Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Deuteronomium 32:36
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 36 Yehowa bɛbu ne nkurɔfoɔ atɛn+

      Na ne nkoa asɛm bɛyɛ no ya,+

      Ɛfiri sɛ ɔbɛhunu nnipa a wɔn ahoɔden asa,

      Nnipa hunu a wɔnni ɔboafoɔ biara.

  • Dwom 103:13
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 13 Sɛdeɛ agya yi mmɔborɔhunu adi kyerɛ ne mma no,+

      Saa na Yehowa nso yi mmɔborɔhunu adi kyerɛ wɔn a wɔsuro no.+

  • Yesaia 60:10
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 10 Ahɔhoɔ bɛto w’afasuo,+ na wɔn ahemfo bɛsom wo.+ M’abufuo mu, mɛbɔ wo;+ nanso m’adom mu, mɛhu wo mmɔbɔ.+

  • Kwadwom 3:22
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 22 Yehowa adɔeɛ+ nti na yɛn ase nhyeeɛ,+ ɛfiri sɛ ne mmɔborɔhunu to rentwa da.+

  • Hosea 11:8
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 8 “Mɛyɛ dɛn apo woɔ, Efraim?+ Mɛyɛ dɛn ayi wo ama, Israel?+ Mɛyɛ dɛn abu wo sɛ Adma?+ Mɛyɛ dɛn ayɛ wo sɛ Seboiim?+ M’akoma adane wɔ me mu,+ na me yam hyehye me sɛ gya.

  • Luka 15:20
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 20 Enti ɔsɔreeɛ na ɔkɔɔ ne papa nkyɛn. Berɛ a ɔda so ara wɔ akyirikyiri no, ne papa hunuu no na ɔyɛɛ no mmɔbɔ, na ɔtuu mmirika kɔsɔɔ ne kɔn mu fee n’ano.

  • Yakobo 5:11
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 11 Hwɛ! Yɛbu wɔn a wɔagyina mu no anigyefoɔ.+ Moate Hiob+ boasetɔ no ho asɛm na moahunu deɛ Yehowa maa ɛfirii mu baeɛ,+ sɛ Yehowa wɔ ayamhyehyeɛ ne mmɔborɔhunu.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane