Dwom 115:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Wɔn ahoni yɛ dwetɛ ne sika,+Ɔdasani nsa ano adwuma.+ Dwom 135:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Amanaman no ahoni yɛ dwetɛ ne sika,+Ɔdasani nsa ano adwuma.+ Yesaia 37:19 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 19 Na wɔtoo wɔn anyame guu egya mu,+ ɛfiri sɛ wɔnyɛ anyame,+ na mmom wɔyɛ nnipa nsa ano adwuma,+ nnua ne aboɔ, enti wɔsɛee wɔn.+ Yesaia 41:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Odwumfoɔ hyɛ ɔtomfoɔ den,+ na deɛ ɔde asaeɛ yɛ ho tonomtonom no hyɛ deɛ ɔbɔ ɔtommoɔ so no den, na deɛ wɔasosɔ abom no nso, ɔka ho asɛm sɛ: “Ɛyɛ.” Afei baako de nnadewa bobom na anhinhim.+ Hosea 8:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Yei firi Israel.+ Samaria nantwie ba no yɛ odwumfoɔ nsa ano adwuma,+ na ɛbɛbubu pasaa,+ ɛfiri sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn.
19 Na wɔtoo wɔn anyame guu egya mu,+ ɛfiri sɛ wɔnyɛ anyame,+ na mmom wɔyɛ nnipa nsa ano adwuma,+ nnua ne aboɔ, enti wɔsɛee wɔn.+
7 Odwumfoɔ hyɛ ɔtomfoɔ den,+ na deɛ ɔde asaeɛ yɛ ho tonomtonom no hyɛ deɛ ɔbɔ ɔtommoɔ so no den, na deɛ wɔasosɔ abom no nso, ɔka ho asɛm sɛ: “Ɛyɛ.” Afei baako de nnadewa bobom na anhinhim.+
6 Yei firi Israel.+ Samaria nantwie ba no yɛ odwumfoɔ nsa ano adwuma,+ na ɛbɛbubu pasaa,+ ɛfiri sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn.