25 “‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Sɛ meboaboa Israel fie ano firi aman a wɔapete wɔn kɔ soɔ no mu a,+ me din ho bɛte wɔ amanaman no anim.+ Na wɔbɛtena wɔn asase so,+ asase a mede maa m’akoa Yakob no.+
21 “Na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Hwɛ, mɛyi Israelfoɔ afiri aman a wɔkɔɔ soɔ no so na maboaboa wɔn ano afiri mmaa nyinaa de wɔn aba wɔn asase so.+
14 Na mɛma me man Israel nnommum no asan aba,+ na wɔbɛkyekyere nkuro a asɛe no atena mu,+ na wɔbɛyeyɛ bobe nturo anom mu nsã na wɔayɛ nnuaba turo adi mu aba.’+