Exodus
11 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Aka ɔhaw baako bio a mede bɛba Farao ne Egypt soɔ, na ɛno akyi no, ɔbɛma moafiri ha akɔ.+ Ɔbɛma moakɔ koraa, ɔbɛpiapia mo atikɔ mpo.+ 2 Afei ka ma ɔman no nte sɛ ɔbarima oo, ɔbaa oo, obiara mmisa ne fipamfoɔ hɔ nneɛma a wɔde dwetɛ ayɛ ne deɛ wɔde sika ayɛ.”+ 3 Yehowa maa ɔman no anim baa nyam Egyptfoɔ no anim.+ Na Mose nso bɛyɛɛ nipa kɛseɛ paa wɔ Egypt asase so, Farao nkoa anim ne ɔman no anim.+
4 Mose toaa so kaa sɛ: “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Mɛba abɛfa Egypt anadwo dasuom,+ 5 na abakan+ biara a ɔwɔ Egypt asase soɔ bɛwu, ɛfiri Farao a ɔte adwa soɔ no abakan so kɔsi afenaa a ɔwɔ oyuyammoɔ akyi abakan ne aboa biara abakan so.+ 6 Na esũ kɛseɛ a ebi mmaa da na ɛso bi remma bio bɛba Egypt asase nyinaa so.+ 7 Na Israelni anaa n’aboa deɛ, kraman mpo rempɔ no,+ na mobɛhunu sɛ Yehowa bɛtumi apae Egyptfoɔ ne Israelfoɔ ntam.’+ 8 Wo nkoa yi nyinaa bɛba abɛbɔ wɔn mu ase m’anim+ aka sɛ, ‘Wo ne wo nkurɔfoɔ a wɔdi w’akyi nyinaa nkɔ.’ Ɛba saa a afei mɛkɔ.” Ɛnna ɔde abufuo firii Farao anim kɔeɛ.
9 Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Farao rentie mo,+ na yei bɛma m’anwanwadeɛ adɔɔso Egypt asase so.”+ 10 Mose ne Aaron yɛɛ anwanwadeɛ yi nyinaa wɔ Farao anim,+ nanso Yehowa maa Farao pirim n’akoma, na wamma Israelfoɔ no amfiri n’asase so ankɔ.+