Exodus 8:22 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 22 Saa da no mɛyɛ Gosen asase a me man te soɔ no soronko na huriiɛ biara renkɔ hɔ,+ na woahunu sɛ mene Yehowa wɔ asase mfimfini.+ Exodus 9:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Na Yehowa bɛma nsonsonoeɛ abɛda Israel mmoa ne Egypt mmoa ntam, na Israelfoɔ mmoa no baako mpo renwu.”’”+ Exodus 10:23 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 23 Obiara anhunu ne yɔnko anim, na wɔantumi ampue nnansa; nanso baabi a Israelfoɔ teɛ no deɛ, na hann wɔ hɔ.+ Exodus 12:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Na efie biara a mowɔ mu no, mogya no bɛyɛ mo sɛnkyerɛnne, na sɛ mehunu mogya no a, mɛtwam akɔ.+ Enti sɛ mede ɔsɛeɛ ba Egypt asase so a, morenhunu amane biara. Dwom 91:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Apem bɛtotɔ wo nkyɛn,Na ɔpedu atotɔ wo nsa nifa so;Wo deɛ, ɛremmɛn wo.+ Malaki 3:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 Afei mobɛhunu nsonsonoeɛ a ɛda ɔteneneeni ne ɔbɔnefoɔ ntam,+ ne deɛ ɔsom Onyankopɔn ne deɛ ɔnsom no no ntam.”+
22 Saa da no mɛyɛ Gosen asase a me man te soɔ no soronko na huriiɛ biara renkɔ hɔ,+ na woahunu sɛ mene Yehowa wɔ asase mfimfini.+
4 Na Yehowa bɛma nsonsonoeɛ abɛda Israel mmoa ne Egypt mmoa ntam, na Israelfoɔ mmoa no baako mpo renwu.”’”+
23 Obiara anhunu ne yɔnko anim, na wɔantumi ampue nnansa; nanso baabi a Israelfoɔ teɛ no deɛ, na hann wɔ hɔ.+
13 Na efie biara a mowɔ mu no, mogya no bɛyɛ mo sɛnkyerɛnne, na sɛ mehunu mogya no a, mɛtwam akɔ.+ Enti sɛ mede ɔsɛeɛ ba Egypt asase so a, morenhunu amane biara.
18 Afei mobɛhunu nsonsonoeɛ a ɛda ɔteneneeni ne ɔbɔnefoɔ ntam,+ ne deɛ ɔsom Onyankopɔn ne deɛ ɔnsom no no ntam.”+