Yesaia
41 “Nsuano aman, monyɛ komm ntie me;+ na amanaman+ nnya ahoɔden foforɔ. Ma wɔmmra+ mmɛkasa. Momma yɛmmom nhyia asɛnniiɛ.+
2 “Hwan na wanyane obi afiri awiapueeɛ?+ Hwan na ɔde tenenee frɛɛ no baa ne nan ase sɛ ɔde amanaman bɛba n’anim, na ɔde ahemfo ahyɛ n’ase?+ Hwan na ɔde wɔn maa no sɛ mfuturo wɔ ne nkrantɛ ano a wabɔ wɔn apete sɛ ntɛtɛ wɔ n’agyan ano yi?+ 3 Hwan na ɔtĩĩ wɔn na ɔde asomdwoeɛ faa ɛkwan a ne nan nsii so da soɔ? 4 Hwan na ɔde ahoɔden+ yɛɛ yei, na ɔfrɛ awoɔ ntoatoasoɔ mmaako mmaako firi mfitiaseɛ?+
“Me Yehowa, mene Odikanfoɔ+ na akyikafoɔ mu nso sɛdeɛ meteɛ ara na meteɛ.”+
5 Nsuano aman+ hunuiɛ na wɔsuroeɛ. Asase no afanan nyinaa ho popoeɛ.+ Wɔtwe bɛnee na wɔbaeɛ. 6 Obiara boaa ne yɔnko, na obiara ka kyerɛɛ ne nua sɛ: “Hyɛ wo ho den.”+ 7 Odwumfoɔ hyɛ ɔtomfoɔ den,+ na deɛ ɔde asaeɛ yɛ ho tonomtonom no hyɛ deɛ ɔbɔ ɔtommoɔ so no den, na deɛ wɔasosɔ abom no nso, ɔka ho asɛm sɛ: “Ɛyɛ.” Afei baako de nnadewa bobom na anhinhim.+
8 “Israel, woyɛ m’akoa;+ Yakob, wo na mayi woɔ,+ m’adamfo Abraham+ aseni.+ 9 Wo na mefaa wo firii asase ano nohoa baeɛ,+ na mefrɛɛ wo firii n’ahyeɛ so.+ Na meka kyerɛɛ wo sɛ, ‘Woyɛ m’akoa;+ wo na mayi woɔ,+ na mempoo wo.+ 10 Nsuro ɛfiri sɛ meka wo ho.+ Mma w’ani nnyɛ wo totɔtotɔ, na mene wo Nyankopɔn.+ Mɛhyɛ wo den.+ Mɛboa wo.+ Mede me tenenee+ nsa nifa bɛsɔ wo mu dendeenden.’+
11 “Hwɛ, wɔn a wɔn bo afu wo nyinaa bɛfɛre na wɔn anim agu ase.+ Nnipa a wɔne wo ham no bɛtwam akɔ na wɔn ase atɔre.+ 12 Wɔn a wɔne wo di aperepereɛ no, wobɛhwehwɛ wɔn nanso worenhu wɔn.+ Wɔn a wɔne wo ko no bɛyɛ sɛ biribi a ɛnni hɔ, adehunu bi.+ 13 Me Yehowa wo Nyankopɔn, mekura wo nsa nifa mu;+ na meka kyerɛ wo sɛ, ‘Nsuro,+ na me ara mɛboa wo.’+
14 “Nsuro, sonsono+ Yakob, Israel+ mmarima. Me ara mɛboa wo,” wo Gyefoɔ+ Yehowa, Israel Kronkronni no, anom asɛm nie. 15 “Hwɛ, mayɛ wo ayuporeɛ afidie,+ ayuporeɛ adeɛ foforɔ a n’anofanu nyinaa wɔ sẽ. Wobɛtiatia mmepɔ so ama no abubu pasaa; wobɛma nkokoɔ ayɛ sɛ ntɛtɛ.+ 16 Wobɛhu+ so na mframa asoa akɔ,+ na ahum abɔ apete.+ Wo deɛ, Yehowa mu na wobɛdi ahurisie.+ Israel Kronkronni no na wode no bɛhoahoa wo ho.”+
17 “Abrɛfoɔ ne ahiafoɔ hwehwɛ nsuo,+ nanso ebi nni hɔ. Sukɔm+ nti wɔn kɛtrɛma so awo.+ Nanso me Yehowa, mɛgye wɔn so.+ Me, Israel Nyankopɔn, merennya wɔn.+ 18 Mɛma nsuo asene nkokoɔ so na nsuwansuwa atue asasetamaa so.+ Mɛma serɛ adane ɔwora na asase kesee adane asutire.+ 19 Mɛma tweneduro, ɔkanto, ohwamdua, ne ngodua anyini wɔ serɛ so.+ Na mɛma ɔpopaw dua, ɔsɛsɛ ne kwabɔhorɔ dua abom aba asase pradaa so,+ 20 na ama nnipa ahunu ate aseɛ, na wɔde ato wɔn akoma so na wɔahunu no fann wɔ wɔn adwenem prɛko sɛ Yehowa nsa na ayɛ yeinom, na Israel Kronkronni no ara na ɔbɔeɛ.”+
21 “Momfa mo asɛm+ mmɛto dwa,” Yehowa na aka. “Mommɛyi mo ho ano,”+ Yakob hene+ asɛm nie. 22 “Mommɛkyerɛ yɛn deɛ ɛbɛsie. Monkyerɛ yɛn nneɛma a ɛdi kan no, na yɛnnwennwene ho na yɛnhunu deɛ ɛbɛba daakye. Na nneɛma a ɛreba no nso, momma yɛnte.+ 23 Monka deɛ ɛbɛba akyire yi na yɛnhunu sɛ moyɛ anyame ampa.+ Monyɛ papa anaa bɔne na yɛnhunu na yɛnhwɛ prɛko.+ 24 Hwɛ, moyɛ biribi a ɛnni hɔ, na mo nnwuma yɛ adehunu.+ Obiara a ɔbɛfa mo no yɛ akyiwadeɛ.+
25 “Manyane obi afiri atifi fam, na ɔbɛba.+ Ɔfiri awiapueeɛ+ bɛbɔ me din. Na ɔbɛba asoafoɔ so te sɛ dɔteɛ,+ te sɛ ɔnwemfoɔ a ɔrewɔ dɔteɛ.
26 “Hwan na aka biribi firi mfitiaseɛ a yɛbɛtumi ahunu, anaa waka biribi firi tete a yɛbɛka sɛ, ‘Ɔyɛ nokwafoɔ’?+ Obiara nni hɔ a waka biribi. Obiara nni hɔ a wama ɔfoforɔ ate biribi. Obiara nni hɔ a wate mo nsɛm.”+
27 Me na medi kan, na meka kyerɛ Sion sɛ: “Hwɛ, wɔnie!”+ na mɛma deɛ ɔkura asɛmpa aba Yerusalem.+
28 Mehwɛeɛ ara, nanso manhunu obiara, na wɔn mu biara nso nni hɔ a ɔtu foɔ.+ Mebisaa wɔn ara sɛ anka wɔbɛma me mmuaeɛ. 29 Hwɛ, wɔn nyinaa yɛ biribi a ɛnni hɔ. Wɔn nnwuma yɛ adehunu. Wɔn dadeɛ ahoni yɛ mframa ne ahuhudeɛ.+