Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Yeremia 10:21
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 21 Nnwanhwɛfoɔ adane agyimfoɔ,+ na wɔnhwehwɛɛ Yehowa mpo.+ Ɛno nti na wɔanni nyansasɛm no, na wɔn mmoa a wɔkɔ adidi nyinaa ahwete.”+

  • Yeremia 50:6
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 6 Me man adane nnwan a wɔresã.+ Wɔn ahwɛfoɔ na wɔama wɔafom kwan.+ Wɔama wɔnenam mmepɔ so.+ Wɔfiri bepɔ so kɔ kokoɔ so. Wɔn werɛ afiri wɔn homebea.+

  • Hesekiel 34:2
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 2 “Onipa ba, hyɛ Israel nnwanhwɛfoɔ ho nkɔm. Hyɛ nkɔm na ka kyerɛ nnwanhwɛfoɔ no sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Israel nnwanhwɛfoɔ+ a wɔdwene wɔn ara wɔn yafunu ho+ no nnue! Ɛnyɛ nnwan na ɛsɛ sɛ nnwanhwɛfoɔ yɛn wɔn?+

  • Sakaria 11:5
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 5 na wɔn a wɔtɔ wɔn no ku+ wɔn, nanso wɔfa wɔn ho di.+ Na wɔn a wɔtɔn+ wɔn no ka sɛ: “Nhyira nka Yehowa, ɛfiri sɛ mɛnya me ho.”+ Na wɔn ahwɛfoɔ nhu wɔn mmɔbɔ.’+

  • Mateo 9:36
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 36 Berɛ a ɔhunuu nnipakuo no, wɔyɛɛ no mmɔbɔ,+ ɛfiri sɛ na wɔayɛ sɛ nnwan a wɔnni hwɛfoɔ+ a wɔapirapira wɔn agya wɔn agu hɔ.

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane