Dwom 115:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Wɔn ahoni yɛ dwetɛ ne sika,+Ɔdasani nsa ano adwuma.+ Dwom 135:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Amanaman no ahoni yɛ dwetɛ ne sika,+Ɔdasani nsa ano adwuma.+ Yesaia 40:19 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 19 Odwumfoɔ gu honi,+ ɔtomfoɔ de sika dura ho,+ na ɔde dwetɛ ntweaban gugu ho.+ Hosea 13:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Wɔasan ayɛ bɔne bio, ɛfiri sɛ wɔde wɔn dwetɛ ayɛ ahoni.+ Ne nyinaa yɛ abosom a wɔde wɔn adwene ayɛ,+ adwumfoɔ nsa ano adwuma.+ Na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Ma nnipa a wɔbɔ afɔdeɛ no mfe anantwie mma no ano.’+
2 Wɔasan ayɛ bɔne bio, ɛfiri sɛ wɔde wɔn dwetɛ ayɛ ahoni.+ Ne nyinaa yɛ abosom a wɔde wɔn adwene ayɛ,+ adwumfoɔ nsa ano adwuma.+ Na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Ma nnipa a wɔbɔ afɔdeɛ no mfe anantwie mma no ano.’+