Yeremia
23 “Nnwanhwɛfoɔ a wɔsɛe m’adidibea nnwan bɔ wɔn hweteɛ no nnue!”+ Yehowa asɛm nie.
2 Enti deɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka atia ahwɛfoɔ a wɔhwɛ me man no nie: “Mo na moabɔ me nnwankuo ahweteɛ, moapansam wɔn, na moanhwɛ wɔn.”+
“Hwɛ, meredane m’ani aba mo so, mo nneyɛɛ bɔne nti,”+ Yehowa asɛm nie.
3 “Na me ara mɛboaboa me nnwankuo nkaeɛ ano afiri nsase a mebɔɔ wɔn hwetee soɔ no nyinaa so,+ na mɛsan de wɔn aba wɔn adidibea,+ na wɔbɛwo na wɔayɛ bebree.+ 4 Na mede ahwɛfoɔ a wɔbɛhwɛ wɔn bɛsisi wɔn so;+ wɔrensuro bio, na ehu biara nso renka wɔn,+ na wɔn mu biara renyera,” Yehowa asɛm nie.
5 “Hwɛ, nna bi reba,” Yehowa asɛm nie, “na mɛma tenenee duforɔ bi so ama Dawid.+ Ɔhene bi bɛdi hene,+ na ɔde nyansa bɛyɛ adeɛ na wabu atɛntenenee ayɛ adetenenee asase no so.+ 6 Ne nna mu no, wɔbɛgye Yuda,+ na Israel bɛtena ase dwoodwoo.+ Edin a wɔde bɛfrɛ no ne, Yehowa Ne Yɛn Tenenee.”+
7 “Ɛno nti hwɛ, nna bi reba,” Yehowa asɛm nie, “na wɔrenka bio sɛ, ‘Sɛ́ Yehowa a ɔyii Israel firii Egypt asase so baeɛ no te aseɛ yi,’+ 8 na mmom wɔbɛka sɛ, ‘Sɛ́ Yehowa a ɔyii Israel fie asefoɔ firii atifi fam asase so ne nsase a mebɔɔ wɔn hwetee soɔ nyinaa so baeɛ no te aseɛ yi,’ na wɔbɛtena wɔn ara asase so.”+
9 M’akoma abubu wɔ me mu, adiyifoɔ no ho. Me nnompe nyinaa rewoso. Yehowa ne ne nsɛm kronkron nti, mayɛ sɛ ɔbarima a waborɔ,+ ɔbarima a nsã abo no. 10 Awaresɛefoɔ+ na wɔahyɛ asase no so ma.+ Nnome no nti, asase no redi awerɛhoɔ,+ ɛserɛ so adidibea akusa;+ wɔn nneyɛɛ yɛ bɔne, na wɔn tumidie ntene.
11 “Odiyifoɔ ne ɔsɔfoɔ mpo ho agu fĩ.+ Mahunu wɔn bɔne no wɔ me fie+ nso,” Yehowa asɛm nie. 12 “Ɛno nti wɔn kwan bɛyɛ sɛ ɛkwan torotorɔ wɔ esum kabii mu,+ na ɛso na wɔbɛpiapia wɔn ama wɔahwehwe aseɛ.”+
“Na mede mmusuo bɛba wɔn so, wɔn akontabuo afe no,”+ Yehowa asɛm nie. 13 “Mahunu adeɛ a ɛntene wɔ Samaria+ adiyifoɔ mu. Wɔyɛ adiyifoɔ a wɔkasa ma Baal,+ na wɔma me man Israel de wɔn tiri pempem.+ 14 Na mahunu ahodwirideɛ+ wɔ Yerusalem adiyifoɔ mu. Wɔsɛe awareɛ,+ na wɔnante nkontompo mu;+ wɔhyɛ abɔnefoɔ nsam den, deɛ ɛbɛyɛ na wɔn mu biara rensan+ mfiri ne bɔne ho. M’ani so no, wɔn nyinaa ayɛ sɛ Sodom,+ na wɔn a wɔtete hɔ no ayɛ sɛ Gomora.”+
15 Enti deɛ asafo Yehowa aka no adiyifoɔ no ho nie: “Mɛma wɔn awɔnwono adi, na mama wɔn awuduro nsuo anom,+ ɛfiri sɛ Yerusalem adiyifoɔ mu na ɔwaeɛ+ afiri kɔ asase no nyinaa soɔ.”
16 Deɛ asafo Yehowa aka nie: “Monntie adiyifoɔ a wɔhyɛ nkɔm kyerɛ mo no nsɛm.+ Wɔrema moadane ahuhudeɛ.+ Wɔn akoma so anisoadehunu na wɔka,+ ɛmfiri Yehowa anom.+ 17 Ka ara na wɔka kyerɛ wɔn a wɔmmu me no sɛ, ‘Yehowa aka sɛ: “Asomdwoeɛ na mobɛnya.”’+ Na obiara a ɔdi n’atuateɛ akoma akyi no nso,+ wɔka kyerɛ no sɛ, ‘Mmusuo biara remma mo so.’+ 18 Hwan na ɔne Yehowa anya ayɔnkofa+ ahunu n’asɛm na wateɛ?+ Hwan na wawɛn n’aso na wate n’asɛm?+ 19 Hwɛ! Yehowa ahum, n’abufuo no, bɛtu, mframa a ɛdi kyinhyia no.+ Ɛbɛtwa ne ho wɔ abɔnefoɔ atifi.+ 20 Yehowa abufuo rensan kɔsi sɛ ɔbɛyɛ+ n’akomam nsusuiɛ na wama no aba mu.+ Awieeɛ nna no mu no, mode mo adwene bɛkɔ so na moate aseɛ.+
21 “Mansoma adiyifoɔ no, wɔn ara na wɔtutuu mmirika. Manka hwee ankyerɛ wɔn, wɔn ara na wɔhyehyɛɛ nkɔm.+ 22 Sɛ wɔne me nyaa ayɔnkofa+ a, anka wɔbɛma me man ate me nsɛm, na wɔbɛma wɔasan afiri wɔn kwammɔne ne wɔn nneyɛɛ bɔne no ho.”+
23 “Menyɛ Onyankopɔn a ɔbɛn anaa,” Yehowa asɛm nie, “na menyɛ Onyankopɔn a ɔwɔ akyirikyiri+ nso?”
