Yeremia
10 O Israel fie, montie asɛm a Yehowa aka atia mo. 2 Deɛ Yehowa aka nie: “Monnsua amanaman no kwan biara,+ na monnsuro ɔsoro nsɛnkyerɛnne, na amanaman no na wɔsuro yeinom.+ 3 Amanaman no amanneɛ+ no yɛ mframa ara kwa, ɛfiri sɛ kwaeɛ mu dua+ na wɔatwa, odwumfoɔ nsa ano adwuma a ɔde sɔsɔ ayɛ.+ 4 Wɔde dwetɛ ne sika yɛ no fɛfɛɛfɛ.+ Wɔde dadewa ne asaeɛ bobom, na anhinhim.+ 5 Wɔte sɛ ɛferɛ afuo so kaakaamotobi a wɔnkasa.+ Soa na wɔsoa wɔn, ɛfiri sɛ wɔntumi ntutu wɔn anammɔn.+ Monnsuro wɔn ɛfiri sɛ wɔrentumi mfa mmusuo biara mma, na wɔrentumi nyɛ adepa biara nso.”+
6 O Yehowa, obiara nni hɔ a ɔte sɛ woɔ.+ Woyɛ kɛse, na wo din sõ na ɛkorɔn.+ 7 O amanaman Hene,+ hwan na ɔrensuro woɔ,+ ɛfiri sɛ wofata. Amanaman no anyansafoɔ nyinaa ne wɔn ahennie nyinaa mu no, obiara nni hɔ a ɔte sɛ woɔ.+ 8 Wɔn nyinaa yɛ agyimfoɔ ne nkwaseafoɔ.+ Dua twetwe nnipa kɔ nneɛma huhuo ho kwa.+ 9 Wɔde dwetɛ a wɔaboro no ntraantraa firi Tarsis+ ba, na wɔde sika nso firi Ufas+ ba; ɛyɛ odwumfoɔ ne ɔtomfoɔ nsa ano adwuma. Ahoma bruu ntoma ne ntoma a ɛbere dum na ɛfira wɔn. Ne nyinaa yɛ adwumfoɔ nsa ano adwuma.+
10 Ampa ara, Yehowa ne Onyankopɔn.+ Ɔno ne Onyankopɔn teasefoɔ+ ne daa Hene.+ N’abufuhyeɛ nti, asase bɛwoso,+ na ɔman biara nni hɔ a ɛbɛgyina n’abohuro ano.+ 11 Deɛ monka nkyerɛ wɔn nie: “Anyame+ a wɔanyɛ ɔsoro ne asase no, wɔn na wɔbɛyera+ afiri asase so ne ɔsoro ase.” 12 Ɔno na ɔde ne tumi yɛɛ asase,+ na ɔde ne nyansa maa asase tim hɔ;+ Ɔno na ɔde ne nhunumu trɛɛ ɔsoro mu.+ 13 Sɛ ɔma ne nne so a, nsuo bobom wɔ soro,+ na ɔma suwisie firi asase ano nohoa foro kɔ.+ Wayiyi akwan ama osuo,+ na ɔde mframa firi n’asan mu ba.+
14 Nnipa nyinaa nni nteaseɛ ma enti wɔnni nimdeɛ.+ Ɔtomfoɔ biara ani bɛwu ne honi a wayɛ ho,+ ɛfiri sɛ ne dadeɛ honi yɛ nnaadaa,+ na honhom nni wɔn mu.+ 15 Ɛyɛ ahuhudeɛ, asereseredeɛ.+ Akontabuo da no, wɔbɛsɛe.+
16 Yakob Kyɛfa nte sɛ yeinom,+ ɛfiri sɛ ɔno ne nneɛma nyinaa Yɛfoɔ,+ na Israel yɛ n’agyapadeɛ poma.+ Asafo Yehowa ne ne din.+
17 O ɔbaa a wote ahohia mu,+ boaboa w’ahodeɛ ano firi asase no so.+ 18 Deɛ Yehowa aka nie: “Hwɛ, mereto asase no sofoɔ sɛ ataaboɔ saa berɛ yi,+ na mɛhiahia wɔn ho ama wɔahunu.”+
19 Me sɛeɛ nti mennue!+ Me pirakuro nni sabea. Me ara maka sɛ: “Me yareɛ nie, na mɛsoa.+ 20 Me ntomadan asɛe, na me ntampehoma nyinaa mu atete.+ Me mma afiri me ho, na wɔnni hɔ bio.+ Obiara nni hɔ a ɔbɛyere me ntomadan mu na wama me ntampehoma soɔ. 21 Nnwanhwɛfoɔ adane agyimfoɔ,+ na wɔnhwehwɛɛ Yehowa mpo.+ Ɛno nti na wɔanni nyansasɛm no, na wɔn mmoa a wɔkɔ adidi nyinaa ahwete.”+
22 Montie! Amanneɛbɔ bi reba! Na gyegyeegye kɛseɛ bi nso firi atifi fam asase so reba,+ sɛ wɔrebɛyɛ Yuda nkuro amamfõ ne sakraman atenaeɛ.+
23 O Yehowa, menim sɛ ɔdasani kwan nni ne nsam. Ɛnni onipa nsam, sɛdeɛ ɔnam a ɔbɛtutu n’anammɔn.+ 24 O Yehowa, tene me so, nso yɛ no atɛntenenee so,+ ɛnyɛ w’abufuo so,+ na woampepa me amfiri hɔ.+ 25 Hwie w’abufuo gu aman+ a wɔapo woɔ no so,+ ne mmusua a wɔmmɔ wo din no so.+ Wɔamene Yakob.+ Wɔamene no, na wɔretɔre n’ase.+ Wɔama ne tenabea adane amamfõ.+