔhwɛ mmaa so no nsa, na wɔmfa nnuro nsrasra wɔn ho mma wɔn ho nyɛ fɛ. 4 Na ababaawa a ɔhene ani bɛgye ne ho paa no, ɔno na ɔbɛsi Wasti anan ayɛ ɔhemmaa.”+ Asɛm no tɔɔ ɔhene asom, na saa na ɔyɛeɛ.
5 Ná Yudani barima bi wɔ Susan*+ abankɛseɛ* no mu a ne din de Mordekai.+ Ná ne papa ne Yair a ɔyɛ Simei ba, na na Simei nso papa ne Kis, Benyaminni+ no. 6 Ná ɔka* nnipa a Babilon hene Nebukadnesar faa wɔne Yuda hene Yekonia*+ firii Yerusalem kɔeɛ no ho. 7 Mordekai na na ɔhwɛ ne papa nua barima ba Hadasa,* a wɔsan frɛ no Ester no,+ ɛfiri sɛ na Ester nni papa nni maame. Ná ababaawa no bɔ si, na na ne ho yɛ fɛ paa. Berɛ a ne maame ne ne papa wuiɛ no, Mordekai faa no sɛ ne ba. 8 Berɛ a wɔde ɔhene asɛm ne ne mmara no too dwa no, wɔboaboaa mmabaawa pii ano baa Susan* abankɛseɛ* no mu de wɔn bɛhyɛɛ Hegai nsa. Wɔde Ester nso baa ahemfie hɔ bɛhyɛɛ Hegai a ɔhwɛ mmaa so no nsa.+
9 Berɛ a ɔhuu ababaawa no, n’ani gyee ne ho, na ɔpɛɛ n’asɛm,* enti ntɛm ara na ɔyɛɛ nhyehyɛeɛ sɛ wɔmfa nnuro nsrasra no mma ne ho nyɛ fɛ,+ na wɔmma no nnuane pa. Na ɔyii mmabaawa nson firii ahemfie hɔ maa no sɛ wɔnsom no. Afei nso, wɔde ɔne mmabaawa a wɔsom no no kɔtenaa baabi pa wɔ mmaa fie* hɔ. 10 Ester anka ne man anaa n’abusuafoɔ ho asɛm biara,+ ɛfiri sɛ na Mordekai+ aka akyerɛ no sɛ ɛnsɛ sɛ ɔka kyerɛ obiara.+ 11 Da biara, na Mordekai kɔnantenante mmaa fie* adihɔ no anim hwɛ sɛdeɛ Ester ho teɛ ne deɛ wɔde reyɛ no.
12 Wɔmaa ababaawa biara huu da a ɔde ne ho bɛkɔ akɔkyerɛ Ɔhene Ahasweros, berɛ a wɔde nnuro asrasra no asiesie no abosome dumienu sɛdeɛ wɔakyerɛ sɛ wɔnyɛ mmaa no. Saa kwan yi na na wɔfa so de nnuro srasra wɔn ma wɔn ho yɛ fɛ: ná wɔde kurobo+ ngo srasra wɔn abosome nsia, na na wɔde balsam ngo+ ne nnuro foforɔ a ɛbɛma wɔn ho ayɛ fɛ nso srasra wɔn abosome nsia. 13 Wɔyɛ weinom wie a, afei deɛ na ababaawa no bɛtumi akɔ ɔhene no anim. Sɛ ɔfiri mmaa fie* hɔ rekɔ ahemfie hɔ a, biribiara a ɔbɛbisa no, wɔde ma no. 14 Ɔkɔ ɔhene nkyɛn anwummerɛ, anɔpa na waba mmaa fie* a ɛtɔ so mmienu no mu, deɛ ɛhyɛ ɔhene somfoɔ Saasgas* a ɔhwɛ ne mpenafoɔ* so+ no nsa no. Ɔrenkɔ ɔhene no nkyɛn bio, gye sɛ ɔhene no ani gye ne ho paa na ɔhyɛ da bɔ ne din sɛ ɔmmra.+
15 Na berɛ a ɛduruu Ester a ɔyɛ Mordekai nuabarima Abihail ba, a Mordekai de no yɛɛ ne ba+ so sɛ ɔba ɔhene nkyɛn no, wammisa biribiara, gye deɛ ɔhene somfoɔ Hegai* a ɔhwɛ mmaa so no kaeɛ no. (Saa berɛ yi nyinaa na obiara a ɔbɛhu Ester no pɛ n’asɛm.) 16 Wɔde Ester kɔɔ Ɔhene Ahasweros nkyɛn wɔ n’ahemfie hɔ bosome a ɛtɔ so du a ɛne Tebet* no mu, n’ahennie afe a ɛtɔ so nson+ mu. 17 Na ɔhene no dɔɔ Ester senee mmaa a aka no nyinaa, na ɔpɛɛ n’asɛm gyee no toom* senee mmaabunu a aka no nyinaa. Enti ɔde ahemmotire* bɔɔ no, na ɔyɛɛ no ɔhemmaa+ de no sii Wasti anan.+ 18 Na ɔhene too pono kɛseɛ bi maa n’aberempɔn ne ne nkoa; ɛyɛ apontoɔ a ɔde hyɛɛ Ester animuonyam. Afei ɔde too dwa sɛ amantam a ɛhyɛ n’ase no mufoɔ mfa wɔn ho nni, na ɔhene kyekyɛɛ nneɛma pii sɛdeɛ n’ahoɔden bɛtumi.
19 Berɛ a wɔboaboaa mmaabunu*+ ano ne mprenu so no, na Mordekai te ɔhene no pono ano. 20 Ester anka biribiara amfa n’abusuafoɔ ne ne man ho+ sɛdeɛ na Mordekai aka akyerɛ no no. Ester toaa so yɛɛ deɛ Mordekai kaeɛ nyinaa, te sɛ berɛ a na ɔte ne nkyɛn no.+
21 Saa nna no mu no, berɛ a na Mordekai te ɔhene pono ano no, Bigtan ne Teres a wɔyɛ ahemfie mpanimfoɔ a wɔhwɛ pono no ano no bo fui, na wɔbɔɔ pɔ sɛ wɔbɛkum* Ɔhene Ahasweros. 22 Nanso Mordekai tee ho asɛm, na ntɛm ara na ɔkɔka kyerɛɛ Ɔhemmaa Ester. Ɛnna Ester nso kaa ho asɛm kyerɛɛ ɔhene wɔ Mordekai din mu. 23 Enti wɔhwehwɛɛ asɛm no mu, na wɔhuu sɛ ɛte saa, enti wɔsɛn mmarima mmienu no wɔ dua so. Na wɔtwerɛɛ weinom nyinaa wɔ wɔn abakɔsɛm nwoma mu wɔ ɔhene no anim.+