Ester
1 Ahasweros* berɛ so, kyerɛ sɛ, Ahasweros a ɔdii amantam 127 so+ firi India kɔsi Etiopia* no berɛ so, 2 berɛ a Ɔhene Ahasweros te n’ahennwa so wɔ Susan*+ abankɛseɛ mu,* 3 wɔ n’ahennie afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no, ɔtoo pono maa ne mpanimfoɔ ne ne nkoa nyinaa. Ná Persia+ ne Media+ asraafoɔ, aberempɔn, ne amradofoɔ a wɔhwɛ amantam no so ahyia wɔ n’anim, 4 na ɔde agyapadeɛ a ɛwɔ n’ahennie kɛseɛ no mu, ne n’animuonyam, ne n’anidie ne ne kɛseyɛ kyerɛɛ wɔn nna pii, nnafua 180. 5 Berɛ a saa nna no baa awieeɛ no, ɔhene no too pono nnanson wɔ ahemfie turo no adihɔ hɔ maa nnipa a wɔwɔ Susan* abankɛseɛ* no mu nyinaa, ɛfiri ɔkɛseɛ so kɔsi kumaa so. 6 Ná nwera, ntoma pa, ne ntoma bruu a wɔde nhoma fɛfɛɛfɛ abobom sensɛn hɔ, na na nhoma afasebire a wɔde dwetɛ nkawa asosɔ mu nso sensɛn hɔ. Ná abohemmaa adum wɔ hɔ, na na wɔde aboɔ hyɛnhyɛn, abohemmaa, aboɔden aboɔ, ne abohemmaa tuntum asiesie fam de sika kɔkɔɔ ne dwetɛ mpa asisi so.
7 Sika kɔkɔɔ nkuruwa* mu na wɔnom nsã; ɛsono sɛdeɛ na kuruwa biara teɛ. Ahemfo nsã buu so wɔ hɔ, sɛdeɛ ɔhene ahoɔden bɛtumi. 8 Mmara a na ɛwɔ nsã no ho ne sɛ, obiara nnhyɛ obi,* ɛfiri sɛ na ɔhene aka akyerɛ n’ahemfie mpanimfoɔ no sɛ obiara nyɛ deɛ ɔpɛ.
9 Ɔhemmaa Wasti+ nso too pono maa mmaa a wɔwɔ Ɔhene Ahasweros ahemfie hɔ no.
10 Da a ɛtɔ so nson, berɛ a nsã ama ɔhene no ani agyeɛ* no, ɔka kyerɛɛ Mehuman, Bista, Harbona,+ Bigta, Abagta, Seta, ne Karkas, ahemfie mpanimfoɔ nson a wɔsom Ɔhene Ahasweros no sɛ, 11 wɔnkɔfa Ɔhemmaa Wasti a ɔbɔ ahemmotire* mmra ɔhene anim, na ɔmfa n’ahoɔfɛ mmɛkyerɛ ɔman no ne aberempɔn no, ɛfiri sɛ na ne ho yɛ fɛ paa. 12 Nanso berɛ a ahemfie mpanimfoɔ kɔkaa ɔhene asɛm no kyerɛɛ Ɔhemmaa Wasti no, wɔyɛɛ biara, nanso wamma. Wei nti, ɔhene no bo fuu paa, na ne koko paee.
13 Na ɔhene no ne anyansafoɔ a wɔnim sɛdeɛ wɔdii tete nsɛm bi* kasae (ɛfiri sɛ saa na na ɔhene de n’asɛm to wɔn a wɔnim mmara ne asɛnnie mu yie no anim. 14 Wɔn a na wɔbɛn ɔhene no paa ne Karsena, Setar, Admata, Tarsis, Meres, Marsena, ne Memukan. Wɔyɛ Persia ne Media aberempɔn nson+ a na wɔtumi kɔ ɔhene anim, na wɔn na na wɔkura diberɛ akɛseɛ paa wɔ ahennie no mu). 15 Na ɔhene bisaa sɛ: “Ɔhene Ahasweros asɛm a ɔsomaa ahemfie mpanimfoɔ kɔka kyerɛɛ Ɔhemmaa Wasti no, wantie. Enti mohwɛ mmara mu a, deɛn na yɛmfa nyɛ no?”
16 Ɛnna Memukan kaa wɔ ɔhene ne aberempɔn no anim sɛ: “Ɛnyɛ ɔhene nko ara na Ɔhemmaa Wasti ayɛ no bɔne,+ na mmom wayɛ bɔne atia aberempɔn no nyinaa ne nnipa no nyinaa, nnipa a ɛwɔ amantam a ɛhyɛ Ɔhene Ahasweros ase nyinaa mu no nso. 17 Ɛfiri sɛ deɛ ɔhemmaa no ayɛ yi, mmaa awarefoɔ nyinaa bɛte, na wɔbɛbu wɔn kununom animtia na wɔaka sɛ, ‘Ɔhene Ahasweros kaa sɛ wɔnkɔfa Ɔhemmaa Wasti mmra n’anim, nanso wamma.’ 18 Ɛnnɛ yi ara, Persia ne Media mmaa a wɔyɛ adehyeɛ a wɔate deɛ ɔhemmaa no ayɛ yi, saa ara na wɔbɛkasa akyerɛ ɔhene no aberempɔn nyinaa, na ɛde aniammɔnho ne abufuo pii bɛba. 19 Enti sɛ ɔhene bɛpene so a, anka ɔnhyɛ mmara, na wɔntwerɛ nka Persia ne Media mmara a obiara ntumi nsesa no+ no ho, na Wasti ansi Ɔhene Ahasweros anim bio; na ɔhemmaa a ɔdie no nso, ɔhene mfa mma ɔbaa foforɔ a ɔyɛ papa sene no. 20 Na sɛ obiara te ɔhene mmara yi wɔ baabiara a ɔhene di tumi no a, ɛbɛma mmaa awarefoɔ nyinaa de anidie ama wɔn kununom, ɛfiri ɔkɛseɛ so kɔsi kumaa so.”
21 Na asɛm no tɔɔ ɔhene ne aberempɔn no asom, na ɔhene yɛɛ deɛ Memukan kaeɛ no. 22 Enti ɔsoma maa wɔde nkrataa kɔɔ ɔhene no amantam no nyinaa mu.+ Ɔmantam biara, wɔtwerɛɛ no sɛdeɛ wɔn ntwerɛeɛ teɛ, na ɔman biara nso, wɔtwerɛɛ no sɛdeɛ wɔn kasa teɛ. Nkrataa no kyerɛɛ sɛ, okunu biara nyɛ ne fie so panin,* na ɔnka ne kurom kasa wɔ hɔ.