Yoel
2 “Monhyɛne abɛn wɔ Sion,+ na monhyɛne ɛko totorobɛnto+ me bepɔ kronkron+ so. Momma asase sofoɔ nyinaa mmɔ hu,+ ɛfiri sɛ Yehowa da no reba,+ na abɛn! 2 Ɛyɛ esum ne kusuuyɛ da,+ mununkum ne kusukuukuu da; ɛte sɛ adekyeeɛ hann a ɛkata mmepɔ soɔ.+
“Ɔman bi wɔ hɔ a wɔdɔɔso na wɔn ho yɛ den;+ ɛso bi mmaa da firi teteete,+ na wɔn akyi nso, ebi remma bio, awoɔ ntoatoasoɔ akyi awoɔ ntoatoasoɔ mfeɛ mu. 3 Egya hye+ di wɔn anim, na wɔn akyi nso, gyaframa sɛe adeɛ.+ Asase a ɛda wɔn anim no te sɛ Eden turo,+ na wɔn akyi deɛ, ɛyɛ serɛ pradaa, na biribiara mfiri mu nka.
4 “Wɔn ho te sɛ apɔnkɔ ho, na wɔtu mmirika sɛ apɔnkɔ.+ 5 Wɔhurihuri sɛdeɛ nteaseɛnam yɛ kitikiti wɔ mmepɔ so,+ ne sɛdeɛ gyaframa hye buronan+ turituri no. Wɔte sɛ ɔman a ɛyɛ den a wɔatwa ɛko mpasua.+ 6 Wɔn nti, nkurɔfoɔ bɛdi yea pii.+ Wɔn nyinaa anim bɛsinsiam.+
7 “Wɔtu mmirika sɛ ahoɔdenfoɔ.+ Wɔforo fasuo sɛ mmarima a wɔkɔ ɔsa. Obiara nam ne kwan so na wɔmmane mfiri wɔn kwan so.+ 8 Obi nsum ne yɔnko. Wɔnam wɔn kwan so tẽẽ sɛ nnɔmmarima. Sɛ wɔn mu bi tɔ akodeɛ ano mpo a, wɔn a wɔaka no mmane.
9 “Wɔbɔ kirididi kɔ nkuro mu. Wɔtu mmirika fa afasuo so. Wɔforo afie. Wɔhyɛn mpomma mu sɛ akorɔmfoɔ. 10 Asase hinhim wɔn anim, na ɔsoro woso. Awia ne bosome dane sum,+ na nsoromma gyae hyerɛn.+ 11 Yehowa na ɔma ne nne+ so n’asraafoɔdɔm+ no anim, ɛfiri sɛ ne dɔm no dɔɔso paa.+ Deɛ ɔma n’asɛm ba mu no yɛ otumfoɔ; Yehowa da+ no yɛ kɛseɛ na ɛyɛ hu sɛ. Hwan na ɔbɛtumi agyina ano?”+
12 “Enti afei,” Yehowa asɛm nie, “momfiri mo akoma nyinaa mu mfa mmuadadie+ ne esũ ne agyaadwoɔtwa+ nsan mmra me nkyɛn.+ 13 Monsuane mo akoma mu,+ na ɛnyɛ mo ntadeɛ mu,+ na monsan mmra Yehowa mo Nyankopɔn nkyɛn, ɛfiri sɛ ɔyɛ ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ,+ ne bo kyɛre fu+ na n’adɔeɛ dɔɔso,+ na amanehunu no nti, ɔbɛgyae mu ama no aka.+ 14 Hwan na ɔnim sɛ ebia ɔbɛsan, na wagyae mu ama no aka+ na akyire yi, wagya nhyira+ ne aduane afɔdeɛ ne afɔrebɔ nsã a wɔde bɛma Yehowa mo Nyankopɔn?
15 “Monhyɛne abɛn wɔ Sion.+ Monhyɛ berɛ mma mmuada+ kronkron. Monyɛ afahyɛ nhyiamu titire.+ 16 Mommoaboa ɔman no ano. Monte asafo ho.+ Mommoaboa mpanimfoɔ no ano. Mommoaboa mmɔfra ne wɔn a wɔnom nufoɔ ano.+ Momma ayeforɔkunu mpue mfiri ne pia mu na ayeforɔ mpue mfiri n’ayeforɔ dan mu.
