Exodus
10 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Kɔ Farao nkyɛn, na mama ɔne ne nkoa apirim wɔn akoma+ na mayi me nsɛnkyerɛnne yi adi wɔ n’anim.+ 2 Mayɛ yei na wo nso woaka ama wo ba ne wo ba ba ate deɛ mede yɛɛ Egypt ne nsɛnkyerɛnne a meyii no adi kyerɛɛ wɔn+ no, na mobɛhunu ampa sɛ mene Yehowa.”+
3 Enti Mose ne Aaron kɔɔ Farao nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Deɛ Hebrifoɔ Nyankopɔn Yehowa aka nie: ‘Wobɛbɔ me so dwɛɛ akɔsi da bɛn?+ Ma me nkurɔfoɔ kwan ma wɔnkɔsom me. 4 Na sɛ wosene wo kɔn na woamma me nkurɔfoɔ no ankɔ a, ɛnneɛ ɔkyena mɛma ntutummɛ aba w’asase so.+ 5 Na wɔbɛkata asase ani baabiara, na nnipa rentumi nhunu asase so dɔteɛ mpo; na biribiara a asukɔtweaa no ansɛe no no ntutummɛ no bɛdi ne nyinaa ama no asa, na dua biara a ɛrefefɛ wɔ mo afuo mu no, wɔbɛwe.+ 6 Na wɔbɛhyɛ w’afie ne wo nkoa nyinaa afie ne Egyptfoɔ nyinaa afie mã, na ɛbɛyɛ biribi a ɛfiri berɛ a w’agyanom ne wɔn agyanom tenaa asase so bɛsi nnɛ no, obiara nhunuu bi da.’”+ Afei ɔdanee ne ho firii Farao anim kɔeɛ.+
7 Ɛno akyi no, Farao nkoa ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛnkɔsi da bɛn na saa ɔbarima yi bɛyɛ fidie ama yɛn?+ Ma nkurɔfoɔ no nkɔsom wɔn Nyankopɔn Yehowa no. Enti Egypt asɛe yi wonhunuiɛ?”+ 8 Na wɔde Mose ne Aaron san baa Farao anim, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔsom mo Nyankopɔn Yehowa no.+ Na hwannom paa na wɔbɛkɔ?” 9 Na Mose buaa sɛ: “Yɛne yɛn mmɔfra, yɛn nkɔkoraa ne yɛn mmerewa, yɛn mma mmarima ne yɛn mma mmaa,+ yɛn nnwan ne yɛn anantwie na ɛbɛkɔ,+ ɛfiri sɛ yɛrekɔhyɛ fã ama Yehowa.”+ 10 Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ mema mo ne mo mmɔfra kwan kɔ a, na mo Yehowa no di mo akyi ampa!+ Mahunu sɛ mowɔ adwemmɔne bi wɔ akyire.+ 11 Dabi! Mo a moyɛ mmarima no na monkɔsom Yehowa, ɛfiri sɛ ɛno na morehwehwɛ.” Ɔkaa saa no, wɔpamoo wɔn firii Farao anim.+
12 Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Tene+ wo nsa wɔ Egypt asase so ma ntutummɛ mmra Egypt asase nyinaa so, na wɔmmɛdi asase no so nhahan ne afifideɛ nyinaa, deɛ asukɔtweaa no ansɛe no biara.”+ 13 Enti Mose tenee ne poma kyerɛɛ Egypt asase so, na Yehowa maa apueeɛ mframa+ bɔ faa asase no so da no nyinaa, awia ne anadwo. Adeɛ kyee anɔpa no, apueeɛ mframa no soaa ntutummɛ baeɛ. 14 Afei ntutummɛ no tu baa Egypt asase no nyinaa so, na wɔbɛsum asase no so baabiara.+ Ná wɔn ho yɛ ahomete+ yie. Ná ntutummɛ a wɔte saa mmaa da, na ɛno akyi no, ebi remma saa da. 15 Wɔkataa asase no ani baabiara+ maa asase no so yɛɛ tumm;+ na wɔdii asase no so nhahan ne nnuaba a asukɔtweaa no gyaeɛ nyinaa.+ Afei na ahahammono biara nni nnua anaa afuo mu afifideɛ biara so wɔ Egypt asase nyinaa so.+
16 Ntɛm ara na Farao soma kɔfrɛɛ Mose ne Aaron baeɛ, na ɔkaa sɛ: “Mayɛ mo Nyankopɔn Yehowa no bɔne, na mo nso, mayɛ mo bɔne.+ 17 Afei mesrɛ mo momfa me bɔne yi nkyɛ me, prɛko yi;+ na monsrɛ+ mo Nyankopɔn Yehowa mma me na ɔnyi owuo yi mfiri me so.” 18 Enti ɔfirii Farao nkyɛn kɔsrɛɛ Yehowa.+ 19 Ɛnna Yehowa maa atɔeɛ mframa dendeenden bi bɔeɛ, na ɛtwee ntutummɛ no nyinaa kɔguu Po Kɔkɔɔ no mu. Na ntutummɛ no baako mpo anka Egypt asase so. 20 Nanso Yehowa maa Farao pirim n’akoma ara,+ na wamma Israelfoɔ no ankɔ.
21 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Tene wo nsa kyerɛ soro+ na esum mmra Egypt asase nyinaa so, esum a wosɔ mu a ɛbɛyɛ yie.” 22 Ntɛm ara Mose tenee ne nsa kyerɛɛ soro, na esum kabii baa Egypt asase nyinaa so nnansa.+ 23 Obiara anhunu ne yɔnko anim, na wɔantumi ampue nnansa; nanso baabi a Israelfoɔ teɛ no deɛ, na hann wɔ hɔ.+ 24 Ɛnna Farao frɛɛ Mose ka kyerɛɛ no sɛ: “Monkɔsom Yehowa.+ Mo nnwan ne mo anantwie nko na ɛbɛka ha. Mo mma nso bɛtumi aka mo ho akɔ.”+ 25 Nanso Mose kaa sɛ: “Ma yɛnnya mmoa a yɛbɛkum abɔ afɔdeɛ ne deɛ yɛde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ nso na yɛde akɔbɔ afɔdeɛ ama Yehowa yɛn Nyankopɔn.+ 26 Yɛn mmoa nso bɛka yɛn ho akɔ.+ Aboa nan mpo renka ha, ɛfiri sɛ wɔn mu bi na yɛbɛyi de abɔ afɔdeɛ ama yɛn Nyankopɔn Yehowa,+ nanso yɛnnim deɛ yɛde bɛsom Yehowa gye sɛ yɛduru hɔ ansa.”+ 27 Na Yehowa maa Farao pirim n’akoma, na wampene so sɛ wɔbɛkɔ.+ 28 Enti Farao ka kyerɛɛ no sɛ: “Firi me so kɔ!+ Hwɛ wo ho yie! Hwɛ na woansi m’anim bio, ɛfiri sɛ da a wobɛsi m’anim no, wobɛwu.”+ 29 Ɛnna Mose kaa sɛ: “Yoo, woaka a mate. Merensi w’anim bio.”+