Genesis 3:16 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 Na ɔka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ: “Mɛma wo nyinsɛn mu yea mu ayɛ den;+ yea mu na wobɛwo mma,+ w’ani bɛgyina wo kunu na ɔbɛdi wo so.”+ Deuteronomium 22:22 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 22 “Sɛ wɔhunu sɛ ɔbarima bi ne obi yere ada a,+ ɛsɛ sɛ wɔn mmienu wuo, ɔbarima a ɔyɛɛ saa no ne ɔbaa no nyinaa.+ Yɛ saa fa yi adebɔne firi Israel.+ Yeremia 31:32 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 32 ɛnte sɛ apam a me ne wɔn agyanom yɛeɛ, ɛda a mesosɔɔ wɔn nsa yii wɔn firii Egypt asase soɔ,+ ‘a wɔn deɛ, wɔbuu m’apam so+ berɛ a meyɛ wɔn wura+ no,’ Yehowa asɛm nie.” Yoel 1:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Twa adwo sɛdeɛ ɔbaabunu fira atweaatam+ yɛ wɔ ne mmabaaberɛ mu kunu ho no. Mateo 24:38 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 38 Na nna a ɛdii nsuyire no anim no, wɔdidi nomeeɛ, mmarima warewareeɛ na wɔde mmaa memaa awareɛ kɔsii da a Noa+ hyɛn adaka no mu,+
16 Na ɔka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ: “Mɛma wo nyinsɛn mu yea mu ayɛ den;+ yea mu na wobɛwo mma,+ w’ani bɛgyina wo kunu na ɔbɛdi wo so.”+
22 “Sɛ wɔhunu sɛ ɔbarima bi ne obi yere ada a,+ ɛsɛ sɛ wɔn mmienu wuo, ɔbarima a ɔyɛɛ saa no ne ɔbaa no nyinaa.+ Yɛ saa fa yi adebɔne firi Israel.+
32 ɛnte sɛ apam a me ne wɔn agyanom yɛeɛ, ɛda a mesosɔɔ wɔn nsa yii wɔn firii Egypt asase soɔ,+ ‘a wɔn deɛ, wɔbuu m’apam so+ berɛ a meyɛ wɔn wura+ no,’ Yehowa asɛm nie.”
38 Na nna a ɛdii nsuyire no anim no, wɔdidi nomeeɛ, mmarima warewareeɛ na wɔde mmaa memaa awareɛ kɔsii da a Noa+ hyɛn adaka no mu,+