Ester
1 Ɔhene Ahasweros+ berɛ so, berɛ a Ahasweros yi di hene firi India de kɔsi Etiopia a ɛyɛ amantam bɛboro ɔha aduonu nson,+ 2 berɛ a Ɔhene Ahasweros te n’ahennwa so+ wɔ Susan+ abankɛseɛ+ mu 3 wɔ n’ahennie afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no, ɔtoo pono+ maa ne mpanimfoɔ, nkoa, asraafoɔ a wɔwɔ Persia+ ne Media,+ mmapɔmma,+ ne amradofoɔ a wɔhwɛ amantam no soɔ no.+ Ná wɔn nyinaa ahyia wɔ n’anim, 4 na ɔyii n’ahennie no mu agyapadeɛ+ ne n’animuonyam ne ne kɛseyɛ+ adi kyerɛeɛ nna pii, nna ɔha aduɔwɔtwe. 5 Ɛno akyi no, ɔhene no too pono nnanson maa nnipa a wɔwɔ Susan abankɛseɛ no mu nyinaa, nketewa ne akɛseɛ, wɔ ahemfie turo no adihɔ hɔ. 6 Na nwera, ntomapa, ne adeɛ bruu+ a wɔde homa abom sensɛn hɔ; na nhoma kɔkɔɔ+ a wɔde dwetɛ nkawa asosɔ mu wɔ abohemmaa dum ho, na na sika ne dwetɛ mpa+ sisi akwan a wɔde abofufuo, abohemmaa ne aboɔden aboɔ ahodoɔ ayɛ so.
7 Wɔhyehyɛɛ nsã wɔ sika nkuruwa+ ahodoɔ ahodoɔ pii mu, na nsã+ buu so wɔ ahemfie hɔ, sɛdeɛ ɔhene bɛtumi biara. 8 Saa berɛ no deɛ, na obi ntumi nhyɛ wɔn sɛ wɔnnom sɛdeɛ mmara kyerɛ, ɛfiri sɛ na ɔhene ama ahemfie hɔ mpanimfoɔ nyinaa kwan sɛ obiara nyɛ deɛ ɔpɛ.
9 Ɔhemmaa Wasti+ nso too pono maa mmaa a wɔwɔ Ɔhene Ahasweros ahemfie hɔ no.
10 Da a ɛtɔ so nson, berɛ a nsã ama ɔhene no ani agyeɛ no,+ ɔka kyerɛɛ Mehuman, Bista, Harbona,+ Bigta ne Abagta, Seta ne Karkas, ahemfie mpanimfoɔ nson a wɔsom+ Ɔhene Ahasweros no, 11 sɛ wɔnkɔfa Ɔhemmaa Wasti a ɔbɔ n’abotire mmra ɔhene anim na ɔman no ne mmapɔmma no nhunu n’ahoɔfɛ, ɛfiri sɛ na ne ho yɛ fɛ paa.+ 12 Nanso berɛ a ɔhene mpanimfoɔ yi kɔka kyerɛɛ Ɔhemmaa Wasti no, wamma.+ Yei maa ɔhene no bo fuiɛ na n’ani beree dendeenden.+
13 Na ɔhene no ka kyerɛɛ anyansafoɔ+ a wɔnim mpaninsɛm+ no (ɛfiri sɛ yei ne kwan a na ɔhene no fa so de n’asɛm ba badwafoɔ a wɔnim mmara no anim, 14 na wɔn a wɔbɛn ɔhene no ne Karsena, Setar, Admata, Tarsis, Meres, Marsena ne Memukan, Persia ne Media mmapɔmma nson+ a wɔbɛn ɔhene no,+ ahennie no mu atitire) sɛ: 15 “Ɛsiane sɛ Ɔhemmaa Wasti anni Ɔhene Ahasweros asɛm a ɔde somaa mpanimfoɔ no soɔ nti, mohwɛ mmara mu a, ɛdeɛn paa na yɛmfa nyɛ no?”
16 Ɛnna Memukan+ kaa no ɔhene ne mmapɔmma no anim sɛ: “Ɛnyɛ ɔhene nko ara na Wasti ayɛ no bɔne,+ na mmom mmapɔmma ne nnipa a wɔwɔ amantam a ɛhyɛ Ɔhene Ahasweros aseɛ nyinaa mu nso. 17 Deɛ ɔhemmaa no ayɛ yi, ɔyerenom nyinaa bɛte na wɔabu wɔn wuranom+ animtia+ aka sɛ: ‘Ɔhene Ahasweros mpo kaa sɛ Ɔhemmaa Wasti mmra no, wamma.’ 18 Ɛnnɛ yi ara Persia ne Media mmaa adehyeɛ a wɔate deɛ Ɔhemmaa ayɛ yi bɛkasa saa ara akyerɛ ɔhene no mmapɔmma no nyinaa, na ɛde aniammɔnho ne abufuo pii na ɛbɛba.+ 19 Sɛ ɔhene bɛpene so a,+ anka ɔnhyɛ mmara a obiara nnane no,+ na wɔntwerɛ nka Persia ne Media mmara+ ho sɛ Wasti nnsi Ɔhene Ahasweros anim bio; na ne dibea nso wɔmfa mma ɔbaa foforɔ a ɔsene no. 20 Na ma wɔnte ɔhene mmara yi wɔ ahemman (a ɛsõ) yi nyinaa mu na ama ɔyerenom de anidie+ ama wɔn wuranom,+ nketewa ne akɛseɛ.”
21 Na ɔhene no ne mmapɔmma no hunuu sɛ asɛm no tɔ asomu,+ na ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛyɛ deɛ Memukan kaeɛ no. 22 Enti ɔsoma maa wɔde krataa+ kɔɔ ɔhene no amantam no nyinaa mu sɛdeɛ mantam+ biara ntwerɛdeɛ ne sɛdeɛ ɔman biara kasa teɛ; ɔkaa sɛ okunu biara nni ne fie+ so na ɔnka ne kurom kasa wɔ hɔ.