Yoel
1 Yehowa asɛm a ɛbaa+ Petuel ba Yoel nkyɛn nie:
2 “Mpanimfoɔ, montie yei, na asase sofoɔ nyinaa, monyɛ asõ.+ Saa adeɛ yi bi asi pɛn wɔ mo berɛ so anaasɛ mo agyanom berɛ so anaa?+ 3 Monka ho asɛm nkyerɛ mo mma, na mo mma nka nkyerɛ wɔn mma, na wɔn mma nso nka nkyerɛ awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdi hɔ.+ 4 Deɛ ɔsã di maa no kaeɛ no, ntutummɛ adi;+ deɛ ntutummɛ di kaeɛ no, hwidɔm adi; deɛ hwidɔm di kaeɛ no, ntɛfrɛ adi.+
5 “Asabofoɔ,+ monnyane na monsu, na asanomfoɔ nyinaa, nsã dɔkɔdɔkɔ+ nti, montwa adwo,+ ɛfiri sɛ asã wɔ mo anom.+ 6 Na ɔman bi aba m’asase so; ɛyɛ den, na emu nnipa nni ano.+ Wɔn sẽ te sɛ gyata sẽ,+ na wɔwɔ gyata apantan. 7 Wɔama me bobe ayɛ ahodwirideɛ,+ na me borɔdɔma ayɛ dunsini.+ Wɔapempan ho ama no ayɛ kwaterekwa, na wɔato agu.+ Ne mman ayɛ fitafita. 8 Twa adwo sɛdeɛ ɔbaabunu fira atweaatam+ yɛ wɔ ne mmabaaberɛ mu kunu ho no.
9 “Wɔatwa aduane afɔdeɛ+ ne afɔrebɔ nsã+ afiri Yehowa fie; asɔfoɔ, Yehowa asomfoɔ+ no, di awerɛhoɔ.+ 10 Wɔasɛe afuo mu nneɛma,+ asase no redi awerɛhoɔ;+ wɔafom nnɔbaeɛ no, nsã foforɔ awe,+ ngo ase atu.+ 11 Akuafoɔ ani awu;+ ayuo ne atokoɔ nti bobe nturo mu adwumayɛfoɔ twa adwo, ɛfiri sɛ afuo mu nnɔbaeɛ asɛe.+ 12 Bobe adwan, na borɔdɔma nso akusa. Granate akutuo ne abɛ ne aprɛ dua, ne wuram nnua nyinaa awuwu;+ ahurisie de aniwuo atu afiri adasamma mu.+
13 “Asɔfoɔ, mommɔ abɔsoɔ na mommɔ abubuo.+ Afɔrebukyia asomfoɔ,+ montwa adwo. Me Nyankopɔn asomfoɔ, mommra mmɛda atweaatam mu anadwo, ɛfiri sɛ wɔde aduane afɔdeɛ+ ne afɔrebɔ nsã akame mo Nyankopɔn fie.+ 14 Monhyɛ berɛ mma mmuada+ kronkron. Monyɛ afahyɛ nhyiamu titire.+ Mommoaboa mpanimfoɔ no ne asase no sofoɔ nyinaa ano mmra Yehowa mo Nyankopɔn fie,+ na monsu mfrɛ Yehowa na ɔmmoa mo.+
15 “Ao, ɛda no;+ Yehowa da no abɛn,+ na ɛbɛba sɛ ɔsɛeɛ a ɛfiri adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no nkyɛn! 16 Wɔntwaa aduane mfirii hɔ yɛn anim, na wɔntwaa anigyeɛ ne ahurisie mfirii yɛn Nyankopɔn fie anaa?+ 17 Borɔdɔma a adwan no awuwu wɔn nnadeɛ ase. Asan nso, wɔama no adeda mpan. Wɔadwiri adekora adan agu, ɛfiri sɛ nnɔbaeɛ asã. 18 O hwɛ sɛdeɛ afieboa si apini! Hwɛ sɛdeɛ anantwie kuo nenam basabasa! Wɔnnya adidibea.+ Na wɔde asodie ato nnwankuo no so.
19 “O Yehowa, wo na mesu frɛ woɔ,+ ɛfiri sɛ egya ahye serɛ so adidibea, na gyaframa ahye wuram nnua nyinaa.+ 20 Wuram mmoa nso ani agyina wo,+ ɛfiri sɛ nsubɔn no awewe,+ na egya ahye serɛ so adidibea.”