Hosea
11 “Berɛ a Israel yɛ abarimaa no, na medɔ no,+ na Egypt na mefrɛɛ me ba firiiɛ.+
2 “Wɔfrɛɛ wɔn,+ nanso wɔgu so refrɛ wɔn no, na wɔretwe wɔn ho kɔ.+ Wɔkɔɔ so ara bɔɔ afɔdeɛ maa Baal ahoni,+ na wɔmaa wɔn afɔrebɔdeɛ firii wisie maa abosom.+ 3 Nanso me na mekyerɛɛ Efraim nanteɛ,+ na meturuu wɔn m’abasa so;+ na wɔanhunu sɛ me na mesaa wɔn yareɛ.+ 4 Mede ɔdasani homa na ɛtwee wɔn; ɔdɔ homa na mede yɛɛ saa,+ enti meyɛɛ sɛ wɔn a wɔyi kɔndua firi wɔn kɔn*+ ho, na mede brɛbrɛ maa wɔn nyinaa aduane.+ 5 Ɔrensan nkɔ Egypt asase so bio, nanso Asiria bɛyɛ ne hene+ ɛfiri sɛ wɔpoo sɛ wɔbɛsan aba me nkyɛn.+ 6 Na nkrantɛ bɛdi ahim wɔ ne nkuro mu,+ na ɛbɛsɛe n’adaban na amene wɔn,+ wɔn agyinatuo nti.+ 7 Me man nni me nokorɛ.+ Sɛ wɔfrɛ wɔn ɔsorosoroni no nkyɛn a, wɔn mu biara nsɔre mpo.
8 “Mɛyɛ dɛn apo woɔ, Efraim?+ Mɛyɛ dɛn ayi wo ama, Israel?+ Mɛyɛ dɛn abu wo sɛ Adma?+ Mɛyɛ dɛn ayɛ wo sɛ Seboiim?+ M’akoma adane wɔ me mu,+ na me yam hyehye me sɛ gya. 9 Me bo remfu wo,+ na merensɛe Efraim bio,+ ɛfiri sɛ meyɛ Onyankopɔn,+ menyɛ onipa. Mene Ɔkronkronni a ɔwɔ mo mu no;+ meremfa anibereɛ mma mo so. 10 Wɔbɛdi Yehowa akyi.+ Na ɔbɛbobom sɛ gyata;+ ɔbɛbobom+ na ne mma de ahopopoɔ afiri atɔeɛ fam aba.+ 11 Wɔde ahopopoɔ bɛfiri Egypt aba+ sɛ anomaa, na wɔbɛfiri Asiria aba sɛ aborɔnoma,+ na mɛma wɔatenatena wɔn afie mu,” Yehowa asɛm nie.+
12 “Efraim de atorɔdie atwa me ho ahyia,+ na Israel fie de nnaadaa atwa me ho asi. Nanso Yuda ne Onyankopɔn na ɛnam,+ na ɔdi Ɔkronkronni no nokorɛ.”