8 Wo nkoa yi nyinaa bɛba abɛbɔ wɔn mu ase m’anim+ aka sɛ, ‘Wo ne wo nkurɔfoɔ a wɔdi w’akyi nyinaa nkɔ.’ Ɛba saa a afei mɛkɔ.” Ɛnna ɔde abufuo firii Farao anim kɔeɛ.
9 Hwɛ! mede wɔn a wɔfiri Satan badwa mu a wɔka sɛ wɔyɛ Yudafoɔ,+ nanso wɔnyɛ bie na mmom wɔredi atorɔ+ no bɛma—hwɛ! mɛma wɔaba abɛkoto+ wo nan ase na wɔahunu sɛ medɔ wo.