17 “Momma asɔfoɔ no, Yehowa asomfoɔ no nsũ wɔ abantenten no ne afɔrebukyia+ no ntam sɛ, ‘O Yehowa, hu wo man mmɔbɔ, na mma w’agyapadeɛ nnyɛ ahohoradeɛ,+ mma amanaman nnni wɔn so. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔka no aman mu sɛ: “Wɔn Nyankopɔn no wɔ he?”’+ 18 Yehowa bɛtwe n’asase ho ninkunu+ na wahu ne man mmɔbɔ.+ 19 Na Yehowa bɛbua ne man aka akyerɛ wɔn sɛ, ‘Hwɛ, mede aduane ne bobesa foforɔ ne ngo rebrɛ mo, na ɛbɛmee mo;+ meremma monyɛ ahohoradeɛ bio amanaman mu.+ 20 Na mɛma deɛ ɔfiri atifi fam+ no afiri wo ho akɔ akyirikyiri; mɛbɔ no ahwete asase a nsuo nni soɔ ne amamfõ so, na mede n’ani bɛkyerɛ apueeɛ fam po+ na mede n’akyi akyerɛ atɔeɛ fam po.+ Ne ho kankan bɛkɔ akɔduru soro,+ na ɔsoro ara na ne ho nka bɛkorɔ; Onyankopɔn bɛyɛ ade kɛseɛ.’
21 “O asase, nsuro. Ma w’ani nnye na di ahurisie, na Yehowa bɛyɛ ade kɛseɛ.+ 22 Wuram mmoa,+ monnsuro, ɛfiri sɛ serɛ so adidibea bɛyɛ wura mono.+ Nnua bɛso aba.+ Borɔdɔma dua ne bobe bɛso bebree.+ 23 Sion mma, momma mo ani nnye, na monni Yehowa mo Nyankopɔn mu ahurisie,+ na ɔbɛma mo asusɔ sɛdeɛ ɛsɛ,+ na ɔbɛma nsuo atɔ ama mo na moanya asusɔ ne adonsuo sɛ kane no.+ 24 Ayuo a wɔaporo bɛyɛ ayuporobea ma, na bobesa foforɔ bɛbu so wɔ nsã-kyi-amena mu.+ 25 Na mfeɛ dodoɔ a ntutummɛ ne hwidɔm ne ntɛfrɛ ne ɔsã, m’asraafoɔdɔm kɛseɛ a mesomaa wɔn baa mo mu no diiɛ no,+ mɛhyɛ ananmu. 26 Na mobɛdidi; mobɛdidi na moamee,+ na moayi Yehowa mo Nyankopɔn din ayɛ,+ deɛ wayɛ anwanwadeɛ yi ama mo no;+ me man ani renwu da biara da.+ 27 Mobɛhunu sɛ mewɔ Israel mu,+ na mene Yehowa mo Nyankopɔn, na obi nni hɔ bio.+ Na me man ani renwu da biara da.
28 “Ɛno akyi no, ɛbɛba sɛ mɛhwie me honhom+ agu honam ahodoɔ nyinaa so,+ na mo mma mmarima ne mo mma mmaa+ bɛhyehyɛ nkɔm. Mo mpanimfoɔ nso bɛsõsõ adaeɛ. Na mo mmeranteɛ bɛhunu anisoadeɛ. 29 Mɛhwie me honhom agu nkoa ne mfenaa mpo so, saa nna no mu.+
30 “Na mɛma anwanwadeɛ aba soro+ na mama mogya ne egya ne wisie kumɔnn aba asase so.+ 31 Awia bɛdane sum+ na bosome adane mogya+ ansa na Yehowa da kɛseɛ a ɛyɛ hu no aba.+ 32 Na ɛbɛba sɛ obiara a ɔbɛbɔ Yehowa din afrɛ no no, ɔbɛnya nkwa.+ Na sɛdeɛ Yehowa kaeɛ no, wɔn a wɔbɛdwane no,+ Bepɔ Sion so ne Yerusalem ne wɔn a wɔafiri mu afi a Yehowa afrɛ wɔn no mu na wɔbɛtena.”+