24 “Anaa obi bɛtumi ahunta huntabea a merenhu no?”+ Yehowa asɛm nie.
“Menhyɛɛ ɔsoro ne asase nyinaa mã?”+ Yehowa asɛm nie. 25 “Mate deɛ adiyifoɔ a wɔhyɛ nkɔntorɔ me din+ mu no keka no sɛ, ‘Maso daeɛ! Maso daeɛ!’+ 26 Adiyifoɔ a wɔhyɛ nkɔntorɔ ne adiyifoɔ a wɔka wɔn akomam nnaadaasɛm+ no, ɛbɛtena wɔn akomam akɔsi da bɛn? 27 Wɔdwene sɛdeɛ wɔde wɔn adaeɛ a wɔkeka kyerɛ wɔn ho+ no bɛma me man werɛ afiri me din sɛdeɛ Baal+ nti wɔn agyanom werɛ firii me din no. 28 Odiyifoɔ a ɔsõ daeɛ no, ma no nka daeɛ no, na deɛ m’asɛm wɔ ne nkyɛn no, ma no nka m’asɛm no nokorɛm.”+
“Ɛdeɛn na ntɛtɛ ne ayuo wɔ yɛ?”+ Yehowa asɛm nie.
29 “M’asɛm nte sɛ egya anaa,”+ Yehowa asɛm nie, “ɛnte sɛ asaeɛ a ɛbubu botan pasaa?”+
30 “Enti me ne adiyifoɔ no anya,”+ Yehowa asɛm nie, “wɔn a wɔwia me nsɛm firi wɔn yɔnko hɔ no.”+
31 “Hwɛ, me ne adiyifoɔ no anya,” Yehowa asɛm nie, “wɔn a wɔde wɔn kɛtrɛma keka sɛ, ‘N’anom asɛm nie!’ no.”+
32 “Hwɛ, me ne adiyifoɔ a wɔsosõ atorɔ adaeɛ no anya,” Yehowa asɛm nie, “wɔn a wɔkeka adaeɛ, a wɔn nkontompo+ ne wɔn ahohoahoa+ nti, wɔma me man de wɔn tiri pempem no.”
“Nanso mansoma wɔn, na manhyɛ wɔn. Ɛno nti wɔremfa mfasoɔ biara mmrɛ ɔman yi,”+ Yehowa asɛm nie.
33 “Na sɛ ɔman yi anaa odiyifoɔ anaa ɔsɔfoɔ bisa wo sɛ, ‘Yehowa asɛm a emu yɛ duro bɛn na ɛwɔ hɔ?’ a,+ wo nso ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘“Mo nkurɔfoɔ yi, moyɛ adesoa a emu yɛ duro yie!+ Na mɛpo mo,”+ Yehowa asɛm nie.’ 34 Na odiyifoɔ anaa ɔsɔfoɔ anaa ɔman yi muni a ɔka sɛ, ‘Yehowa asɛm a emu yɛ duro!’ no, me nso mede m’ani bɛsi onii no so, ɔne ne fie.+ 35 Mo nyinaa, deɛ obiara ka kyerɛ ne yɔnko ne ne nua ne sɛ, ‘Ɛdeɛn na Yehowa abua? Na ɛdeɛn na Yehowa aka?’+ 36 Nanso Yehowa asɛm a emu yɛ duro no,+ monnyae ka,+ ɛfiri sɛ asɛm a emu yɛ duro no adane mo ara mo anom asɛm,+ na Onyankopɔn teasefoɔ no,+ asafo Yehowa, yɛn Nyankopɔn nsɛm no, moasesa no.
37 “Deɛ ka kyerɛ saa odiyifoɔ no ne sɛ, ‘Ɛdeɛn na Yehowa abua woɔ? Na ɛdeɛn na Yehowa aka?+ 38 Na sɛ mokɔ so ka sɛ “Yehowa asɛm a emu yɛ duro!” a, ɛnneɛ deɛ Yehowa aka nie: “Ɛsiane sɛ moka sɛ, ‘Yehowa asɛm a emu yɛ duro no nie,’ berɛ a mesoma baa mo nkyɛn mprɛ pii sɛ, ‘Monnka sɛ: “Yehowa asɛm a emu yɛ duro nie!” nti,’ 39 hwɛ! Merebɛgyae mo asɛm ama mo koraa,+ na mapo mo ne kuro a mede maa mo ne mo agyanom no wɔ m’anim.+ 40 Na mede daa ahohora bɛba mo so na mama animguaseɛ aka mo daa, na werɛ remfiri da.”’”+